הבשורה על-פי מתי 21 – HHH & AKCB

Habrit Hakhadasha/Haderekh

הבשורה על-פי מתי 21:1-46

1כשהתקרבו ישוע ותלמידיו לירושלים ועברו ליד בית־פגי, שעל הר הזיתים, שלח ישוע שניים מתלמידיו אל הכפר ואמר: 2”כשתיכנסו אל הכפר תראו אתון קשורה ולידה עיר. התירו אותם והביאו אלי. 3אם מישהו ישאל אתכם מה אתם עושים, אמרו פשוט: ’האדון זקוק להם‘. והוא יניח לכם מיד.“

4דבר זה בא לקיים את הנבואה:21‏.4 כא 4 זכריה ט 9

5”אמרו לבת ציון, הנה מלכך יבוא לך,

עני ורוכב על חמור ועל עַיִר בן־אתנות.“

6שני התלמידים הלכו אל הכפר ועשו כדברי ישוע. 7הם הביאו אליו את העיר ואת האתון, ריפדו את גבם במעיליהם והושיבו עליהם את ישוע. 8רבים מההמון השליכו את מעיליהם על הדרך לפני ישוע, ואחרים כרתו ענפים מהעצים ושטחו אותם לפניו. 9ההמונים החלו להידחק מלפניו ומאחוריו וקראו:

”הושע־נא לבן־דוד!“

”ברוך הבא בשם ה׳!“ 21‏.9 כא 9 תהלים קיח 26‏-25

”הושע־נא במרומים!“

10כשנכנס ישוע לתוך ירושלים, העיר כולה התרגשה מאוד. ”מי האיש הזה?“ שאלו האנשים.

11וההמון השיב: ”זהו ישוע – הנביא מנצרת שבגליל!“

12ישוע הלך לבית־המקדש, גירש את כל הסוחרים והקונים, הפך את השולחנות של מחליפי הכספים ואת הדוכנים של סוחרי היונים.

13”בכתבי־הקודש כתוב:21‏.13 כא 13 ישעיה נו 7 ’ביתי בית־תפלה ייקרא‘, “ קרא ישוע, ”ואילו אתם הפכתם אותו למאורת גנבים!“ 14העיוורים ובעלי המום שהיו בבית־המקדש ניגשו אליו, והוא ריפא אותם שם. 15אולם כשראו ראשי הכוהנים והסופרים את הניסים והנפלאות שחולל ישוע, וכששמעו את הילדים הקטנים קוראים במקדש: ”הושע־נא לבן־דוד!“ הם התרגזו מאוד ושאלו אותו: 16”האם אתה שומע את מה שהילדים האלה אומרים?“

”כן“, ענה ישוע. ”האם מעולם לא קראתם בכתבי־הקודש:21‏.16 כא 16 תהלים ח 3 ’מפי עוללים ויונקים יסדת עֹז‘!“

17ישוע עזב אותם והלך לבית־עניה – שם נשאר ללון באותו לילה.

18כשחזר בבוקר לירושלים היה רעב. 19הוא ראה עץ תאנה בצד הדרך, אבל כשניגש לחפש תאנים מצא עלים בלבד. ”לעולם לא תישאי פרי!“ אמר ישוע לתאנה, ומיד התייבש העץ.

20התלמידים נדהמו ושאלו: ”כיצד יבשה התאנה לפתע?“

21וישוע ענה: ”אני אומר לכם: אם באמת תאמינו ולא תטילו ספק, תוכלו גם אתם לעשות דברים כאלה ואף גדולים מאלה. אפילו תוכלו לומר להר הזה: ’זוז, הזרק לים!‘ והוא ישמע בקולכם. 22תוכלו לקבל כל דבר שתבקשו בתפילה – אם רק תאמינו.“

23כשחזר ישוע לבית־המקדש ולימד את העם, באו אליו ראשי הכוהנים וזקני העם, ודרשו לדעת באיזו רשות הוא עושה את כל הדברים האלה.

24”אני אענה לשאלתכם אם אתם תענו לשאלתי“, השיב להם ישוע.

