約書亞記 9 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

約書亞記 9:1-27

以色列人被基遍人欺騙

1住在約旦河西的山區、丘陵以及地中海沿岸、遠至黎巴嫩的諸王,就是那些人、亞摩利人、迦南人、比利洗人、希未人和耶布斯人的王聽說這件事, 2就聯合起來對抗約書亞以色列人。 3基遍的居民聽說約書亞耶利哥城所做的事, 4便想出一個詭計來。他們裝作特使,把舊皮袋和縫補過的酒囊馱在驢背上, 5穿著縫補過的舊鞋和破爛衣服,帶著又乾又發黴的餅, 6吉甲營去見約書亞。他們對約書亞以色列人說:「我們從很遠的地方來求你們跟我們締結盟約。」 7以色列人對這些希未人說:「你們也許就住在附近。我們怎麼能跟你們締結盟約呢?」 8他們對約書亞說:「我們是你的奴僕。」約書亞說:「你們是什麼人?從哪裡來?」 9他們答道:「僕人們從很遠的地方來。我們聽說了你的上帝耶和華的威名,聽說了祂在埃及的一切作為, 10以及祂怎樣對付約旦河東的兩個亞摩利王——希實本西宏亞斯她錄巴珊11因此,我們的長老和人民就派我們帶著乾糧來迎接你們,甘做你們的僕人,希望跟你們締結盟約。 12我們出來的時候帶的餅是熱的,看啊,現在又乾又發黴了。 13這些皮酒囊原來也是新的,但現在已經破了。因為長途跋涉,我們的衣服和鞋子也都破舊不堪了。」 14以色列人接受了他們的食物,卻沒有求問耶和華。 15約書亞與他們立了和平盟約,容他們存活,會眾的首領也向他們起誓守約。

16立約三天後,以色列人才發現他們原來就住在附近。 17以色列人啟程,走了三天來到他們居住的基遍基非拉比錄基列·耶琳各城。 18會眾的首領曾憑以色列的上帝耶和華向他們起過誓,所以不能殺他們。全體會眾因此向首領大發怨言。 19首領便對全體會眾說:「我們曾憑以色列的上帝耶和華向他們起誓,我們現在不能動他們。 20我們要容他們存活,免得我們因違背誓言而惹耶和華發怒。」 21首領又說:「就容他們存活吧。」首領就叫他們為全體會眾劈柴挑水。

22於是,約書亞召來他們,對他們說:「你們為什麼要欺騙我們,說你們住得很遠?其實你們就住在附近。 23因此,你們是受咒詛的。你們要永遠做奴僕,為我上帝的殿劈柴挑水。」 24他們答道:「僕人們這樣做是因為害怕喪命。我們聽說你的上帝耶和華曾經應許祂僕人摩西,要把這整片土地都賜給你們,並要將這裡的居民殺盡。 25現在我們既然落在你的手中,你們想怎樣對待我們就怎樣對待吧。」 26約書亞不讓以色列人加害他們,因此他們沒有被殺死。 27那天,約書亞讓他們在耶和華指定的地方,為會眾和耶和華的祭壇劈柴挑水。他們至今仍做這樣的工作。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yosua 9:1-27

Gibeonfo Daadaa Israelfo

1Afei, ahemfo a wɔwɔ Yordan atɔe fam no nyinaa tee nsɛm a asisi. Eyinom ne Hetifo, Amorifo, Kanaanfo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo ahemfo a na wɔtete mmepɔw nsase a ɛwɔ atɔe fam mmepɔw no ase ne Po Kɛse no mpoano kosi Lebanon atifi fam mmepɔw no so tɔnn. 2Saa ahemfo yi boaa wɔn nsraadɔm ano ntɛm so sɛ wɔbɛko atia Yosua ne Israelfo.

3Nanso Gibeonfo tee asɛm a ato Yeriko ne Ai no, 4wɔfaa nnaadaa kwan so de gyee wɔn ho nkwa. Wɔsomaa ananmusifo kɔɔ Yosua nkyɛn. Wɔde nkotoku a atetew ne mmoa nhoma nsa nkotoku a ayɛ dedaw na wɔatetare mu soaa wɔn mfurum. 5Wɔhyehyɛɛ ntade dedaw ne mpaboa a akyɛ na wɔapempam. Afei wɔfaa brodo a abɔ ntuw sɛ wɔn aduan. 6Woduu Israelfo atenae wɔ Gilgal no, wɔka kyerɛɛ Yosua ne Israel mmarima no se, “Yefi akyirikyiri man bi so na aba rebɛsrɛ mo sɛ mo ne yɛn nyɛ asomdwoe apam.”

