歷代志下 29 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

歷代志下 29:1-36

猶大王希西迦

1希西迦二十五歲登基,在耶路撒冷執政二十九年。他母親叫亞比雅,是撒迦利雅的女兒。 2希西迦效法他祖先大衛,做耶和華視為正的事。

潔淨聖殿

3希西迦元年一月,他開啟耶和華殿的門,重新修理。 4他把眾祭司和利未人召集在東邊的廣場, 5對他們說:「利未人啊,請聽我說!現在你們要潔淨自己,也要潔淨你們祖先的上帝耶和華的殿,除去聖所中的污穢之物。 6我們的祖先行事不忠,做我們的上帝耶和華視為惡的事,背棄祂,轉臉背向祂的居所。 7他們封鎖殿廊的門,吹滅燈火,不在聖所裡向以色列的上帝燒香、獻燔祭。 8因此,耶和華的烈怒臨到猶大耶路撒冷,使他們的遭遇令人恐懼、震驚、嗤笑,正如你們親眼所見的。 9所以我們的祖先死在刀下,我們的妻兒也被擄去。 10現在我決心要與以色列的上帝耶和華立約,好使祂的烈怒轉離我們。 11我的孩子們啊,不要懈怠!因為耶和華揀選你們站在祂面前事奉祂,向祂燒香。」

12於是,利未人開始供職。其中哥轄宗族有亞瑪賽的兒子瑪哈亞撒利雅的兒子約珥米拉利宗族有亞伯底的兒子基士耶哈利勒的兒子亞撒利雅革順宗族有薪瑪的兒子約亞約亞的兒子伊甸13以利撒反宗族有申利耶利亞薩宗族有撒迦利雅瑪探雅14希幔宗族有耶歇示每耶杜頓宗族有示瑪雅烏薛15他們召集其他利未人一起潔淨自己,並遵照王的吩咐和耶和華的命令,進去潔淨耶和華的殿。 16祭司們進入耶和華的殿,把所有污穢之物搬到耶和華殿的院子裡,然後再由利未人運到外面的汲淪溪丟掉。 17他們一月一日開始潔淨的工作,到一月八日已經潔淨到耶和華殿的走廊,又用八天潔淨耶和華的殿,一月十六日完成潔淨的工作。

重新奉獻聖殿

18然後,他們晉見希西迦王,說:「我們已經潔淨了整個耶和華的殿、燔祭壇以及壇上的一切器皿、供餅的桌子及桌子上的一切器皿。 19我們已備齊亞哈斯王對上帝不忠時所廢棄的器皿,並潔淨了它們,現在都放在耶和華的壇前。」

20希西迦王清早起來,召集城中官員一同上到耶和華的殿。 21他們牽來七頭公牛、七隻公綿羊、七隻羊羔和七隻公山羊,作國家、聖所和猶大人的贖罪祭。王吩咐做祭司的亞倫子孫把這些牲畜獻在耶和華的壇上。 22他們宰了公牛,祭司取過血來灑在壇上,然後宰了公綿羊並把血灑在壇上,又宰了羊羔並把血灑在壇上。 23有人把作贖罪祭的公山羊牽到王和會眾面前,他們就將手按在公山羊身上。 24祭司宰了公山羊,把血灑在壇上作贖罪祭,為所有以色列人贖罪,因為王吩咐要為所有以色列人獻上燔祭和贖罪祭。

25王又分派利未人在耶和華的殿裡敲鈸、鼓瑟、彈琴,正如大衛王、王的先見迦得和先知拿單的指示,即耶和華藉先知所吩咐的。 26利未人拿著大衛的樂器侍立在那裡,祭司拿著號角侍立在那裡。 27希西迦下令在壇上獻燔祭。開始獻燔祭時,伴隨著號角聲和以色列大衛的樂器聲,響起了頌讚耶和華的歌聲。 28全體會眾伴著歌聲和號角聲俯伏敬拜,直到獻完燔祭。 29獻完燔祭後,王和所有在場的人都俯伏敬拜。 30希西迦王與眾官員又吩咐利未人用大衛亞薩先見的詩詞頌讚耶和華。他們歡喜地歌唱,並低頭敬拜。

31希西迦說:「你們既然已經把自己獻給了耶和華,現在就把祭物和感恩祭帶到耶和華的殿裡來吧。」於是,會眾就把祭物和感恩祭送來,有些人甘心樂意地送來燔祭。 32會眾獻給耶和華作燔祭的有七十頭公牛、一百隻公綿羊、二百隻羊羔, 33獻為聖物的有六百頭公牛、三千隻綿羊。 34但祭司人數太少,剝不完燔祭牲的皮,於是他們的親族利未人就來幫助他們,直到獻完燔祭,並且別的祭司也潔淨了自己,因為利未人比祭司更誠心潔淨自己。 35他們獻上大量的燔祭,以及很多平安祭祭牲的脂肪和與燔祭同獻的奠祭。

從此,耶和華殿裡的事奉恢復了。 36希西迦和民眾因上帝為他們所做的而歡喜快樂,因為這事情很快成就了。

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 29:1-36

Hesekia Di Yudahene

1Hesekia dii hene wɔ Yuda no, na wadi mfe aduonu anum. Na odii ade mfe aduonu akron wɔ Yerusalem. Na ne na yɛ Sakaria babea a ne din de Abia. 2Ɔyɛɛ nea ɛsɔ Awurade ani, sɛnea nʼagya Dawid yɛe pɛpɛɛpɛ.

