אגרת פולוס הראשונה אל-התסלוניקים 3 – HHH & ASCB

Habrit Hakhadasha/Haderekh

אגרת פולוס הראשונה אל-התסלוניקים 3:1-13

1כאשר לא יכולנו יותר להתאפק החלטנו להישאר כאן באתונה, 2‏-3ושלחנו אליכם את טימותיוס – אחינו, עוזרנו ומשרתו של אלוהים – כדי לחזק את אמונתכם, ולעודד אתכם שלא תכרעו תחת כובד הצרות והקשיים שבאים עליכם. (עליכם להבין שקשיים אלה הם חלק מתוכניתו של אלוהים למעננו המאמינים). 4כשהיינו אצלכם הזהרנו אתכם מראש מפני כל הצרות האלה, ואכן דברינו התקיימו.

5משום כך לא יכולתי להתאפק יותר ושלחתי אליכם את טימותיוס, כדי לברר אם אמונתכם עדיין איתנה. חששתי שמא ינסה השטן לפתותכם וכל עבודתנו תהיה לשווא. 6אך עתה טימותיוס חזר והביא עמו את החדשות הנפלאות שאתם איתנים באמונתכם ואהבתכם, שאתם זוכרים לטובה את ביקורנו, ואף מייחלים לראותנו שנית כפי שאנו מייחלים לראותכם. 7אחים יקרים, אמונתכם החזקה ניחמה אותנו בכל הצרות והסבל שעוברים עלינו כאן; 8כל עוד אנו יודעים שאתם נאמנים לאדון, קל לנו יותר לשאת את הסבל.

9איננו יודעים כיצד להודות לאלוהים על השמחה והאושר שגרמתם לנו. 10אנחנו מתפללים יומם ולילה ומתחננים לפני אלוהים שיניח לנו לראותכם שנית, ושיאפשר לנו להשלים את החסר באמונתכם. 11מי ייתן שאלוהינו ואדוננו ישוע המשיח יחזירנו אליכם, 12ושיברך אתכם וירבה את אהבתכם איש לרעהו ולכל אדם – כשם שאנו אוהבים אתכם. 13כך יחזק אלוהים את לבכם, יטהרכם ויקדשכם, כדי שבשוב אדוננו ישוע תעמדו לפניו נקיים מחטא יחד עם כל המאמינים.

Asante Twi Contemporary Bible

1 Tesalonikafoɔ 3:1-13

Asɛmpa A Ɛfiri Timoteo Nkyɛn

1Akyire no a yɛhunuu sɛ yɛyɛ ho hwee a ɛnyɛ yie no, yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛtena Atene. 2Enti, yɛsomaa yɛn nua Timoteo a yɛne no yɛ Onyankopɔn adwuma no sɛ ɔnkɔka Asɛmpa a ɛfa Kristo ho mfa mmoa, nhyɛ mo gyidie den, 3sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔtaa no enti, mo mu biara mmɔ hu. Mo ara monim sɛ saa ɔtaa no yɛ Onyankopɔn pɛ a wahyehyɛ ama yɛn. 4Ɛberɛ a na yɛne mo wɔ hɔ no, yɛdii ɛkan ka kyerɛɛ mo sɛ, wɔbɛtaa yɛn, na sɛdeɛ monim no, saa pɛpɛɛpɛ na aba yi. 5Yei enti, ɛsiane sɛ na asɛm no hyɛ me so enti, mesomaa Timoteo sɛ ɔmmɛhwehwɛ mo gyidie mu. Mewɔ anidasoɔ sɛ ɔbonsam ansɔ mo anhwɛ amma dwuma yɛadi no nyinaa anyɛ kwa.

6Afei, Timoteo afiri mo nkyɛn aba yɛn nkyɛn abɛka anigyesɛm a ɛfa mo gyidie ne mo dɔ ho asɛm akyerɛ yɛn. Waka akyerɛ yɛn sɛ daa modwene yɛn ho adwene pa na mopɛ sɛ mohunu yɛn sɛdeɛ yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛhunu mo no ara pɛ. 7Enti, yɛn haw ne yɛn amanehunu no mu no, moahyɛ yɛn nkuran, 8ɛfiri sɛ, sɛ mogyina pintinn wɔ Awurade mu a, na ɛma yɛn nso yɛtumi gyina biribiara ano wɔ yɛn asetena mu. 9Ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase ma mo. Mo enti, yɛda Onyankopɔn ase sɛ moama yɛn ho asɛpɛ yɛn wɔ nʼanim. 10Daa awia ne anadwo, yɛfiri yɛn akoma nyinaa mu srɛ no sɛ, ɔmma yɛne mo nhyia na yɛmma mo deɛ ɛhia mo wɔ mo gyidie mu.

11Ɔno ara yɛn Onyankopɔn ne Agya no ankasa ne yɛn Awurade Yesu Kristo nsiesie kwan na yɛmmra mo nkyɛn. 12Awurade mma mo dɔ mu nyɛ den mmoro so wɔ mo ho mo ho ne afoforɔ mu, sɛdeɛ yɛn nso yɛdɔ mo no. 13Mebɔ mpaeɛ sɛ Awurade ne ne nkurɔfoɔ nyinaa ba a, ɔbɛma mo akoma mu ayɛ kronkron a nkekaawa biara nni mu wɔ Agya Onyankopɔn anim.