Numero 7 – HLGN & ASCB

Ang Pulong Sang Dios

Numero 7:1-89

Ang mga Halad para sa Pagdedikar sang Tolda nga Simbahan

1Pagkatapos nga naplastar ni Moises ang Tolda nga Simbahan, ginwisikan niya ini sang lana kag gindedikar pati ang tanan nga kagamitan sini. Amo man ang iya ginhimo sa halaran kag sa tanan nga kagamitan sini. 2Dayon nagdala sang mga halad sa Ginoo ang mga pangulo sang Israel, nga mga pangulo sang kada tribo. Sila ang gintugyanan sa pagpangsensos. 3Nagdala sila sa presensya sang Ginoo sang anom ka karo kag dose ka baka—isa ka karo sa kada duha ka pangulo kag isa ka baka sa kada isa sa ila. Gindala nila ini sa atubangan sang Tolda nga Simbahan.

4Nagsiling ang Ginoo kay Moises, 5“Batuna ang ila halad agod gamiton para sa mga buluhaton sa Tolda nga Ginapakigkitaan.7:5 Tolda nga Ginapakigkitaan: nga amo man ang Tolda nga Simbahan. Ihatag ini sa mga kaliwat ni Levi suno sa ila tagsa ka buluhaton.”

6Gani ginbaton ni Moises ang mga karo kag ang mga baka kag ginhatag ini sa mga kaliwat ni Levi. 7Ginhatag niya ang duha ka karo kag apat ka baka sa mga kaliwat ni Gershon para sa ila buluhaton. 8Kag ginhatag niya ang apat ka karo kag walo ka baka sa mga kaliwat ni Merari para man sa ila buluhaton. Sila tanan ginapanguluhan ni Itamar nga anak ni Aaron nga pari. 9Pero wala paghatagi ni Moises sang karo ukon baka ang mga kaliwat ni Kohat kay sila ang gintugyanan sa pagtuwang sang balaan nga mga butang sang Tolda.

10Ang mga pangulo nagdala man sang ila mga halad para sa pagdedikar sang halaran sang tion nga gindedikar ini. 11Nagsiling ang Ginoo kay Moises, “Kinahanglan nga sa kada adlaw may isa ka pangulo nga magdala sang iya halad para sa pagdedikar sang halaran.”

12-83Amo ini sila ang nagdala sang ila mga halad:

Sang nahauna nga adlaw, si Nashon nga anak ni Aminadab, nga pangulo sang tribo ni Juda.

Sang ikaduha nga adlaw, si Netanel nga anak ni Zuar, nga pangulo sang tribo ni Isacar.

Sang ikatatlo nga adlaw, si Eliab nga anak ni Helon, nga pangulo sang tribo ni Zebulun.

Sang ikaapat nga adlaw, si Elizur nga anak ni Shedeur, nga pangulo sang tribo ni Reuben.

Sang ikalima nga adlaw, si Shelumiel nga anak ni Zurishadai, nga pangulo sang tribo ni Simeon.

Sang ikaanom nga adlaw, si Eliasaf nga anak ni Deuel, nga pangulo sang tribo ni Gad.

Sang ikapito nga adlaw, si Elishama nga anak ni Amihud, nga pangulo sang tribo ni Efraim.

Sang ikawalo nga adlaw, si Gamaliel nga anak ni Pedazur, nga pangulo sang tribo ni Manase.

Sang ikasiyam nga adlaw, si Abidan nga anak ni Gideoni, nga pangulo sang tribo ni Benjamin.

Sang ikanapulo nga adlaw, si Ahiezer nga anak ni Amishadai, nga pangulo sang tribo ni Dan.

Sang ikaonse nga adlaw, si Pagiel nga anak ni Ocran, nga pangulo sang tribo ni Asher.

Kag sang ikadose nga adlaw, si Ahira nga anak ni Enan, nga pangulo sang tribo ni Naftali.

Ang kada isa sa ila nagdala sang sini nga mga halad: isa ka pilak nga bandehado nga may kabug-aton nga mga isa ka kilo kag tunga, kag isa ka pilak nga yahong nga may kabug-aton nga mga 800 ka gramo suno sa kilohan sang mga pari. Ang kada isa sini ginpuno nila sang maayo nga klase sang harina nga ginmikslahan sang mantika para sa halad nga regalo. Nagdala man ang kada isa sa ila sang isa ka bulawan nga tasa7:12-83 tasa: Indi klaro ang buot silingon sang Hebreo sini. nga may kabug-aton nga mga 120 ka gramo nga puno sang insenso; isa ka torite nga baka, isa ka gulang nga karnero nga lalaki, kag isa ka bataon nga karnero nga lalaki nga isa ka tuig bilang halad nga ginasunog; isa ka lalaki nga kanding bilang halad sa pagpakatinlo; kag duha ka turo nga baka, lima ka gulang nga karnero nga lalaki, lima ka kanding nga lalaki, kag lima ka bataon nga karnero nga lalaki nga isa ka tuig bilang halad nga para sa maayo nga relasyon.

