路加福音 16 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

路加福音 16:1-31

善用錢財

1耶穌又對門徒說:「某財主有個管家,有人控告這管家浪費主人的財物。 2財主便把管家召來,對他說,『聽說你浪費我的財物,到底是怎麼回事?把帳目交代清楚,你不能再當管家了。』

3「管家私下盤算,『主人要辭退我了,怎麼辦呢?鋤地我沒有力氣,討飯我又感到羞恥。 4我知道該怎麼辦了!就算被辭退了,也會有人照應我。』 5於是,他把欠他主人債的一個一個召來,問第一個,『你欠了我主人多少?』

6「他回答說,『一百桶油。』

「管家說,『這是你的帳,快坐下,改成五十吧!』

7「管家又問另一個,『你欠多少?』

「他回答說,『一百石麥子。』

「管家說,『這是你的帳,改成八十石吧。』

8「主人誇獎這個不義的管家精明。因為今世的兒女在處理世事方面比光明的兒女更精明。

9「我告訴你們,要善用今世16·9 今世」希臘文是「不義」。的錢財,廣結朋友。這樣,當錢財不管用時,他們會接你們到永遠的居所。

見微知著

10「一個人在小事上忠心,在大事上也會忠心;在小事上靠不住,在大事上更靠不住。 11如果你們不能忠心地處理今世的財富,誰會把真正的財富交託給你們呢? 12如果你們不能忠心地處理別人的產業,誰會把你們名下的產業交給你們呢? 13一個僕人不能服侍兩位主人,因為他不是恨這位、愛那位,就是重這位、輕那位。你們不能又事奉上帝,又崇拜金錢。」

警戒貪財的法利賽人

14法利賽人向來貪財,他們一面聽一面嗤笑耶穌。 15耶穌對他們說:「你們在人面前自以為義,但上帝能看透你們的心。因為世人所看重的東西在上帝看來卻是可憎的。 16約翰還沒有來以前,律法書和先知書是你們的準則。他出來後,上帝國的福音開始廣傳,人人都在努力進上帝的國。 17不過,就是天地都消失,律法的一點一劃也不會失效。 18任何人休妻另娶,就是犯通姦罪,娶被休的女子也是犯通姦罪。」

財主和乞丐

19耶穌又說:「有個財主天天衣著華麗,生活奢侈。 20又有一個名叫拉撒路的乞丐身上長滿了膿瘡,被人放在財主家門口。 21他渴望吃到財主桌上掉下來的食物殘渣,卻只有狗來舔他的瘡。

22「後來,乞丐死了,天使帶他到亞伯拉罕身邊。財主也死了,被人埋葬了。 23他在陰間受折磨,抬頭遠遠地看見亞伯拉罕和他身邊的拉撒路24就喊著說,『我的先祖亞伯拉罕啊!求你可憐我,派拉撒路用指尖蘸點水來潤潤我的舌頭吧!我在這火中實在痛苦不堪。』

25亞伯拉罕說,『孩子啊!你要想想,你生前享福,而拉撒路受苦;如今他在這裡得到安慰,而你受折磨。 26況且,在你我中間隔著一道深淵,這邊的人不能到你那邊去,你那邊的人也不能到這裡來。』

27「財主說,『我的先祖啊,那麼求你派拉撒路去我父親家裡, 28因為我有五個弟兄。讓拉撒路去警告他們,以免他們也來到這痛苦的地方。』

29「但是亞伯拉罕卻說,『他們可以聽從摩西和眾先知的話呀!』

30「財主回答說,『我的先祖亞伯拉罕啊!他們不會聽的。但如果有一個死而復活的人去警告他們,他們肯定會悔改!』

31亞伯拉罕說,『如果他們不聽從摩西和眾先知的話,即使一個人從死裡復活,他們也不會信服。』」

Asante Twi Contemporary Bible

Luka 16:1-31

Efie Sohwɛfoɔ Okontomponi No

1Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Ɔdefoɔ bi wɔ hɔ a na ɔwɔ efie sohwɛfoɔ bi. Ɔdefoɔ yi tetee sɛ ne efie sohwɛfoɔ no resɛe ne nneɛma. 2Ɔtee saa asɛm yi no, ɔfrɛɛ ne efie sohwɛfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Ɛdeɛn na metete fa wo ho yi? Bɛbu wʼadwuma ho nkonta kyerɛ me na merentumi ne wo nyɛ adwuma bio.’

3“Efie sohwɛfoɔ no kaa wɔ ne tirim sɛ, ‘Menyɛ ɛdeɛn ni? Ɛnnɛ a wɔrepam me afiri efie ha yi, ɛhe na mɛfa? Menni ahoɔden a mede bɛdɔ, ɛnna mefɛre nso sɛ mɛsrɛsrɛ adeɛ. 4Menim deɛ mɛyɛ a ɛbɛma wɔn a wɔdede me wura aka no bɛhunu me mmɔbɔ.’

5“Enti, ɔfrɛfrɛɛ wɔn a wɔdede ne wura aka no mmaako mmaako. Ɔbisaa deɛ ɔdi ɛkan no sɛ, ‘Ɛka ahe na wode me wura?’

6“Ɔbuaa sɛ, ‘Mede ngo nhina aduonu ka.’

“Enti, ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Yɛ ntɛm tena ase na twam na twerɛ sɛ, wode ngo nhina edu ka.’

7“Ɛno akyi no, ɔfrɛɛ ɔfoforɔ bi nso bisaa no sɛ, ‘Na wo nso, ɛka ahe na wode me wura?’

“Ɔno nso buaa sɛ, ‘Mede aburoo nkotokuo ɔha ka.’