Hesekia San Bue Asɔredan No Ano

3Afe a edi kan wɔ nʼahenni mu, ɔsram a edi kan no, Hesekia buebuee Awurade Asɔredan apon no, siesiee no. 4Ɔfrɛfrɛɛ asɔfo no ne Lewifo no sɛ, wommehyia no wɔ Asɔredan no adiwo a ɛwɔ apuei fam hɔ. 5Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Lewifo, muntie me! Munnwira mo ho, na munnwira Awurade, mo agyanom Nyankopɔn Asɔredan no nso. Munyiyi biribiara a efi aka no mfi kronkronbea hɔ. 6Yɛn agyanom anni nokware, na wɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade, yɛn Nyankopɔn anim. Wogyaw Awurade ne nʼAsɔredan no; wɔdan wɔn akyi kyerɛɛ no. 7Afei, wɔtotoo Asɔredan no ntwironoo apon mu, dunum akanea no. Wogyaee nnuhuamhyew, gyaee ɔhyew afɔrebɔde a wɔde ba Israel Nyankopɔn, kronkronbea hɔ no. 8Ɛno nti na Awurade abufuw aba Yuda ne Yerusalem so no. Wama yɛadan ahufo, ayamhyehyefo ne aserewde, sɛnea muhu no pefee no. 9Wɔakunkum yɛn agyanom wɔ ɔko mu, na wɔakyekyere yɛn mmabarima, yɛn mmabea ne yɛn yerenom sɛ nneduafo. 10Nanso mprempren, me ne Awurade, Israel Nyankopɔn bɛyɛ apam sɛnea nʼabufuwhyew no befi yɛn so. 11Me mma, afei monnto mo nnwuma asaworam. Awurade ayi mo sɛ munnyina nʼanim nsom no, na munni ɔmanfo anim nsom no na monhyew nnuhuam.”

12Afei saa Lewifo yi hyɛɛ dwumadi no ase.

Wɔn a wofi Kohat abusua mu no yɛ:

Amasai babarima Mahat ne Asaria babarima Yoel.

Wɔn a wofi Merari abusua mu no yɛ:

Abdi babarima Kis ne Yehalelel babarima Asaria.

Wɔn a wofi Gerson abusua mu yɛ:

Sima babarima Yoa ne Yoa babarima Eden;

13Wɔn a wofi Elisafan abusua mu yɛ:

Simri ne Yeiel.

Wɔn a wofi Asaf abusua mu yɛ:

Sakaria ne Matania.

14Wɔn a wofi Heman abusua mu yɛ:

Yehiel ne Simei.

Wɔn a wofi Yedutun abusua mu yɛ:

Semaia ne Usiel.

15Saa mmarima yi frɛfrɛɛ wɔn mfɛfo Lewifo, na wodwiraa wɔn ho. Na afei, wofii ase dwiraa Awurade Asɔredan no sɛnea ɔhene no hyɛe no. Wɔyɛɛ ahwɛyie, dii Awurade ahyɛde no so pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn dwumadi no mu. 16Asɔfo no kɔɔ Awurade Asɔredan kronkronbea hɔ, kodwiraa hɔ, na wɔfaa biribiara a ɛho agu fi a wohui no fii hɔ de baa Asɔredan no adiwo. Lewifo no twee ne nyinaa fii hɔ, kɔtow guu Kidron Bon mu. 17Wofii dwumadi no ase wɔ da bi a ɛwɔ ɔsram a edi kan no mu. Na da a ɛto so awotwe no, na wɔadu Awurade Asɔredan no ntwironoo mu hɔ. Na wɔde nnafua awotwe bio dwiraa Awurade Asɔredan no ankasa. Enti wɔde nnafua dunsia na ewiee dwumadi no nyinaa.

18Na Lewifo no kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kɔkaa sɛnea dwumadi no akosi kyerɛɛ no. Wɔkae se, “Yɛadwira Awurade Asɔredan no, ɔhyew afɔrebɔ afɔremuka no a nneɛma ahorow ka ho ne Daa Daa Brodo pon no ne ɛho nneɛma ho. 19Afei nso, nneɛma a ɔhene Ahas tasee bere a na ɔyɛ asoɔden, na ɔtoo asɔredan no mu no nso, yɛakogye ne nyinaa. Ne nyinaa gu Awurade afɔremuka no anim a wɔadwira ho na wobetumi de adi dwuma biara.”

