Jeremia 35 – HOF & ASCB

Hoffnung für Alle

Jeremia 35:1-19

Das Vorbild der Rechabiter

1Als Jojakim, der Sohn Josias, noch König von Juda war, gab der Herr mir den Auftrag: 2»Geh zur Sippe der Rechabiter, bitte sie, in einen der Räume des Tempels zu kommen, und biete ihnen dort Wein an!«

3Da lud ich die ganze Sippe der Rechabiter ein: Jaasanja, den Sohn von Jirmeja und Enkel von Habazzinja, mit seinen Kindern und Verwandten. 4Ich ging mit ihnen zum Tempel und führte sie in den Raum der Söhne Hanans; Hanan war ein Sohn des Propheten Jigdalja. Dieser Raum lag neben dem der höchsten Beamten, im ersten Stock über dem Zimmer des Torwächters Maaseja, der ein Sohn von Schallum war. 5Dort stellte ich den Rechabitern volle Weinkrüge hin, gab ihnen Becher und forderte sie zum Trinken auf.

6»Wir trinken keinen Wein«, erwiderten sie, »denn unser Stammvater Jonadab, der Sohn von Rechab, hat es uns und unseren Nachkommen für alle Zeiten verboten. 7Er befahl uns auch: ›Baut keine Häuser, kauft keine Äcker und Weinberge und bepflanzt sie nicht! Ihr sollt immer in Zelten wohnen. Nur dann werdet ihr lange in dem Land leben, in dem ihr als Nomaden umherzieht.‹ 8Und so halten wir uns an die Anordnungen unseres Stammvaters Jonadab, des Sohnes von Rechab: Wir trinken unser Leben lang keinen Wein, weder wir noch unsere Frauen und Kinder. 9Wir bauen auch keine Häuser, um sesshaft zu werden; wir besitzen weder Felder noch Weinberge und Saatgut. 10Wir sind Nomaden und wohnen immer in Zelten, denn wir befolgen die Weisungen unseres Stammvaters Jonadab genau. 11Erst als König Nebukadnezar von Babylonien unser Land angriff, entschlossen wir uns, nach Jerusalem zu ziehen, um vor dem Heer der Babylonier und Aramäer Schutz zu suchen. Nur deshalb halten wir uns jetzt in der Stadt auf!«

12Da empfing ich eine Botschaft vom Herrn:

13»So spricht der Herr, der allmächtige Gott Israels: Geh zu den Bewohnern von Juda und Jerusalem und richte ihnen aus: Warum lasst ihr euch nichts sagen? Warum missachtet ihr meine Gebote? 14Jonadab, der Sohn von Rechab, befahl seinen Nachkommen, keinen Wein zu trinken, und sie gehorchten ihm. Bis heute halten sich die Rechabiter daran. Ich aber kann mit euch reden, sooft ich will, und ihr stellt euch taub.

15Immer wieder habe ich meine Boten, die Propheten, zu euch gesandt und euch durch sie aufgefordert: ›Kehrt um von euren falschen Wegen! Jeder von euch soll sein Leben von Grund auf ändern! Lauft nicht anderen Göttern nach, dient ihnen nicht! Nur dann lasse ich euch weiter in diesem Land wohnen, das ich euch und euren Vorfahren gegeben habe.‹ Doch ihr habt mir keine Beachtung geschenkt und euch nicht nach meinen Geboten gerichtet. 16Die Nachkommen von Jonadab, des Sohnes von Rechab, haben sich an die Weisung ihres Stammvaters gehalten, aber dieses Volk hier schlägt meine Worte in den Wind!

17Darum sage ich, der Herr, der allmächtige Gott, der Gott Israels: Ich lasse über die Bewohner von Juda und Jerusalem das Unheil hereinbrechen, das ich ihnen angedroht habe. Denn ich redete mit ihnen, doch sie stellten sich taub; ich rief sie, aber sie antworteten nicht!«

18Zur Sippe der Rechabiter sagte ich im Auftrag des Herrn: »So spricht der allmächtige Gott Israels: Weil ihr das Gebot eures Stammvaters Jonadab befolgt und euch an alle seine Weisungen gehalten habt, 19wird es immer einen Nachkommen von Jonadab geben, der in meinem Dienst steht. Das verspreche ich, der Herr

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 35:1-19

Rekabfoɔ

1Yei ne asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ ɛberɛ a na Yudahene Yosia babarima Yehoiakim di adeɛ no: 2“Kɔ Rekabfoɔ abusua no nkyɛn, na to nsa frɛ wɔn na wɔmmra Awurade efie no mpia baako mu, na ma wɔn nsã nnom.”