“Enti, ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Tena ase na twam na twerɛ sɛ, wode nkotokuo aduonum ka!’

8“Ɔdefoɔ no hunuu deɛ efie sohwɛfoɔ no yɛeɛ no akyi, nanso ɔnam fɛdie so kamfoo no wɔ nʼanifire no ho. Saa ara nso na ewiase yi mma susu sɛ wɔnim nyansa sene wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn akyidifoɔ no. 9Na me nso mese mo sɛ, momfa ewiase ahonyadeɛ no bi nyɛ nnamfoɔ, na sɛ ɛsa a, wɔagye mo.

10“Nanso deɛ ɔdi nokorɛ wɔ kakra bi ho no bɛdi nokorɛ wɔ pii ho; na deɛ ɔnni nokorɛ wɔ kakra bi ho no, rentumi nni nokorɛ wɔ pii ho. 11Sɛ moantumi anni nokorɛ wɔ ewiase nneɛma ho a, hwan na ɔde ɔsoro nnepa bɛhyɛ mo nsa? 12Sɛ moanni nokorɛ wɔ obi adeɛ bi a wɔde ahyɛ mo nsa no ho a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔde deɛ ɛsɛ sɛ ɛyɛ mo dea no bɛma mo?

13“Ɔsomfoɔ biara rentumi nsom awuranom baanu, ɛfiri sɛ, ɔyɛ saa a, ɔbɛdɔ ɔbaako na watan ɔbaako anaasɛ, ɔbɛsom ɔbaako yie na wabu ɔbaako animtia. Morentumi nsom Onyankopɔn ne ahonyadeɛ.”

14Farisifoɔ sikaniberefoɔ no tee deɛ Yesu kaeɛ no, wɔdii ne ho fɛw. 15Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moyɛ nnipa a mobu mo ho ateneneefoɔ wɔ nnipa anim, nanso Onyankopɔn nim mo akoma mu. Na deɛ ɛsom bo wɔ nnipa ani so no yɛ akyiwadeɛ wɔ Onyankopɔn anim.

16“Ansa na Yohane Osubɔni bɛba no, na Mose mmara ne adiyifoɔ no nsɛm no na modi so. Na Yohane Osubɔni baeɛ no, ɔbɛkaa Onyankopɔn Ahennie ho nsɛm kyerɛɛ mo, enti, nnipa repere sɛ wɔbɛkɔ saa Ahennie no mu. 17Ɛyɛ mmerɛ sɛ ɔsoro ne asase bɛtwam sene sɛ mmara no mu nsensaneɛ ketewa baako mpo bɛyera.

18“Obiara a ɔgyaa ne yere awadeɛ na ɔware ɔfoforɔ no bɔ adwaman; na deɛ ɔware ɔbaa biara a ne kunu agyaa no no nso, bɔ adwaman.”

Ɔdefoɔ Bi Ne Lasaro

19Yesu toaa so kaa sɛ, “Ɔdefoɔ bi tenaa ase a na daa ɔfira ntoma pa na ɔgye nʼani yie nso. 20Na ɔbarima hiani bi a akuro atutu no a wɔfrɛ no Lasaro no nso da nʼaboboano. 21Ɔbarima yi kɔn dɔɔ sɛ anka ɔbɛnya aduane a ɔdefoɔ no adi ama aka no bi adi. Saa ɛberɛ korɔ no ara mu na nkraman ba baabi a na ohiani no da hɔ no bɛtaferetafere nʼakuro no mu.

22“Ohiani no wuiɛ maa abɔfoɔ bɛfaa no kɔtenaa Abraham nkyɛn. Ɔdefoɔ no nso wuiɛ ma wɔsiee no. 23Ɔdefoɔ no wɔ asaman a ne ho yera no no, ɔmaa nʼani so hunuu Lasaro sɛ ɔte Abraham nkyɛn. 24Ɔdefoɔ no teaam sɛ, ‘Agya Abraham, mesrɛ wo, hunu me mmɔbɔ na soma Lasaro na ɔmfa ne nsateaa ano nkɔbɔ nsuo mu mfa mmɛsɔ me tɛkrɛma so, na me ho yera me.’

25“Abraham buaa no sɛ, ‘Me ba, kae sɛ wote ewiase no, wodii dɛ na Lasaro dii yea, nanso afei na ɔredi dɛ ɛnna wo nso woredi yea. 26Ɛnyɛ yei nko, ɛbɔn kɛseɛ da yɛn ne mo ntam a ɛno enti, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfiri ha ba mo nkyɛn hɔ ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfiri mo nkyɛn hɔ ba ha no nso rentumi mma.’

27“Ɔdefoɔ no sane ka kyerɛɛ Abraham sɛ, ‘Agya, mesrɛ wo, soma Lasaro kɔ mʼagya efie, 28ɛfiri sɛ, mewɔ nuammarimanom baanum. Ma ɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn mu biara remma saa ahoyera yi mu bi.’

29“Abraham buaa no sɛ, ‘Wɔwɔ nsɛm a Onyankopɔn nam Mose ne adiyifoɔ no so aka enti ma wɔntie na wɔnni so.’

30“Ɔdefoɔ yi kaa bio sɛ, ‘Agya Abraham, deɛ woreka yi wom deɛ, nanso sɛ obi firi asaman ha kɔbɔ wɔn kɔkɔ deɛ a, wɔbɛnu wɔn ho.’

31“Abraham buaa sɛ, ‘Sɛ wɔantie deɛ Onyankopɔn nam Mose ne adiyifoɔ no so aka no a, saa ara nso na sɛ obi firi asaman ha kɔkasa kyerɛ wɔn a, wɔrentie no ara no no.’ ”