7Israelfo no buaa saa Hewifo9.7 Na Hewifo yɛ nnipa bi a wɔn ase fi Mesopotamia. 2 Samuel mu, wɔka se wɔyɛ Amonfo. yi sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na yɛahu sɛ monnte mmɛn ha? Efisɛ sɛ ɛte saa a, yɛrentumi ne mo nnyɛ apam.”

8Wobuae se, “Yɛbɛyɛ mo asomfo.”

Yosua bisaa wɔn se, “Moyɛ ɛhefo na mufi he?”

9Wobuaa se, “Yefi akyirikyiri asase bi so. Yɛate Awurade, mo Nyankopɔn no kɛseyɛ ne nea ɔyɛɛ wɔ Misraim nyinaa. 10Afei yɛate nea ɔyɛɛ Amorifo ahemfo baanu wɔ Asubɔnten Yordan apuei fam, Hesbonhene Sihon ne Basanhene Og (a ɔtenaa Astarot no). 11Ɛno nti, yɛn mpanyimfo ne ɔmanfo no ka kyerɛɛ yɛn ɔhyɛ so sɛ, ‘Munsiesie mo ho mma akwantu tenten. Munkohyia Israelfo na mompae mu nka se “Yɛn nkurɔfo bɛyɛ wɔn asomfo na mompere asomdwoe.” ’ 12Yɛresi mu no, na brodo yi yɛ hyerehyere a efi fonoo mu. Nanso sɛnea muhu no, akyenkyen na abɔ ntuw. 13Saa mmoa nhoma nsa nkotoku yi, bere a yɛde nsa guu mu no na ɛyɛ foforo, nanso mprempren, apaapae ayɛ dedaw. Na yɛn ntade ne mpaboa nso, esiane akwantu tenten nti, atetew.”

14Enti Israelfo no hwehwɛɛ wɔn brodo no ho nanso wɔammisa Awurade. 15Yosua kɔɔ so ne wɔn yɛɛ asomdwoe apam no na Israel mpanyimfo no kekaa ntam a emu yɛ den nam so gye too mu.

16Nnansa akyi no, nokware no daa adi sɛ saa nnipa a wɔyɛ Gibeonfo no te bɛn. 17Enti Israelfo no anna so koraa na wɔyɛɛ sɛ wɔbɛyɛ nhwehwɛmu. Nnansa akyi no woduu wɔn nkurow no so. Saa nkurow no ne Gibeon, Kefira, Beerot ne Kiriat-Yearim. 18Nanso Israelfo no antow anhyɛ nkurow no so, efisɛ na wɔn mpanyimfo aka ntam akyerɛ Awurade, Israel Nyankopɔn.

Esiane Apam no nti, Israelfo no nwiinwii hyɛɛ wɔn mpanyimfo no. 19Na mpanyimfo no buae se, “Yɛaka ntam wɔ Awurade, Israel Nyankopɔn anim. Yɛrentumi mfa yɛn nsa nka wɔn. 20Ɛsɛ sɛ yɛma wɔtena. Sɛ yebu yɛn ntam no so a, Onyankopɔn bo befuw yɛn. 21Momma wɔntena. Nanso, yɛbɛma wɔabu nnua, akɔ asu ama asafo no nyinaa.” Enti Israelfo no dii bɔ a wɔahyɛ Gibeonfo no so.

22Na Yosua frɛɛ Gibeonfo mpanyimfo no bisaa wɔn se, “Adɛn nti na mutwaa atoro kyerɛɛ yɛn? Adɛn nti na mokaa se mote akyirikyiri asase so wɔ bere a mote yɛn mu pɛɛ? 23Nnome mmra mo so! Efi nnɛ rekɔ, mubebu nnua, atwe nsu de akɔ me Nyankopɔn fi.”

24Wobuaa Yosua se, “Yɛyɛɛ saa, efisɛ wɔka kyerɛɛ yɛn se, Awurade, mo Nyankopɔn hyɛɛ ne somfo Mose sɛ ɔmmɛko nni saa asase yi nyinaa so na ɔnsɛe nnipa a wɔte so nyinaa. Yesuroo sɛ mubekunkum yɛn. Ɛno nti na ɛma yɛyɛɛ saa. 25Mprempren yɛdan mo. Nea mususuw sɛ eye ma mo biara no, monyɛ.”

26Yosua amma Israelfo no ankum wɔn. 27Na ɛda no, ɔmaa Gibeonfo no yɛɛ nnuabufo ne asukɔfo maa Israelfo ne Awurade afɔremuka no wɔ baabiara a Awurade bɛka sɛ wonsi no no. Saa nhyehyɛe no wɔ hɔ de besi nnɛ.