25”האם יוחנן המטביל נשלח על־ידי אלוהים או לא?“

הם התייעצו ביניהם: ”אם נאמר שאלוהים שלח את יוחנן, הוא ישאל אותנו מדוע לא האמנו בו. 26ואם נאמר שאלוהים לא שלח את יוחנן, העם יתנפל עלינו, כי כולם חושבים שיוחנן היה נביא.“ 27לבסוף השיבו: ”איננו יודעים.“ אמר להם ישוע: ”אם כך, גם אני לא אענה לשאלתכם. 28אולם מה דעתכם: לאב אחד היו שני בנים. ’בני, לך היום לעבוד בכרם‘, ביקש האב מבנו הבכור. 29’אינני רוצה‘, השיב הבן, אבל אחר כך שינה את דעתו והלך לעבוד בכרם. 30הלך האב אל הבן הצעיר וחזר על בקשתו. ’טוב, אבא אני אלך‘, השיב הבן הצעיר, אולם לא הלך לכרם. 31מי מהשניים שמע בקול אביו?“

”הבן הבכור, כמובן“, השיבו.

”אני אומר לכם שהמוכסים והזונות יכנסו למלכות השמים לפניכם“, הסביר להם ישוע את המשל. 32”כי יוחנן המטביל אמר לכם לחזור בתשובה ולהאמין באלוהים, ואתם לא שבתם; בעוד שפושעים וזונות כן שבו בתשובה. גם לאחר שראיתם כיצד הם שבו, לא נהגתם כמוהם ולא האמנתם לדברי יוחנן.

33”הקשיבו עתה למשל הבא: בעל־אדמה נטע כרם, בנה גדר סביבו, הקים מגדל שמירה, הפקיד את הכרם בידי כורמים שכירים ונסע לארץ רחוקה.

34”בעת הבציר שלח בעל־הכרם אחדים מאנשיו אל הכורמים, כדי לאסוף את חלקו ביבול הענבים.

35”אולם הכורמים הכו את האחד, סקלו באבנים את השני והרגו את השלישי.

36”בעל־הכרם שלח קבוצה גדולה יותר של אנשים כדי לאסוף את היבול, אך גורלם היה כגורל קודמיהם. 37לבסוף שלח האיש את בנו, כי חשב שיכבדו אותו ויפחדו מפניו.

38”אולם כשראו הכורמים את הבן מרחוק, אמרו זה לזה: ’הנה בא יורש הכרם; הבה נהרוג אותו, וכך נזכה אנחנו בירושה!‘ 39הם גירשו את הבן מהכרם והרגו אותו.

40”כשישוב בעל־הכרם, מה לדעתכם יעשה לאותם כורמים?“

41השיבו המנהיגים: ”הוא יוציא להורג את השכירים הרעים, וייתן את הכרם לפועלים נאמנים יותר, אשר יתנו לו בזמן את היבול המגיע לו.“

42ישוע המשיך ואמר: ”האם מעולם לא קראתם בכתובים:21‏.42 כא 42 תהלים קיח 23

’אבן מאסו הבונים היתה לראש פינה,

מאת ה׳ היתה זאת; היא נפלאת בעינינו‘?

43”אני מתכוון לומר שאלוהים ייקח מכם את המלכות, וייתן אותה לעם אשר ייתן לו את חלקו ביבול. 44מי שייפול על האבן הזאת יתנפץ לרסיסים, ומי שתיפול עליו האבן ישחק לאבק.“

45כשהבינו ראשי הכוהנים והפרושים שישוע התכוון אליהם – כלומר, שהם היו הכורמים במשל – 46הם רצו לתפוס אותו, אבל פחדו לעשות דבר מפני ההמון אשר האמין כי ישוע הוא נביא.

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mateo 21:1-46

Yesu Kɔ Yerusalem Sɛ Ɔhempɔn

1Aka kakra na Yesu ne nʼasuafo no adu Yerusalem no, wɔbɛn kurow bi a wɔfrɛ no Betfage a ɛwɔ Ngo Bepɔw no so hɔ no. Ɛhɔ na Yesu somaa nʼasuafo no mu baanu se, wonni kan nkɔ. 2Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ mudu hɔ a, mubehu sɛ wɔasa afurum bi ne ne ba hama. Monsan wɔn, na momfa wɔn mmrɛ me. 3Sɛ obi ka asɛm bi kyerɛ mo a, monka nkyerɛ onipa ko no se, ‘Wɔn ho hia Awurade,’ na ntɛm ara ɔbɛma mo de wɔn aba.”

4Wɔyɛɛ eyi de hyɛɛ tete nkɔmhyɛ a ɛka se,

5“Monka nkyerɛ Ɔbabea Sion se

wo hene reba wo nkyɛn.

Odwo, na ɔte afurum ne

afurum ba so” no mu den.

