Mattheüs 4 – HTB & ASCB

Het Boek

Mattheüs 4:1-25

Jezus door de duivel op de proef gesteld

1Daarna werd Jezus door de Geest naar de woestijn geleid om door de duivel op de proef te worden gesteld. 2Nadat hij veertig dagen en veertig nachten had gevast, kreeg Hij ten slotte honger. 3Op dat moment stelde de duivel Hem op de proef en zei: ‘U bent toch de Zoon van God? Zeg dan dat deze stenen brood moeten worden.’ 4‘Nee,’ antwoordde Jezus, ‘want in de Boeken staat dat eten niet het belangrijkste is, maar dat de mens ook leeft van ieder woord dat God spreekt.’

5Toen nam de duivel Hem mee naar het dak van de tempel in Jeruzalem. 6‘Als U de Zoon van God bent,’ zei hij, ‘spring dan naar beneden. Er staat immers in de Boeken dat God zijn engelen zal sturen om U te beschermen. Zij zullen U op handen dragen en U zult niet struikelen.’ 7Jezus antwoordde: ‘Er staat ook: “Stel de Here, uw God, niet op de proef.” ’

8De duivel nam Hem weer mee, nu naar een heel hoge berg. Hij liet Hem alle landen van de wereld zien, met al hun pracht en praal. 9‘Dat zal ik U allemaal geven,’ zei hij, ‘als U voor mij neerknielt en mij aanbidt.’ 10‘Ga weg, Satan,’ zei Jezus. ‘Er staat immers in de Boeken: “Aanbid de Here, uw God, en geef niemand anders eer.” ’ 11Toen liet de duivel Jezus met rust. En er kwamen engelen om voor Jezus te zorgen.

12Toen Jezus hoorde dat Johannes de Doper was gevangengenomen, ging Hij terug naar Nazareth in Galilea. 13Niet lang daarna verhuisde Hij naar Kafarnaüm, een stadje aan het meer van Galilea, in het gebied van Zebulon en Naftali.

14Dat was in overeenstemming met wat de profeet Jesaja had gezegd: 15‘Land van Zebulon en Naftali, het gebied aan de weg naar zee, aan de andere zijde van de Jordaan, Galilea, het woongebied van de heidenen: 16dit volk dat in duisternis leeft, zal een groot Licht zien, en over hen die wonen in het land waar de dood heerst, zal een Licht opgaan.’

17Van toen af begon Jezus de mensen in het openbaar toe te spreken. ‘Bekeer u, want het Koninkrijk van de hemelen is vlakbij,’ zei Hij.

18Op een dag liep Hij langs het meer van Galilea en zag twee vissers hun net in het water gooien. Het waren twee broers: Simon, die ook wel Petrus wordt genoemd, en zijn broer Andreas. 19Jezus zei tegen hen: ‘Ga met mij mee. Dan zal ik een ander soort vissers van jullie maken. Vissers die mensen voor Mij vangen.’ 20Zij lieten meteen hun netten liggen en gingen met Hem mee.

21Iets verderop zag Jezus nog twee broers: Jakobus en Johannes, de zonen van Zebedeüs. Zij zaten bij hun vader in de boot netten te repareren. Hen riep Hij ook. 22Zij lieten direct de boot en hun vader achter en gingen met Jezus mee.

23Jezus trok door heel Galilea. Hij sprak in de synagogen en vertelde overal het goede nieuws van het Koninkrijk. Hij genas de mensen van alle ziekten en kwalen. 24Het nieuws over Hem bereikte zelfs heel Syrië. Van alle kanten werden ernstig zieke mensen bij Hem gebracht. Sommigen hadden boze geesten. Anderen leden aan vallende ziekte. Weer anderen waren verlamd. Maar wat zij ook hadden, Hij genas hen allemaal.

25Grote groepen mensen volgden Hem, zij kwamen uit Galilea, Dekapolis, Jeruzalem, Judea en van de andere zijde van de Jordaan.

Asante Twi Contemporary Bible

Mateo 4:1-25

Ɔbonsam Sɔ Yesu Hwɛ

1Yei akyi no, Honhom Kronkron faa Yesu kɔɔ ɛserɛ so sɛ ɔbonsam nkɔsɔ no nhwɛ. 2Saa ɛberɛ no mu, Yesu dii mmuada adaduanan awia ne anadwo. Yei maa ɛkɔm dee no. 3Ɔbonsam baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na saa aboɔ yi nnane aduane.”