3Enti, mekɔpɛɛ Habasinia babarima Yeremia babarima Yaasania ne ne nuammarima ne ne mmammarima nyinaa, Rekabfoɔ abusuadɔm no. 4Mede wɔn baa Awurade efie, na mede wɔn kɔɔ Onyame onipa Yigdalia babarima Hanan mmammarima dan mu. Ɛno na ɛdi adwumayɛfoɔ dan a ɛsi ɔpono ano hwɛfoɔ Salum babarima Maaseia dan atifi no so. 5Afei mede nkuruwa ne nkora a nsã wɔ mu bɛsisii Rekabfoɔ abusua mma no anim na meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnom nsã kakra.”

6Nanso wɔbuaa sɛ, “Yɛnnom nsã,35.6 Yɛnnom nsã—Rekabfoɔ daa daa ntam a wɔaka. (4 Mose 6.2-3,20; Ate 13.4-7) ɛfiri sɛ yɛn nana Rekab babarima Yehonadab maa yɛn ɔhyɛ nsɛm yi sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ mo anaa mo asefoɔ nom nsã. 7Na afei ɛnsɛ sɛ mosisi afie, modua anaa moyɛ bobe nturo, ɛnsɛ sɛ moyɛ yeinom mu biara, na mmom montena ntomadan mu ɛberɛ biara. Ɛno na mo nkwa nna bɛware, wɔ asase a moyɛ atutenafoɔ wɔ so no so.’ 8Yɛatie biribiara a yɛn nana Rekab babarima Yonadab hyɛɛ yɛn no. Na yɛn, yɛn yerenom, mmammarima ne mmammaa nnom nsã da 9na yɛnsisii afie ntenaa mu anaa yɛnnyaa bobe nturo anaa mfuo anaa nnɔbaeɛ. 10Yɛatenatena ntomadan mu, na yɛadi biribiara a yɛn nana Yehonadab hyɛɛ yɛn no so pɛpɛɛpɛ. 11Nanso, ɛberɛ a Babiloniahene Nebukadnessar tuu asase yi so sa no, yɛkaa sɛ, ‘Mommra, ɛsɛ sɛ yɛkɔ Yerusalem na yɛdwane firi Babiloniafoɔ ne Aramfoɔ akodɔm anim.’ Ɛno enti yɛaka Yerusalem.”

12Afei, Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ, 13“Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ: Kɔ na kɔka kyerɛ mmarima a wɔwɔ Yuda ne Yerusalemfoɔ sɛ, ‘Morensua biribi na morentie mʼasɛm anaa?’ Awurade na ɔseɛ. 14‘Rekab ba Yehonadab hyɛɛ ne mmammarima sɛ wɔnnom nsã, na wɔadi saa ɔhyɛ yi so. Ɛbɛsi ɛnnɛ wɔnnom nsã, ɛfiri sɛ wɔdi wɔn agyanom ahyɛdeɛ so. Na makasa akyerɛ mo mpɛn bebree, nanso montiee me. 15Mesomaa mʼasomfoɔ adiyifoɔ nyinaa baa mo nkyɛn mpɛn bebree. Wɔkaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ mo mu biara sesa firi nʼamumuyɛ akwan ho, na moma mo akwan tene; monni anyame foforɔ akyi na monnsom wɔn. Ɛno na mobɛtena asase a mede ama mo ne mo agyanom yi so.” Nanso mommuaa me na monntiee me. 16Rekab babarima Yehonadab asefoɔ adi ahyɛdeɛ a wɔn agyanom de maa wɔn no so, nanso saa nnipa yi ntie mʼasɛm.’

17“Ɛno enti, yei ne deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn no seɛ: ‘Montie! Mede amanehunu biara a mahyɛ ama Yuda ne obiara a ɔte Yerusalem no bɛba wɔn so. Mekasa kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantie, mefrɛɛ wɔn nanso wɔannye so.’ ”

18Afei, Yeremia ka kyerɛɛ Rekab abusua no sɛ, “Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ: ‘Moayɛ ɔsetie ama mo nana Yehonadab ahyɛdeɛ no, na moadi ne nkyerɛkyerɛ so, na moayɛ biribiara a ɔhyɛɛ mo no.’ 19Ɛno enti, deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ nie: ‘Rekab babarima Yehonadab bɛnya ɔbarima a ɔbɛsom me ɛberɛ biara.’ ”