6Asuafo baanu no yɛɛ nea Yesu ka kyerɛɛ wɔn no. 7Wɔde mmoa no brɛɛ no no, wɔde wɔn ntama sesɛw afurum no so, maa Yesu tenaa no so. 8Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no bi de wɔn ntama sesɛw ɔkwan a ɔde aboa no nam so no so. Ebinom nso bubuu nnua mman de sesɛw ɔkwan no mu saa ara. 9Dɔm no tu teɛe de osebɔ teɛteɛɛ mu se,

“Hosiana Dawid Ba!”

“Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba no.”

“Hosiana wɔ ɔsoro nohɔ!”

10Bere a oduu Yerusalem no, kurow no nyinaa bɔɔ twi. Ɛhɔfo no bisae se, “Na hena ni?”

11Nnipadɔm no buae se, “Ɛyɛ Yesu, Odiyifo a ofi Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu no.”

Yesu Kɔ Hyiadan Mu

12Yesu fii hɔ no, ɔkɔɔ hyiadan mu. Oduu hɔ no, ɔpam aguadifo a wɔwɔ hɔ no nyinaa, kaa sikasesafo apon nyinaa guu fam, bubuu pata a wɔtɔn mmorɔnoma wɔ mu no nyinaa gui. 13Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Kyerɛwsɛm no ka se, ‘Mʼasɔrefi yɛ beae a wɔbɔ mpae.’ Nanso mo de, mode hɔ ayɛ adwowtwafo atenae.”

14Afei anifuraefo ne mmubuafo baa ne nkyɛn wɔ hyiadan mu hɔ ma ɔsaa wɔn nyinaa yare. 15Nanso bere a asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin bi huu anwonwade yi na wɔtee nso sɛ mmofra nkumaa a wɔwɔ hyiadan mu hɔ reteɛteɛ mu se, “Nhyira nka Dawid Ba no” no, anyɛ wɔn dɛ.

16Enti wobisaa Yesu se, “Wote nsɛm a mmofra no reka no ana?”

Yesu bua se, “Yiw. Na monkenkan saa Kyerɛwsɛm a ɛka se,

“ ‘Mmofra ne nkokoaa mpo

de wɔn ano kamfo wo’ no da, ana?”

17Afei ofii hɔ san kɔɔ Betania kɔdaa hɔ.

Yesu Dome Borɔdɔma Dua Bi

18Ade kyee anɔpa a ɔresan akɔ Yerusalem no, ɔkɔm dee no. 19Ohuu sɛ borɔdɔma dua bi si ɔkwan ho baabi. Ɔkɔɔ hɔ kɔhwɛɛ sɛ borɔdɔma no bi wɔ so, nanso oduu hɔ no, ohuu sɛ nhaban nko ara na ɛwɔ so. Ɔdomee borɔdɔma dua no se, “Efi nnɛ, worensow aba bio!” Ɛhɔ ara borɔdɔma dua no wui.

20Asɛm yi yɛɛ Yesu asuafo no nwonwa ma wobisaa no se, “Na ɛyɛɛ dɛn nti na borɔdɔma dua no so nhaban poo ntɛm saa?”

21Yesu nso buaa wɔn se, “Nokware, sɛ mowɔ gyidi na munnhinhim a, mubetumi ayɛ ade koro yi ara bi, anaa nea ɛkyɛn saa mpo. Anka mubetumi aka akyerɛ Ngo Bepɔw yi se, ‘Tutu kogu po mu,’ na ebetutu akogu mu nso. 22Biribiara a mode gyidi bebisa wɔ mpaebɔ mu no, mo nsa bɛka.”

Yesu Tumi Ho Asɛmmisa

23Yesu san kɔɔ hyiadan mu hɔ a ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin baa ne kyɛn bebisaa no tumi ko a ogyina so pam aguadifo ne sikasesafo no fii hyiadan mu hɔ no.

24Yesu kae se, “Merebebisa mo asɛm baako bi, na mummua me ansa. 25Onyankopɔn na ɔsomaa Osuboni Yohane anaa ɛnyɛ ɔno?”

Wodwinnwen ho kae se, “Sɛ yɛka sɛ ‘Efi Onyankopɔn’ a, wobebisa yɛn nea enti a yɛannye nea Yohane kae no anni? 26Na sɛ yɛka se, ‘Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no’ nso a, dɔm no bɛhaw yɛn efisɛ, wɔn nyinaa nim sɛ Yohane yɛ odiyifo.”