84Amo ini tanan ang mga halad sang dose ka pangulo sang mga Israelinhon para sa pagdedikar sang halaran: dose ka pilak nga bandehado, dose ka pilak nga yahong, kag dose ka bulawan nga tasa.

85Ang kada pilak nga bandehado may kabug-aton nga mga isa ka kilo kag tunga, kag ang kada pilak nga yahong may kabug-aton nga mga 800 ka gramo. Ang kabug-aton nila tanan mga 28 ka kilo suno sa kilohan sang mga pari.

86Ang dose ka bulawan nga tasa nga puno sang insenso may kabug-aton nga mga 120 ka gramo kada isa suno sa kilohan sang mga pari. Ang kabug-aton nila tanan mga 1,440 ka gramo.

87Ang mga sapat nga ginhatag para sa halad nga ginasunog: dose ka torite nga baka, dose ka gulang nga karnero nga lalaki kag dose ka bataon nga karnero nga lalaki nga isa ka tuig ang edad, upod sa sini ang mga halad nga regalo. Ang halad sa pagpakatinlo: dose ka kanding nga lalaki.

88Ang mga sapat nga halad para sa maayo nga relasyon: 24 ka turo nga baka, 60 ka gulang nga karnero nga lalaki, 60 ka kanding nga lalaki, kag 60 ka bataon nga karnero nga lalaki nga isa ka tuig ang edad.

Amo ini tanan ang mga halad sang pagdedikar sang halaran.

89Kon magsulod si Moises sa Tolda nga Ginapakigkitaan sa pagpakighambal sa Ginoo, mabatian niya ang tingog nga nagapakighambal sa iya halin sa tunga sang duha ka kerubin, sa ibabaw sang takop sang Kahon sang Kasuguan. Didto nagapakighambal ang Ginoo kay Moises.

Asante Twi Contemporary Bible

4 Mose 7:1-89

1Ɛda a Mose wiee Ahyiaeɛ Ntomadan no hyehyɛ no, ɔsraa ho nyinaa ngo, tee ho nyinaa a afɔrebukyia no ne ɛho nneɛma nyinaa ka ho. 2Afei, Israel mpanimfoɔ ne mmusuakuo no mu mpanin a wɔhwɛɛ nnipakan no so no nyinaa de wɔn afɔrebɔdeɛ baeɛ. 3Wɔde nteaseɛnam nsia a wɔakatakata ho ne anantwie dumienu na wɔde baeɛ. Na nteaseɛnam no baako biara yɛ mpanimfoɔ mmienu dea, a nantwie baako yɛ wɔn mu biara dea. Wɔde ne nyinaa maa Awurade wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no anim.

4Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 5“Gye wɔn akyɛdeɛ no na fa nteaseɛnam no yɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ho adwuma. Fa ma Lewifoɔ no na wɔmfa nni dwuma biara a ɛho hia wɔn.”

6Enti Mose de nteaseɛnam no ne anantwie no maa Lewifoɔ no. 7Ɔmaa Gerson ne ne nkurɔfoɔ nteaseɛnam mmienu ne anantwie ɛnan 8ɛnna ɔmaa Merari ne ne nkurɔfoɔ nso nteaseɛnam ɛnan ne anantwie nwɔtwe a Aaron babarima Itamar na na ɔdi so panin. 9Wɔamma Kohat nkurɔfoɔ nteaseɛnam no bi, ɛfiri sɛ, na ɛsɛ sɛ wɔsoa wɔn kyɛfa a ɛfa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho nneɛma no ho no wɔ wɔn mmatire.

10Ɛda no, mpanimfoɔ a wɔdi anim no nso de atenaseɛbɔ akyɛdeɛ bɛguu afɔrebukyia no anim da a wɔresra afɔrebukyia no ngo no. 11Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Kyekyɛ nna a obiara de nʼatenasebɔdeɛ bɛba afɔrebukyia no so.”

12Aminadab babarima Nahson a ɔfiri Yuda abusuakuo mu na ɔde nʼatenasebɔdeɛ baa ɛda a ɛdi ɛkan no.

13Nneɛma a ɔde baeɛ no yɛ:

dwetɛ prɛte baako a emu duru yɛ kilogram baako ne fa, dwetɛ kyɛnsee bi a ɛbɛyɛ kilogram baako a ne nyinaa na wɔde asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no ma ma.

14Afei, ɔde sikakɔkɔɔ adaka ketewa bi a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma baeɛ.

15Ɔde nantwinini ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ.

16Wɔde abirekyie baeɛ sɛ bɔne ho afɔrebɔdeɛ

17na asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no deɛ, anantwie mmienu, nnwennini enum, mmirekyie enum ne nnwammaa enum a wɔadi afe na wɔde wɔn baeɛ.

Yei ne afɔdeɛ a Nahson babarima Aminadab de baeɛ.

18Ɛda a ɛtɔ so mmienu no, Suar babarima Netanel a ɔda Isakar abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.

19Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:

dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako a wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.

20Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ bi a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.

21Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,

22ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ

23ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ.

Yei ne afɔdeɛ a Suar babarima Netanel de baeɛ.

24Ne nnansa so no, Helon babarima Eliab a ɔda Sebulon abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.

25Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:

dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no ma ma.

26Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a emu duru yɛ gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ ma nso baeɛ.

27Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,

28ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;

29ne anantwie mmienu, nnwennini enum ne mmirekyinini enum sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ.

Yei ne afɔdeɛ a Helon babarima Eliab de baeɛ.

30Ne nnanan so no, Sedeur babarima Elisur a ɔda Ruben abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.

31Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:

dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako a wɔde afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no ma ma.

32Afei, ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a emu duru yɛ gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.

33Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaanini a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,

34ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;

35ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe.

Yei ne afɔdeɛ a Sedeur babarima Elisur de baeɛ.

36Ne nnanum so no, Surisadai babarima Selumiel a ɔda Simeon abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.

37Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:

dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no ma ma.

38Afei, ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a emu duru bɛyɛ gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.

39Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaanini a wɔadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,

40ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ,

41ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mmirekyinini enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ.

Yei ne afɔdeɛ a Surisadai ba Selumiel de baeɛ.

42Ne nna nsia so no, Deguel babarima Eliasaf a ɔda Gad abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.

43Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:

dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.

44Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ bi a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.

45Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,

46ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;

47ne nantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ.

Yei ne afɔdeɛ a Deguel ba Eliasaf de baeɛ.

48Ne nnanson so no, Amihud babarima Elisama a ɔda Efraim abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.

49Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:

dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.

50Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ bi a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.

51Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ;

52ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;

53ne nantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ.

Yei ne afɔdeɛ a Amihud babarima Elisama de baeɛ.

54Ne nnawɔtwe so no, Pedahsur babarima Gamaliel a ɔda Manase abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.

55Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:

dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.

56Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ bi a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.

57Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,

58ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;

59ne nantwie mmienu, nnwennini enum, mpɔnkyenini enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ.

Yei ne afɔdeɛ a Pedahsur ba Gamaliel de baeɛ.

60Ne nna nkron so no, Gideoni babarima Abidan a ɔda Benyamin abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.

61Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:

dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.

62Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ bi a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.

63Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaa a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,

64ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ

65ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ.

Yei ne afɔdeɛ a Gideoni babarima Abidan de baeɛ.

66Ne dadu so no, Amisadai babarima Ahieser a ɔda Dan abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.

67Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:

dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.

68Afei, ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.

69Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaanini a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ,

70ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;

71ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mmirekyinini enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ.

Yei ne afɔdeɛ a Amisadai babarima Ahieser de baeɛ.

72Ne dadu da baako so no, Okran babarima Pagiel a ɔda Aser abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.

73Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:

dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.

74Afei, ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.

75Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaanini a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ;

76ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;

77ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mmirekyinini enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ.

Yei ne afɔdeɛ a Okran babarima Pagiel de baeɛ.

78Ne dadu nna mmienu so no, Enan babarima Ahira a ɔda Naftali abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.

79Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:

dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma.

80Afei, ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.

81Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaanini a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ;

82ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;

83ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ.

Yei ne afɔdeɛ a Enan babarima Ahira de baeɛ.

84Enti, yei ne afɔrebukyia no afɔrebɔdeɛ a Israel mpanimfoɔ de ba bɛsraa afɔrebukyia no nam so bɔɔ no atenaseɛ:

dwetɛ mprɛte dumienu, dwetɛ hweaseammɔ dumienu ne sikakɔkɔɔ aduhwam akoradeɛ dumienu. 85Ne nyinaa mu, na dwetɛ nneɛma no nyinaa kari bɛyɛ kilogram aduasa. Na prɛte biara kari kilogram baako ne fa, na dwetɛ kyɛnsee no nso kari kilogram baako. 86Sikakɔkɔɔ a wɔde bɛkyɛeɛ no mu duru yɛɛ bɛyɛ kilogram baako ne fa a ɛkyerɛ sɛ, sikakɔkɔɔ no akoradeɛ no mu biara duru yɛ nnwetɛbena edu a wɔde aduhwam ahyɛ no ma.

87Wɔde anantwie dumienu ne nnwennini a wɔn mu biara adi afe na wɔde bɛbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no a atokoɔ afɔrebɔ nso ka ho. Wɔde mpapo bɛbɔɔ bɔne ho afɔdeɛ.

88Asomdwoeɛ afɔdeɛ nneɛma a wɔde baeɛ nie: anantwinini mma aduonu ɛnan, nnwennini aduosia, mmirekyie aduosia, nnwammaanini a wɔn mu biara adi afe aduosia.

89Ɛberɛ a Mose kɔɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu sɛ ɔne Awurade rekɔkasa no, ɔtee nne bi firi soro a ɛrekasa kyerɛ no firi Mpata Beaeɛ no atifi hɔ, wɔ adaka no ho baabi a Kerubim mmienu no sisi no ntam.