箴言 23 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

箴言 23:1-35

1你若與官長同席,

要注意面對的是誰。

2如果你是貪吃的人,

就要節制食慾23·2 節制食慾」希伯來文是「把刀放在喉嚨上」。

3不可貪戀他的美食,

這美食是圈套。

4別為錢財耗盡心力,

要明智,適可而止。

5錢財眨眼之間消逝無蹤,

它必長出翅膀如鷹飛去。

6不要吃吝嗇人的飯,

不可貪圖他的美味。

7因為他總是精於算計,

嘴上說「請吃,請喝」,

心裡卻另有盤算。

8你必嘔出所吃的那點飯,

你說的美言都必枉費。

9不要和愚人說話,

他必藐視你的智言。

10不可挪移古時的界石,

不可侵佔孤兒的田地。

11因他們的救贖主強大,

祂必對付你,替他們伸冤。

12你要專心接受教誨,

側耳傾聽智言。

13不要疏於管教孩子,

杖責不會使他斃命,

14杖責能救他脫離死亡。

15孩子啊,

你若心裡有智慧,

我心裡也會歡喜。

16你的口若說正直的話,

我的內心也歡暢不已。

17不要心裡羡慕罪人,

要終日敬畏耶和華。

18這樣,你必前途光明,

你的盼望不會幻滅。

19孩子啊,聽我的話,

要有智慧,心守正道。

20不要結交酒肉朋友,

21因為好酒貪吃者必窮困,

貪睡的人必穿破衣爛衫。

22要聽從生養你的父親,

不可輕視年老的母親。

23要買真理、智慧、教誨和悟性,

不可賣掉。

24義人的父親喜樂無限,

智慧之子使父母歡欣。

25你要使父母快樂,

叫生你的人歡欣。

26孩子啊,把你的心交給我,

歡然走我的道路。

27妓女是深坑,淫婦是陷阱;

28她像強盜般埋伏,

使世間增添奸徒。

29誰有災禍?誰有憂傷?

誰有爭吵?誰有怨言?

誰無故受傷?誰兩眼發紅?

30就是那些沉迷醉鄉,

品嚐醇和之酒的人!

31雖然鮮紅的酒在杯中閃爍,

喝下去痛快,但不要盯著它。

32它終必像蛇一樣傷你,

像毒蛇一樣咬你。

33你的眼會看見怪異的景象,

你會神智不清,胡言亂語。

34你好像躺在怒海中,

又像臥在桅杆頂上。

35你會說:「人打我,我不痛;

人揍我,我不知。

什麼時候醒了,再乾一杯!」

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mmebusɛm 23:1-35

1Sɛ wo ne ɔhene bi to nsa didi a,

hwɛ nea esi wʼanim no yiye,

2Sɛ woyɛ adidibrada a,

hyɛ wo ho so.

3Nni nʼaduan akɔnnɔ akɔnnɔ no akyi,

efisɛ saa aduan no daadaa nnipa.

4Mmiri wo mogya ani mpɛ sika;

hu nyansa na tɔ wo bo ase.

5Wʼani bɔɔ sika so ara pɛ, na atu ayera,

ampa ara ebefuw ntaban

na atu akɔ wim sɛ ɔkɔre.

6Nni obi a ɔyɛ pɛpɛe aduan,

nni nʼakɔnnɔ aduan akyi;

7efisɛ ɔyɛ obi a

bere biara osusuw sika ho.

Ɔka se, “Didi na nom,”

nanso ɛnyɛ ne koma mu.

8Kakra a woadi no wobɛfe,

na ɛno nti wo nkamfo so remma mfaso.

9Nkasa nkyerɛ ɔkwasea,

efisɛ ɔremfa nyansa a ɛwɔ wo kasa mu no.

10Ntutu tete abo a wɔde ato hye ngu,

na ntra ɔhye nkɔ ayisaa mfuw mu,

11efisɛ wɔn Gyefo yɛ den,

na obedi wɔn asɛm ama wɔn.

12Ma wo koma mmra nkyerɛkyerɛ so,

na wɛn wʼaso tie nimdeɛ.

13Ntwentwɛn abofra nteɛso so;

sɛ wode abaa teɛ no a, ɔrenwu.

14Fa abaa twe nʼaso

na gye ne kra fi owu mu.

15Me ba, sɛ wo koma hu nyansa a,

ɛno de, me koma ani begye;

16sɛ wʼano ka nea ɛteɛ a

me mu ade nyinaa ani begye.

17Mma wʼani mmere abɔnefo,

mmom bɔ Awurade suro ho mmɔden bere biara.

18Ampa ara anidaso wɔ hɔ ma wo daakye,

na wʼanidaso renyɛ ɔkwa.

19Me ba, tie, na hu nyansa,

ma wo koma mfa ɔkwantrenee so.

20Mfa wo ho mmɔ akɔwensafo

anaasɛ wɔn a wɔpɛ nam mmoroso ho,

21efisɛ, akɔwensafo ne adidibradafo bɛyɛ ahiafo,

na anikum fura wɔn ntamagow.

22Tie wʼagya a ɔwoo wo no,

na sɛ wo na bɔ aberewa a, mmu no animtiaa.

23Tɔ nokware na ntɔn da;

nya nyansa, ahohyɛso ne nhumu.

24Ɔtreneeni agya wɔ anigye bebree;

nea ɔwɔ ɔba nyansafo no ani gye ne ho.

25Ma wʼagya ne wo na ani nnye;

ma ɔbea a ɔwoo wo no nnya ahosɛpɛw.

26Me ba, fa wo koma ma me

na ma wʼani nkɔ mʼakwan ho,

27na oguamanfo yɛ amoa donkudonku

ɔyere huhuni yɛ ɔdaadaafo.

28Ɔtɛw, twɛn, te sɛ ɔkwanmukafo,

na ɔma mmarima mu atorofo dɔɔso.

29Hena na wɔadome no? Hena na odi awerɛhow?

Hena na odi aperepere? Hena na onwiinwii?

Hena na ɔwɔ atape nko ara? Hena na mogya ada nʼani so?

30Wɔn a wɔkyɛ nsa ho,

na wɔka nsa a wɔafrafra hwɛ.

31Nhwɛ nsa ani kɔkɔɔ no haa,

bere a ɛretwa yerɛw yerɛw wɔ kuruwa mu,

na ɛkɔ yɔɔ no.

32Awiei no, ɛka te sɛ ɔwɔ

na ɛwɔ bɔre te sɛ ahurutoa.

33Wʼani behu nneɛma a wunhuu da,

na woadwene nneɛma basabasa ho.

34Wobɛtɔ ntintan te sɛ hyɛn mu dwumayɛni a,

okura hyɛn dua a, ɛrehinhim mu den, na ehinhim wɔ po so.

35Na wobɛka se, “Wɔbɔ me, nanso mimpira.

Wɔboro me, nanso mente ɔyaw biara.

Bere bɛn na menyan

akɔpɛ nsa anom bio?”