エステル 記 5 – JCB & ASCB

Japanese Contemporary Bible

エステル 記 5:1-14

5

王への嘆願

1三日後、エステルは王妃の衣装をまとい、王宮の内庭に足を踏み入れました。その向こうには謁見の間が続き、王は王座に着いていました。 2王がふと見ると、王妃エステルが内庭に立っています。王は、「よく来た」と言わんばかりに、金の笏を差し伸べました。エステルは進み出て、笏の先にさわりました。 3「どうした、エステル。何か願い事でもあるのか。申してみよ。たとえ帝国の半分でも、おまえになら与えよう。」 4「もし陛下さえよろしければ、今日陛下のために宴を催したいと存じます。どうかハマン様とごいっしょにお越しください。」エステルは、かしこまって答えました。 5それを聞いて王は側近を振り返り、「ハマンに、急いで来るよう申せ!」と命じました。こうして王とハマンは、エステルの宴会に招かれることになったのです。

6酒がふるまわれる時になって、王はエステルに尋ねました。「さあ、どうしてほしいのか申すがよい。たとえ国の半分でもおまえに与えよう。」 7-8「お願いでございます、陛下。もし陛下が私を愛し、お心にかけてくださいますなら、どうか明日も、ハマン様を連れてお越しください。明日の夜、何もかも申し上げたいと存じます。」

ハマンの怒り

9宴会のあと、ハマンは天にも昇る思いでした。ところが、門のそばまで来ると、またあの無礼なモルデカイがいます。例によって、ハマンを見ても起立しようとしません。怒りがこみ上げてきましたが、 10ここで腹を立てては元も子もありません。ハマンはそんな気持ちを抑えて家に戻り、友人や妻ゼレシュを呼び集めました。 11彼らに自慢話をするためでした。ハマンは自分が財産家であること、子宝に恵まれていること、異例の昇進をしたこと、この国で王に次ぐ権力を握っているのは自分であることなどを得々と語り始めました。

12場が盛り上がってきたところで、ハマンは取っておきの話だとばかりに得意気に語りました。「実は、エステル王妃の宴に招かれたのは、陛下と私の二人だけだった。そればかりか、明日もまた、陛下と二人でご招待を受けているのだ。 13だが、それにしても……」と、彼は急に口ごもりました。「小憎らしいのは、あのユダヤ人のモルデカイだ。城門の前に座り込んだまま、私を見てもそしらぬ顔をしている。全くあの男のおかげで、せっかくの喜びも吹き飛んでしまった。」

14すると、ゼレシュや友人たちは、口をそろえて言いました。「だったら、こうすればいいでしょう。うんと高い絞首台を作るのです。五十キュビト(約二十五メートル)もあるのを。明日の朝にも、陛下に願い出て、モルデカイをつるしてやるのです。すっきりした気分で、陛下と宴会においでになれますよ。」なんとうまい考えだろう。ハマンは大いに乗り気になって、すぐさま絞首台を作らせました。

Asante Twi Contemporary Bible

Ɛster 5:1-14

Ɛster Adesrɛ

1Nnansa akyi, Ɛster hyɛɛ nʼahemmaa atadeɛ kɔɔ ahemfie no adihɔ hɔ a ɛbɛn ɔhene no asa. Na ɔhene no te nʼahennwa so a nʼani kyerɛ abɔntene kwan ano. 2Ɛberɛ a ɔhunuu Ɔhemmaa Ɛster sɛ ɔgyina adihɔ hɔ no, ɔgyee no fɛ so. Ɔde sikakɔkɔɔ ahempoma no kyerɛɛ ne so. Enti, Ɛster bɛneeɛ, kɔsɔɔ poma no ti.

3Na ɔhene no bisaa no sɛ, “Ɔhemmaa Ɛster, ɛdeɛn na wohwehwɛ? Wʼabisadeɛ ne sɛn? Sɛ ɛyɛ ahemman no fa koraa a, mede bɛma wo!”

4Na Ɛster buaa sɛ, “Sɛ ɛyɛ wo pɛ a, Ɔhene kɛseɛ, wo ne Haman mmra apontoɔ a masiesie ama wo ɛnnɛ no.”

5Ɔhene no danee ne ho, ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ sɛ, “Monka nkyerɛ Haman sɛ, ɔmmra apontoɔ no ase seesei ara, sɛdeɛ Ɛster abisa no.”

Enti, ɔhene ne Haman kɔɔ Ɛster apontoɔ no. 6Na ɛberɛ a wɔgu so renom nsã no, ɔhene no ka kyerɛɛ Ɛster sɛ, “Afei, ka deɛ wohwehwɛ pa ara no kyerɛ me. Wʼadesrɛdeɛ yɛ ɛdeɛn? Sɛ wobisa mʼahemman mu fa koraa a, mede bɛma wo.”

7Ɛster buaa sɛ, “Mʼadesrɛdeɛ a mʼakoma da ho pa ara nie: 8Sɛ ɔhene kɛseɛ ani sɔ me, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ mʼadesrɛdeɛ ma me a, anka ɔkyena wo ne Haman mmra apontoɔ a mɛto wo no ase. Na ɔkyena, mɛkyerɛ wo yei nyinaa ase.”

Haman Pɛ Mordekai Owuo

9Haman firii apontoɔ no ase no, na nʼani agye mmorosoɔ! Nanso, ɔhunuu Mordekai a ɔte ɛpono no ano a wansɔre na ne ho ampopo wɔ nʼanim no, ne bo fuiɛ. 10Nanso, Haman hyɛɛ ne ho so kɔɔ efie. Afei, ɔboaboaa ne nnamfonom a ne yere Seres ka ho ano, 11de ahonya ne mma dodoɔ a ɔwɔ hoahoaa ne ho wɔ wɔn anim. Ɔde abasobɔdeɛ ahodoɔ a ɔhene ama no nso ne sɛdeɛ wɔasi no panin wɔ mpanimfoɔ nkaeɛ no so no nso, tuu ne ho. 12Afei, Haman ka kaa ho sɛ, “Ɛnyɛ ɛno nko! Ɔhemmaa Ɛster too nsa frɛɛ me ne ɔhene no ankasa kɔɔ nʼapontoɔ ase. Na wato nsa afrɛ me sɛ, ɔpɛ sɛ me ne no ne ɔhene no didi bio ɔkyena.” 13Afei, ɔtoaa so sɛ, “Nanso, sɛ mehunu Yudani Mordekai sɛ ɔda so te ahemfie ɛpono ano a, yeinom nyinaa nka hwee.”

14Enti, Haman yere Seres ne ne nnamfonom no maa adwene sɛ, “Yɛ dua a wɔsɛn nnipa wɔ so a ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduɔson enum na anɔpa ka kyerɛ ɔhene no sɛ, ɔnsɛn Mordekai wɔ so. Sɛ wɔyɛ no saa a, wode anigyeɛ ne ɔhene no bɛkɔ apontoɔ no.” Saa adwenkyerɛ yi sɔɔ Haman ani yie, maa ɔhyɛɛ sɛ wɔnsi dua a wɔsɛn nnipa wɔ so no.