27Enti wɔn mmuae a wɔmae ara ne sɛ, “Yennim!”

Ɛhɔ ara na Yesu nso kae se, “Sɛ munnim de a, me nso meremmua mo.”

Mmabarima Baanu Ho Bɛ

28Yesu kae se, “Saa asɛm a merebɛka yi mudwen ho dɛn? Ɔbarima bi wɔ mmabarima baanu. Ɔka kyerɛɛ wɔn mu panyin no se, ‘Me ba, nnɛ kɔ mʼafum na kɔyɛ adwuma wɔ hɔ.’

29“Ne ba no kae se, ‘Merenkɔ,’ nanso akyiri no, ɔsesaa nʼadwene na ɔkɔe.

30“Afei agya no ka kyerɛɛ akumaa no se, ‘Wo nso kɔ.’ Ɔno nso kae se, ‘Agya, mate, mɛkɔ.’ Nanso wankɔ.

31“Saa mmofra baanu yi mu hena na otie nʼagya asɛm?”

Wobuae se, “Ɛyɛ ne ba panyin no.”

Yesu see wɔn se, “Akyinnye biara nni ho sɛ abɔnefo ne nguamanfo bɛkɔ Ɔsoro Ahenni mu ansa na moakɔ. 32Efisɛ Yohane baa mo nkyɛn sɛ ɔrebɛkyerɛ mo trenee kwan, na moannye no anni. Nanso towgyefo ne nguamanfo gyee no dii. Na muhuu eyi mpo no, moansakra mo adwene, na moannye no anni.”

Apaafo Ho Bɛ

33Yesu buu wɔn bɛ foforo bi se, “Da bi, ɔbarima bi a ɔwɔ bobeturo a wagye ban afa ho, na watu amoa a wokyi nsa wɔ mu, de afuw no gyaw akuafo bi. Eyi akyi no, otuu kwan kɔɔ ɔman foforo bi so. 34Eduu bere a bobe no beree a ɛsɛ sɛ wɔtew no, ɔsomaa ne ho nnipa baa akuafo no hɔ sɛ wommegye ne kyɛfa mmrɛ no.

35“Woduu hɔ ara pɛ na akuafo no tow hyɛɛ nnipa no so, boroo ɔbaako, kum ɔbaako na wosiw ɔbaako nso abo. 36Afei ɔsan somaa nnipa a wɔn dodow sen wɔn a ɔsomaa wɔn kan no se wɔnkɔ akuafo no nkyɛn, nanso asɛm koro no ara bi na esii. 37Eyi akyi no ɔsomaa ɔno nʼankasa ne ba kɔɔ akuafo no nkyɛn susuwii sɛ, wɔde nidi bɛma no.

38“Nanso akuafo no huu sɛ ne ba no apue reba pɛ, wɔfaa ne ho adwene kae se, ‘Ɔdedifo no na ɔreba no; momma yenkum no, na yɛmfa afuw no!’ 39Ɛhɔ ara na wɔtwee no fii afuw no mu, kokum no too baabi.

40“Sɛ afuw wura no san ba a, mugye di sɛ dɛn na ɔbɛyɛ saa akuafo no?”

41Yudafo mpanyin no buae se, “Ɔno nso bekum saa atirimɔdenfo no na ɔde afuw no ama akuafo foforo a wɔde ne kyɛfa bɛma no bere a ɛsɛ mu.”

42Yesu bisaa wɔn bio se, “Monkenkan Kyerɛwsɛm no mu da sɛ,

“ ‘Ɔbo a adansifo apo no

ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no twea so tibo.

Awurade na wayɛ eyi,

na ɛyɛ nwonwa wɔ yɛn ani so?’

43“Nea mereka ara ne sɛ, wobegye Onyankopɔn Ahenni no afi mo nsam de akɔma ɔman foforo a wobebu ne nnɔbae no ho nkontaa pa akyerɛ no. 44Wɔn a wɔbɛhwe saa ɔbotan yi so no mu bebubu, na nea ɔbo no bɛhwe ne so no nso bɛpɛtɛw.”

45Bere a asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin no tee ase sɛ Yesu asɛm a ɔreka no fa wɔn ho no, 46wɔpɛɛ sɛ wɔyɛ no bɔne, nanso na wosuro dɔm no efisɛ na wɔagye Yesu ato mu sɛ ɔyɛ Odiyifo.