約拿書 4 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

約拿書 4:1-11

1這事令約拿十分不悅,非常惱怒。 2他向耶和華禱告說:「耶和華啊,我在家鄉的時候豈不早就說過你會這樣做嗎?我知道你是一位有恩典、有憐憫的上帝,不輕易發怒,充滿慈愛,不忍心降災,所以我才急速逃往他施3耶和華啊,求你收回我的性命吧,我死了比活著還好!」 4耶和華對他說:「你這樣大發脾氣合理嗎?」

5於是,約拿跑到城外,在城東為自己搭了一個棚,坐在棚下蔭涼處,要看看尼尼微城究竟會怎樣。 6後來,耶和華上帝安排了一棵蓖麻迅速地長起來,為約拿遮蔭,使他的頭免受日曬。約拿因有這棵蓖麻而非常歡喜。 7第二天黎明的時候,上帝卻安排了一條蟲來咬這棵蓖麻,蓖麻就枯萎了。 8太陽出來的時候,上帝颳起燥熱的東風,烈日把約拿曬得發昏,他就再次求死說:「我死了比活著還好!」

9上帝對約拿說:「你為這棵蓖麻大發脾氣合理嗎?」約拿回答說:「我就是氣死了也合理。」 10耶和華說:「這棵蓖麻不是你種的,也不是你栽培的,它在一夜之間長成,又在一夜之間死去,你尚且如此愛惜, 11我怎能不愛惜這尼尼微大城呢?城中單是連左右手都分不清的人就有十二萬多,還有許多的牲畜。」

Asante Twi Contemporary Bible

Yona 4:1-11

Yona Abufuo Wɔ Awurade Ahummɔborɔ Ho

1Yona bo annwo koraa, na ne bo fuiɛ. 2Ɔbɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ, “Ao Awurade, ɛberɛ a na mewɔ fie no, ɛnyɛ sei na mekaeɛ? Yei enti na meperee sɛ medwane akɔ Tarsis no, ɛfiri sɛ na menim sɛ, woyɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunu Onyankopɔn a wo bo kyɛre fu, na wodɔ boro so. Woyɛ Onyankopɔn a ɔtwentwɛnee ne nan ase wɔ bɔne amanehunu ho. 3Enti Ao Awurade! Gye me nkwa firi me nsɛm. Ɛyɛ ma me sɛ mɛwu sene sɛ mɛtena ase.”

4Na Awurade buaa sɛ, “Ɛyɛ sɛ wo bo fu saa asɛm yi ho anaa?”

5Na Yona kɔɔ kuropɔn no apueeɛ fam baabi kɔtenaa hɔ. Ɔbɔɔ apata tenaa ne nwunu no mu, twenee deɛ ɛbɛba kuropɔn no so. 6Na Awurade Onyankopɔn maa bobe dua bi nyinii ntɛm ntɛm wɔ nʼatifi na ɛmaa Yona nyaa ahomeka, na nʼani gyee dua no ho. 7Nanso ahemadakye no, Onyankopɔn maa ɔsa bɛwee bobe dua maa nhahan no poeɛ. 8Awia pueeɛ no, Onyankopɔn ma apueeɛ mframa bi a emu yɛ hyeɛ bɔeɛ na awia hyee Yona apampam ma ɔtɔɔ bira. Ɔpɛɛ sɛ ɔwu, na ɔkaa sɛ, “Ɛyɛ ma me sɛ mewu sene sɛ metena ase.”

9Onyankopɔn bisaa Yona sɛ, “Ɛyɛ sɛ wofa abufuo wɔ dua no ho anaa?”

Yona buaa sɛ, “Aane, me bo afu, na sɛ mɛwu a anka mepa.”

10Na Awurade kaa sɛ, “Dua yi ho asɛm aha wo, nanso woanni ho dwuma biara, na ɛnyɛ wo na woma ɛnyiniiɛ. Ɛfifirii ntɛm ntɛm na ɛwuu ntɛm ntɛm. 11Nanso nnipa mpem ɔha ne aduonu wɔ Ninewe a wɔnnim wɔn benkum ne wɔn nifa. Na mmoa bebree nso wɔ hɔ. Ɛnsɛ sɛ mema Ninewe kuropɔn kɛseɛ yi ho asɛm ha me anaa?”