申命記 23 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

申命記 23:1-25

會眾的資格

1「凡睪丸受損或被閹割的,不可加入耶和華的會眾。

2「私生子及其十代以內的子孫都不可加入耶和華的會眾。

3亞捫人或摩押人及其十代以內的子孫都不可加入耶和華的會眾。 4因為在你們離開埃及的途中,他們沒有用水和食物款待你們,還雇用美索不達米亞毗奪人——比珥的兒子巴蘭咒詛你們。 5但你們的上帝耶和華不聽巴蘭的話,反而把咒詛變為祝福,因為祂愛你們。 6你們一生一世永不可為他們謀求平安和好處。

7「不可憎惡以東人,因為他們是你們的弟兄;也不可憎惡埃及人,因為你們曾經在埃及寄居。 8他們的第三代子孫可以加入耶和華的會眾。

保持軍營聖潔的條例

9「你們出兵征戰時,一定要遠離惡事。 10如果有人因夢遺而不潔淨,他就要離開營地住在營外。 11傍晚他要沐浴,日落才可以回營。 12要在營外指定一個地方作方便之處。 13你們每人都要有一把鏟子,便溺時要挖個洞,事後要掩埋。 14因為你們的上帝耶和華常在營中巡視,要保護你們,擊敗你們的仇敵。軍營必須保持聖潔,免得祂在你們中間看到任何污穢之事,便離開你們。

其他條例

15「如果有奴隸逃到你們那裡避難,不可把逃亡的奴隸送交他們的主人。 16要讓他們在你們當中選擇他們喜歡的城邑與你們同住,不可壓迫他們。

17「任何以色列人,不論男女,都不可做廟妓。 18不可把男女廟妓的收入帶到你們上帝耶和華的殿還願,因為你們的上帝耶和華憎惡他們。

19「你們借給同胞錢、糧食或其他任何東西,都不可收取利息。 20你們可以向外族人收取利息,但不可向同胞收取。這樣,在你們將要佔領的土地上,你們的上帝耶和華必使你們凡事蒙福。

21「如果你們向你們的上帝耶和華許願,不可遲遲不還願,因為你們的上帝耶和華必追討許願不還的罪。 22如果你們不許願,反倒無罪; 23但如果你們親口許了願,一定要向你們的上帝耶和華信守諾言。

24「如果你們進了鄰居的葡萄園,可以隨意吃,但不可把葡萄放在籃子裡帶走。 25如果你們進了鄰居的麥田,可以用手摘麥穗,但不可用鐮刀割麥子。

Akuapem Twi Contemporary Bible

5 Mose 23:1-25

Nnipa A Wɔmfata Awurade Bagua Asekɔ

1Ɔbarima a wɔasa no anaa wɔatwa ne barima akyene no mma Awurade bagua ase.

2Wɔn a wɔyɛ mpenamma ne wɔn aseni biara, mpo enkosi awo ntoatoaso du no, mma Awurade bagua ase.

3Amonfo anaa Moabfo anaasɛ wɔn asefo biara, mpo enkosi awo ntoatoaso du no mu biara mma Awurade bagua ase. 4Saa aman yi annye mo, amma mo aduan anaasɛ nsu, bere a mufi Misraim reba no. Mmom, wɔkɔbɔɔ Beor babarima Balaam a ofi Petor a ɛwɔ Mesopotamia paa sɛ ɔmmɛdome mo. 5Nanso Awurade, mo Nyankopɔn no, antie Balaam. Ɔdan nnome no maa ɛyɛɛ nhyira maa mo, efisɛ Awurade mo Nyankopɔn no, dɔ mo. 6Na sɛ mote ase yi, mo ne Amonfo ne Moabfo nnyɛ ayɔnkofa apam koraa.

7Munnkyi Edomfo anaa Misraimfo, efisɛ Edomfo yɛ mo nuanom, na motenaa Misraimfo nso mu sɛ ahɔho. 8Wɔn awo ntoatoaso abiɛsa so mma no betumi akɔ Awurade bagua ase.

Atenae Hɔ Afide

9Sɛ mokɔ ɔko de tia mo atamfo a, montwe mo ho mfi nea ɛho ntew biara ho. 10Sɛ ɔbarima bi ho gu fi esiane anadwo mu ho nsu a ɛsen a, ɛsɛ sɛ ofi atenae hɔ kɔtena baabi da mu no nyinaa. 11Edu anwummere a, ɛsɛ sɛ oguare na owia kɔtɔ a, otumi san ba atenae hɔ.

12Muntwa asraafo atenae hɔ baabi nto hɔ a mubegya mo anan. 13Mofa biribi nka ne nneɛma ho a mode betu fam. Bere biara a mubegya mo anan no, momfa sofi no ntu amoa na monkata agyanan no so. 14Ɛsɛ sɛ asraafo atenae hɔ yɛ kronkron, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, nam mo atenae no so bɔ mo ho ban na moadi mo atamfo so nkonim. Ɛnsɛ sɛ ohu animguasede biara wɔ mo mu; sɛ ɛba saa a, ɔbɛdan nʼakyi akyerɛ mo.

Asetena Pa Ho Mmara

15Sɛ nkoa guan ba mo nkyɛn bɛbɔ wɔn ho aguaa a, munnyi wɔn mma wɔn wuranom. 16Momma wɔntena mo mu wɔ kurow biara a wɔpɛ so a monnyɛ wɔn ayayade.

17Ɛnsɛ sɛ Israelni barima anaa ɔbea biara yɛ nsɔree so oguamanfo. 18Mommfa afɔrebɔde anaa adenya bi a efi oguamanfo nkyɛn, sɛ ɔyɛ ɔbarima anaa ɔbea, mma Awurade, mo Nyankopɔn no, fi, efisɛ ɛyɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, akyiwade.

19Bosea a mobɔ mo yɔnko Israelni no, sɛ ɛyɛ sika, aduan anaa biribi foforo bi a wogye ho mfɛntom no, monnnye ho mfɛntom. 20Mutumi gye bosea ho mfɛntom fi ahɔho nkyɛn na nyɛ Israelfo nkyɛn sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn no, behyira mo wɔ biribiara a moyɛ mu wɔ asase a morekɔ so akɔfa no so.

21Sɛ mohyɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, bɔ a, biribiara a mohyɛɛ no ho bɔ no, monyɛ no ntɛm so. Efisɛ ɛdan dɛn ara a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛdan mo ka na mubedi bɔne ho fɔ. 22Nanso sɛ moanhyɛ biribiara ho bɔ a, monyɛɛ bɔne biara. 23Na sɛ wo ara wufi wo pɛ mu hyɛ bɔ a, hwɛ yiye na di asɛm a woaka no so, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, na woafi wo pɛ mu de wʼano ahyɛ no bɔ.

24Wutumi di bobe aba dodow biara a wopɛ wɔ wo yɔnko bobeturo mu, nanso mfa bi ngu kɛntɛn mu nkɔ. 25Saa ara na mubetumi de mo nsa abubu atoko kakra wɔ mo yɔnko afum, nanso ɛnsɛ sɛ mode afoa twa.