4Yesu buaa no sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ, ‘Ɛnyɛ aduane nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu, na mmom, deɛ ɛhia titire ne Onyankopɔn asɛm.’ ”

5Afei, ɔbonsam de Yesu kɔɔ Yerusalem de no kɔgyinaa asɔredan a ɛwɔ hɔ no atifi pɛɛ, 6na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no ampa ara a, huri firi deɛ wogyina hɔ si fam, ɛfiri sɛ, wɔatwerɛ sɛ,

“ ‘Onyankopɔn bɛsoma nʼabɔfoɔ abɛsɔ wo,

na woammɛhwe abotan so.’ ”

7Yesu buaa bio sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ, ‘Nsɔ Awurade wo Onyankopɔn nhwɛ.’ ”

8Yei akyi no, ɔbonsam de Yesu kɔɔ bepɔ tenten bi apampam. Ɔde nʼani kari kyerɛɛ no ewiase ahennie ahodoɔ ne emu animuonyam nyinaa. 9Afei, ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Sɛ wobɛkoto asom me a, mede deɛ wohunu yi nyinaa bɛma wo.”

10Ɛhɔ ara na Yesu buaa sɛ, “Firi me so, Ɔbonsam! Hunu sɛ, wɔatwerɛ sɛ ‘Koto som Awurade, wo Onyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.’ ”

11Yesu ano siiɛ no, ɔbonsam gyaa no hɔ kɔeɛ. Ɛno akyi, abɔfoɔ baa Yesu nkyɛn bɛsom no.

Yesu Fiti Nʼadwuma Ase Wɔ Galilea

12Yesu tee sɛ wɔakyere Yohane no, ɔkɔɔ Galilea. 13Ɔduruu Galilea no, wantena Nasaret, na mmom, ɔtwaam Nasaret hɔ kɔtenaa Kapernaum a ɛwɔ Galilea mpoano no, Sebulon ne Naftali ahyeɛ so. 14Yei maa deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaeɛ sɛ,

15“Sebulon asase ne Naftali asase,

ɛpo ɛkwan so, Yordan agya,

Galilea a amanamanfoɔ te hɔ,

16nnipa a wɔte sum mu no,

Hann kɛseɛ bi apue ama wɔn.

Hann no apue ama

wɔn a wɔte owuo asase so.”

17Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yesu firii nʼasɛnka ase sɛ, “Monnu mo ho, momfa mo ho mma Onyankopɔn na ɔsoro ahennie no abɛn.”

Yesu Frɛ Asuafoɔ Baanan

18Ɛda bi a Yesu nam Galilea mpoano no, ɔhunuu anuanom baanu bi a wɔn nyinaa yɛ afarefoɔ sɛ wɔregu asau ɛpo no mu. Saa anuanom yi mu baako din de Simon a ne din foforɔ nso de Petro. Ɔbaako no nso din de Andrea. 19Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mommɛdi mʼakyi na mɛkyerɛ mo ɛkwan a wɔfa so yi nnipa kra.” 20Ɛhɔ ara, wɔgyaa wɔn asau no guu hɔ bɛdii nʼakyi ne no kɔeɛ.

21Ɔkɔɔ nʼanim kakra no, ɔhunuu Sebedeo mma baanu a wɔfrɛ ɔbaako Yohane ɛnna ɔbaako nso din de Yakobo, sɛ wɔne wɔn agya te kodoɔ mu retuatua wɔn asau mu. Yesu frɛɛ wɔn nso sɛ wɔmmɛdi nʼakyi. 22Ntɛm ara, wɔgyaa wɔn agya ne kodoɔ no hɔ bɛdii nʼakyi.

Galilea Asɛnka Ne Ayaresa

23Yesu kyinkyinii Galileaman mu nyinaa kaa ahennie no ho asɛmpa wɔ Yudafoɔ hyiadan mu. Ɔsaa nyarewa ahodoɔ a wɔde baa nʼanim nyinaa nso. 24Yesu anwanwadeɛ a ɔyɛeɛ yi trɛ kɔduruu Siriaman mu nyinaa. Yei maa wɔde wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so, wɔn a wɔtwa, wɔn a wɔyare mmubuiɛ ne wɔn a nyarewa ahodoɔ ha wɔn no nyinaa firi Siriaman mu brɛɛ no ma ɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ. 25Anwanwadeɛ a Yesu yɛeɛ yi maa nnipakuo a wɔfiri Galilea ne Nkuro Edu “Dekapoli” no mu ne Yerusalem ne Yordan agya tu dii nʼakyi.