20Ade kyee anɔpahema no, ɔhene Hesekia boaboaa kurow no mpanyimfo ano ne wɔn kɔɔ Awurade Asɔredan no mu. 21Wɔde anantwinini ason, adwennini ason, nguantenmma ason ne mpapo ason bae sɛ, ahenni, asɔredan no ne Yuda bɔne ho afɔrebɔde. Ɔhene no hyɛɛ asɔfo no a wɔyɛ Aaron asefo sɛ wɔmfa mmoa no mmɔ afɔre wɔ Awurade afɔremuka no so. 22Na wokunkum anantwinini no, na asɔfo no de mogya no petee afɔremuka no so. Afei, wokunkum adwennini no de wɔn mogya petee afɔremuka no so. Na awiei no, wɔde nguantenmma no yɛɛ saa ara. 23Wɔde mpapo a wɔde rebɛbɔ bɔne ho afɔre no baa ɔhene no ne ɔmanfo no anim ma wɔde wɔn nsa guu wɔn so. 24Afei, asɔfo no kunkum mpapo no sɛ bɔne ho afɔrebɔ, de wɔn mogya petee afɔremuka no so, sɛ bɔne ho mpata maa Israel nyinaa. Ɔhene no sii so dua sɛ, saa ɔhyew ne bɔne ho afɔrebɔ no, wɔmmɔ mma Israel nyinaa.

25Afei, ɔhene Hesekia de Lewifo no gyinagyinaa Awurade Asɔredan no mu. Ɔde kyɛnkyɛn, mmɛnta ne asankuten maa wɔn. Odii ahyɛde a Awurade nam Gad, a ɔyɛ ɔhene nhumuni ne odiyifo Natan so de maa Dawid no so. 26Afei, Lewifo no faa Dawid nnwontode no kogyinagyina wɔn gyinabea wɔ Asɔredan no ho. Saa ara nso na asɔfo no faa wɔn ntorobɛnto kogyinagyina wɔn afa. 27Afei, ɔhene Hesekia hyɛɛ sɛ wɔmfa ɔhyew afɔre no nsi afɔremuka no so. Bere a wɔde ɔhyew afɔre no reba no, wofii ase too ayeyi nnwom maa Awurade, na wɔde ntorobɛnto ne Israelhene Dawid nnwontode no gyigyee ho. 28Bagua no sɔree Awurade bere a na nnwontofo no reto nnwom, na wɔrehyɛn ntorobɛnto no ara kosii sɛ ɔhyew afɔrebɔde no nyinaa sae.

29Na ɔhene no ne wɔn a wɔka ne ho no nyinaa kotow somee. 30Ɔhene Hesekia ne ne mpanyimfo hyɛɛ Lewifo no sɛ, wɔmfa Dawid nnwom ne nhumuni Asaf de, nkamfo Awurade. Enti, wɔde anigye kamfoo Awurade, na wɔkotow sɔree.

31Afei, Hesekia de too gua se, “Ɔsom no aba awiei. Momfa mo afɔrebɔde ne mo aseda mmra Awurade Asɔredan mu.” Enti ɔmanfo no de wɔn afɔrebɔde ne wɔn aseda afɔrebɔde bae, na wɔn a wɔpɛ no de ɔhyew afɔrebɔde nso kaa ho.

32Ɔmanfo no de anantwinini aduɔson, adwennini ɔha ne nguantenmma ahannu sɛ ɔhyew afɔrebɔde brɛɛ Awurade. 33Wɔsan de anantwinini ahansia ne nguan mpensa baa sɛ afɔrebɔde. 34Nanso na asɔfo a wɔwɔ hɔ no sua sɛ wobetumi asiesie ɔhyew afɔre no nyinaa nti, wɔn abusuafo Lewifo no boaa wɔn kosii sɛ dwumadi no baa awiei. Wɔtew asɔfo no pii ho ansa na wɔreboa dwumadi no, efisɛ na Lewifo no adwene wɔ wɔn ahotew so sen asɔfo no. 35Na ɔhyew afɔre ne daa nsa afɔre no buu so. Saa ara nso na asomdwoe afɔre srade nso yɛɛ bebree.

Enti wosiesiee Awurade Asɔredan no maa ɔsom no.29.35 Ɔhyew afɔre dodow…asomdwoe afɔre…daa nsa afɔre. Ɛkae yɛn sɛnea wɔtoo asɔredan no din wɔ Ɔhene Salomo bere so. (7.4-6). Ayɔnkofa afɔre ho mmara wɔ 3 Mose 3; 7.11-21. Nsa afɔre ho mmara nso wɔ 4 Mose 15.1-12. 36Na Hesekia ne ɔmanfo no nyinaa gyee wɔn ani wɔ nea Onyankopɔn ayɛ ama nnipa no ho, efisɛ wowiee biribiara ntɛm.