羅馬書 12 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

羅馬書 12:1-21

為事奉上帝而活

1所以,弟兄姊妹,我憑上帝的憐憫勸你們獻上自己的身體,作聖潔、蒙上帝悅納的活祭。你們理當這樣事奉。 2你們不可追隨世界的潮流,要隨著思想的不斷更新而改變,這樣就能明辨上帝的旨意,知道什麼是良善、純全、蒙祂悅納的。

3我憑上帝賜給我的恩典勸告各位,不要自視過高,要照著上帝賜給各人的信心中肯地看待自己。 4就像我們身體的各部分有不同的功能, 5我們眾人在基督裡組成一個身體,彼此聯結,息息相關。 6我們照所得的恩典各有不同的恩賜。說預言的,要按著信心的程度說預言; 7服侍的,要忠心服侍;教導的,要專一教導; 8勸勉的,要誠心勸勉;施捨的,要慷慨施捨;治理的,要殷勤治理;憐憫的,要甘心憐憫。

相愛相顧

9不可虛情假意地愛人。要嫉惡如仇,一心向善。 10要彼此相愛如同手足,互相尊重,彼此謙讓。 11要殷勤,不可懶惰,要常常火熱地事奉主。 12盼望中要有喜樂,患難中要堅忍,禱告要恆切。 13信徒有缺乏,要慷慨幫助;客人來訪,要熱誠款待。 14迫害你們的,要為他們祝福;要祝福,不可咒詛。 15要與喜樂的人同樂,與哀哭的人同哭。 16要彼此和睦,不可心高氣傲,反要俯就卑微的人,不可自以為聰明。

17不要以惡報惡。要尊重別人,眾人都認為好的事,應該竭力去做。 18如果可能,總要盡力與人和睦相處。 19親愛的弟兄姊妹,不要私自報復,要讓上帝來審判,因為聖經上說:

「主說,『伸冤在我,我必報應。』」

20所以,

「你的仇敵若餓了,就給他吃的;

若渴了,就給他喝的;

你這樣做是把炭火堆在他頭上。」

21你不可被惡所勝,反要以善勝惡。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Romafo 12:1-21

Afɔrebɔ A Ɛte Ase Ma Onyankopɔn

1Ɛno nti, anuanom, esiane Onyankopɔn ahummɔbɔ nti, mehyɛ mo sɛ momfa mo ho mmɔ afɔre a ɛyɛ kronkron na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Eyi ne nokwasɛm a ɛsɛ sɛ muso mu. 2Monnyɛ mo ho sɛ wiasefo wɔ mo abrabɔ mu, na mmom momma Onyankopɔn nsakra mo adwene wɔ mo mu, na moanya adwene foforo, na ɛnam so ama moahu Onyankopɔn apɛde, nea eye, nea ɛsɔ nʼani ne nea ewie pɛyɛ.

3Na esiane Onyankopɔn adom a ɔde ama me no nti, meka kyerɛ mo nyinaa se, monnnwene mo ho mma ɛmmoro sɛnea ɛsɛ sɛ modwene, na mmom monnwene mo ho ahobrɛase mu, na mo mu biara nnyina gyidi a Onyankopɔn de ama mo no so. 4Sɛnea yɛn mu biara wɔ nipadua a ho akwaa yɛ bebree, na saa akwaa yi mu biara wɔ dwuma a edi no, 5saa ara na Kristo mu no yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ nipadua baako, na akwaa biara yɛ akwaa no nyinaa dea. 6Yɛwɔ akyɛde ahorow sɛnea wɔde adom yɛn no. Sɛ obi akyɛde yɛ nkɔmhyɛ a, ma onnyina ne gyidi so mfa nyɛ adwuma. 7Sɛ ɛyɛ ɔsom a, ma ɔnsom. Sɛ ɛyɛ nkyerɛkyerɛ a, ma ɔnkyerɛkyerɛ. 8Sɛ ɛsɛ sɛ yɛhyɛ afoforo nkuran a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa; sɛ ɛyɛ mmoa a ɔde boa afoforo a, ma omfi koma pa mu nyɛ; sɛ ɛyɛ akwankyerɛ a, ma no mfa nsi nyɛ; sɛ ɛyɛ ayamye a, ma ɔmfa anigye nyɛ.

Onuadɔ

9Ɛsɛ sɛ ɔdɔ yɛ nokware turodoo. Munkyi amumɔyɛ. Mommata nea eye ho. 10Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho mo ho. Munni afoforo ni nsen mo ho. 11Monkɔ so nyɛ nsi, monyɛ hyew wɔ honhom mu, na momfa ahosɛpɛw nsom Awurade. 12Munnya anidaso mu anigye, amanehunu mu boasetɔ, na momfa gyidi mmɔ mpae. 13Mone Onyankopɔn nkurɔfo a ahia wɔn no nkyɛ nea mowɔ. Mommɔ ahɔhoyɛ ho mmɔden.

14Munhyira wɔn a wɔtaa mo no. Munhyira wɔn, na monnnome wɔn. 15Mo ne anigyefo ani nnye, na mo ne asufo nsu. 16Mo ne afoforo ntena asomdwoe mu. Monnyɛ ahantan, na mmom momfa mo ho mmɔ mmɔborɔfo. Mummmu mo ho anyansafo.

17Mommfa bɔne ntua bɔne biara so ka. Monyɛ nea ɛbɛma nnipa de nidi ama mo. 18Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne obiara ntena asomdwoe mu. 19Monntɔ were me nnamfonom, na mmom momma Onyankopɔn abufuw ho kwan efisɛ wɔakyerɛw se, “Me na aweretɔ wɔ me, metua ka,” Awurade na ose. 20Nanso,

“Sɛ ɔkɔm de wo tamfo a, ma no aduan nni;

sɛ osukɔm de no a, ma no nsu nnom.

Na sɛ woyɛ saa a, woboaboa nnyansramma ano gu nʼatifi.”

21Mommma bɔne nni mo so. Mmom, momfa papa nni bɔne so.