歷代志下 10 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

歷代志下 10:1-19

北方支派背叛羅波安

1羅波安前往示劍,因為以色列人都去了那裡要立他為王。 2尼八的兒子耶羅波安曾為了躲避所羅門王而逃往埃及,並一直住在那裡。他聽到消息便返回以色列3以色列人派人去請他,他就和以色列眾人去見羅波安,說: 4「你父親使我們負擔沉重,求你減輕我們的負擔吧,我們一定效忠你。」 5羅波安對他們說:「你們三天之後再來見我。」眾人就離開了。

6羅波安王去徵詢曾服侍他父親所羅門的老臣的意見,說:「你們認為我該怎樣回覆這些百姓?」 7他們回稟說:「王若善待這些百姓,使他們喜悅,對他們好言相待,他們會永遠做王的僕人。」

8羅波安卻沒有採納老臣的意見。他又去徵詢那些和他一起長大的青年臣僚的意見, 9說:「百姓求我減輕我父親加給他們的重擔。你們認為我該怎樣回覆他們?」 10他們說:「百姓說你父親使他們負擔沉重,請求你減輕他們的負擔。你可以這樣回覆他們,『我的小指頭比我父親的腰還粗。 11我父親使你們負重擔,我要使你們負更重的擔子;我父親用鞭子打你們,我要用刺鞭打你們。』」

12過了三天,耶羅波安和百姓遵照羅波安王的話來見他。 13-14羅波安王沒有採納老臣的建議,而是照青年臣僚的建議,疾言厲色地對他們說:「我父親使你們負重擔,我要使你們負更重的擔子!我父親用鞭子打你們,我要用刺鞭打你們!」 15王不聽百姓的請求。這事出於耶和華上帝,為要應驗祂藉示羅亞希雅先知對尼八的兒子耶羅波安說的話。

16以色列人見王不聽他們的請求,就說:

「我們與大衛有何相干?

我們與耶西的兒子沒有關係!

以色列人啊,各自回家吧!

大衛家啊,自己照顧自己吧!」

於是,以色列人都各自回家了。 17但住在猶大城邑的以色列人仍受羅波安統治。 18羅波安王派勞役總管哈多蘭以色列人那裡,以色列人卻用石頭打死了他,羅波安王連忙上車逃回耶路撒冷19從此,以色列人反叛大衛家,直到今天。

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Beresosɛm 10:1-19

Atifi Fam Mmusuakuw Tew Atua

1Rehoboam kɔɔ Sekem, efisɛ na Israel nyinaa ahyia hɔ sɛ wɔrebesi no hene. 2Bere a Nebat babarima Yeroboam tee sɛ Salomo awu no, ofi Misraim bae, efisɛ oguan fii ɔhene Salomo nsam kɔtenaa Misraim. 3Israel mpanyimfo soma ma wɔkɔfaa Yeroboam, na ɔne Israel nyinaa kɔɔ sɛ wɔne Rehoboam rekɔkasa. 4Wɔkae se, “Wʼagya hyɛɛ yɛn ma yɛyɛɛ adwumaden. Yɛsrɛ wo, tew saa adwumaden ne sonkahiri adesoa duruduru a wʼagya de soaa yɛn no so. Woyɛ saa a, yɛbɛsom wo nokware mu.”

5Rehoboam buae se, “Momma me nnansa na menwene mo asɛm yi ho. Ɛno akyi, mommra mmegye me mmuae.” Enti nnipa no san kɔe.

6Na Ɔhene Rehoboam kɔɔ ne mpanyimfo bi a na wotu nʼagya Salomo fo ne wɔn kosusuw asɛm no ho. Obisaa wɔn se, “Moka asɛm no ho dɛn? Mmuae bɛn na memfa mma saa nnipa yi?”

7Mpanyimfo yi buae se, “Sɛ woyɛ nnipa no yiye, na woyɛ ayamye kyerɛ wɔn ma ɛsɔ wɔn ani a, wɔn nso bɛyɛ wo nkurɔfo nokwafo.”

8Nanso Rehoboam amfa afotu a mpanyimfo no maa no no. Mmom, ɔkɔɔ nʼatipɛnfo mmabun bi a ɔne wɔn sii so a na wotu no fo no nkyɛn. 9Obisaa wɔn se, “Mo nso mo adwene ne dɛn? Mmuae bɛn na memfa nkɔma nnipa a wɔpɛ sɛ metew adesoa a mʼagya de soaa wɔn no so?”

10Mmerante no buae se, “Asɛm a ɛsɛ sɛ woka kyerɛ wɔn ne se, ‘Me nsateaa ketewa no mu piw sen mʼagya asen mu. Na sɛ modwene sɛ na ɔyɛ den wɔ mo so a, montwɛn na mubehu sɛnea mete.’ 11Yiw, na mʼagya yɛ den wɔ mo so, nanso me de, mɛyɛ nea ɛkyɛn saa. Sɛ mʼagya kaa mo mpire a, me de, mede nkekantwɛre na ɛbɛhwe mo.”

12Nnansa akyi no, Yeroboam ne nnipa no nyinaa san baa sɛ wɔrebetie Rehoboam mmuae sɛnea ɔkae no. 13Na Rehoboam de ahantan kasa kyerɛɛ wɔn. Wamfa mpanyimfo no afotu, 14na ɔfaa mmerante no afotu. Ɔka kyerɛɛ nnipa no se, “Na mʼagya ma moyɛ adwumaden, na me de, mɛkyɛn saa! Sɛ mʼagya kaa mo mpire a, me de, mede nkekantwɛre na ɛbɛhwe mo!” 15Enti ɔhene no anyɛ nnipa no abisade no ho hwee. Saa nsɛm a esisii yi yɛ Onyankopɔn nhyehyɛe, efisɛ ɛmaa Awurade nkɔm a ɔnam odiyifo Ahiya a ofi Silo no hyɛɛ Nebat babarima Yeroboam no baa mu.

16Bere a Israel huu sɛ ɔhene no anyɛ wɔn abisade amma wɔn no, wɔteɛteɛɛ mu se,

“Dawid ne nʼadedi ntoaso no mfa wɔn ho.

Yɛne Yisai babarima no nni twaka biara.

Israel, momma yɛnkɔ yɛn afi.

Dawid, kɔhwehwɛ wʼankasa wo fi.”

Enti Israel nyinaa san kɔɔ fie. 17Na Rehoboam kɔɔ so dii Israelfo a na wɔtete Yuda nkurow so no so hene.

18Ɔhene Rehoboam somaa Hadoram a na ɔhwɛ adwumayɛfo so no sɛ ɔnkɔhwɛ mma ɔman no nyɛ dinn, nanso Israelfo no siw no abo kum no. Bere a ɔhene Rehoboam tee saa asɛm no, ntɛm ara, ohuruw tenaa ne teaseɛnam mu, guan kɔɔ Yerusalem. 19Israel mmusuakuw a wɔwɔ atifi fam no ampene sɛ Dawid aseni biara bedi wɔn so, de besi nnɛ.