詩篇 58 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

詩篇 58:1-11

第 58 篇

祈求上帝懲罰惡人

大衛作的詩,交給樂長,調用「休要毀壞」。

1你們做官長的主持公道嗎?

你們的審判公正嗎?

2不,你們心中圖謀不義,

你們在地上行兇作惡。

3惡人生下來就步入歧途,

一出母胎就離開正道,

謊話連篇。

4他們像噴出毒液的毒蛇,

又像耳聾的眼鏡蛇,

5任法師的邪術再高超,

也聽不見他的咒語。

6上帝啊,求你敲碎他們的牙齒;

耶和華啊,

求你拔掉這些猛獅的利齒。

7願他們如流水逝去,

願他們彎弓搭箭時箭頭折斷。

8願他們像蝸牛一樣溶為爛泥,

又如流產的胎兒不見天日。

9刹那間,

荊棘還沒有把鍋燒熱的工夫,

上帝必除滅他們。

10義人必因惡人遭報而歡欣,

並用惡人的血洗腳。

11這樣,人們必說:

「義人終有善報,

確實有一位審判天下的上帝。」

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 58:1-11

Dwom 58

Dawid “miktam” dwom.

1Mo sodifoɔ, ampa ara, moka asɛm a ɛtene anaa?

Mobu atɛntenenee wɔ nnipa mu anaa?

2Dabi! Modwene ntɛnkyea wɔ mʼakomam

na mo nsa de akakabensɛm ba asase so.

3Amumuyɛfoɔ fom kwan firi awoɔ mu;

wɔyɛ mmaratofoɔ firi awotwaa mu na wɔdi atorɔ.

4Wɔn ano ɛborɔ te sɛ ɔwɔ deɛ.

Ɛte sɛ ɔprammire a watɛn nʼaso,

5a ɔnte ntafowayifoɔ dwom,

na ne dwom dɛɛdɛ no mpo mfa ne ho.

6Ao Onyankopɔn, bubu ɛse a ɛgu wɔn anom,

Ao Awurade, tutu agyata no sebɔmmɔfoɔ no gu!

7Ma wɔntwa mu nkɔ sɛ nsunsuan;

sɛ wɔtwe wɔn agyan a, ma wɔn bɛmma no ano nwu.

8Ma wɔnyɛ sɛ nwa pɛkyɛpɛkyɛ bi a ɔretene kɔ.

Ma wɔnyɛ sɛ ɔba a ɔwu wɔ awoeɛ na ɔnhunu owia.

9Ansa na mo nkukuo bɛte nkasɛɛ ano yea,

sɛ ɛyɛ mono anaa deɛ awo no, wɔbɛpra amumuyɛfoɔ akɔ.

10Sɛ wɔtua amumuyɛfoɔ ka a, ateneneefoɔ ani bɛgye,

na wɔbɛhohoro wɔn nan ho wɔ amumuyɛfoɔ mogya mu.

11Afei nnipa bɛka sɛ, “Ampa ara, ateneneefoɔ kɔ so nya wɔn akatua;

na ampa ara Onyankopɔn bi wɔ hɔ a ɔbu ewiase atɛn.”