歷代志上 18 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

歷代志上 18:1-17

大衛的勝利

1後來,大衛打敗並征服了非利士人,奪取了迦特及其周圍的村莊。 2他又打敗了摩押人,使他們稱臣、進貢。 3瑣巴哈大底謝出來要鞏固他在幼發拉底河一帶的權勢,大衛打敗了他,一直攻到哈馬4俘獲一千輛戰車、七千騎兵、兩萬步兵,砍斷拉戰車的馬匹的蹄筋,只留下夠拉一百輛戰車的馬匹。 5大馬士革亞蘭人前來支援瑣巴哈大底謝大衛殺了他們兩萬二千人, 6還派軍駐守亞蘭國的大馬士革亞蘭人臣服大衛,向他進貢。耶和華使大衛無往而不勝。 7大衛奪走哈大底謝侍從的金盾牌,帶回耶路撒冷8又從哈大底謝統治的提巴兩座城中奪走大量的銅。後來所羅門用這些銅製造銅海、銅柱及各種銅器。

9哈馬陀烏聽說大衛打敗瑣巴哈大底謝全軍, 10就派兒子哈多蘭帶著許多金銀銅器去朝見大衛王,向他請安,祝賀他打敗了哈大底謝。因為陀烏常常和哈大底謝交戰。 11於是,大衛把這些器皿和他從以東摩押亞捫非利士亞瑪力各國奪來的金銀都分別出來,奉獻給耶和華。

12洗魯雅的兒子亞比篩在鹽谷擊殺了一萬八千名以東人。 13大衛以東駐兵,以東人都臣服他。耶和華使他無往而不勝。

14大衛在全以色列秉公行義,治理百姓。 15那時,洗魯雅的兒子約押做元帥,亞希律的兒子約沙法做史官, 16亞希突的兒子撒督亞比亞他的兒子亞希米勒做祭司長,沙威沙做書記, 17耶何耶大的兒子比拿雅統管基利提人和比利提人。大衛王的眾子都在他左右做首領。

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Beresosɛm 18:1-17

Dawid Akodi Mu Nkonimdi

1Eyi akyi no, Dawid ko dii Gat ne nkurow a atwa ho ahyia no so nkonim, de kaa Filistifo no hyɛe, brɛɛ wɔn ase. 2Bio, Dawid dii Moab asase no so nkonim, maa Moabfo no bɛyɛɛ Dawid nkoa a na wotua sonkahiri ma no.

3Afei, Dawid tɔree ɔhene Hadadeser a ofi Soba asraafo ase de kosii Hamat, bere a Hadadeser bɔɔ nsra wɔ Asubɔnten Eufrate ho sɛ anka ɔrehyɛ ne tumi mu den no. 4Dawid ko gyee nteaseɛnam apem, nteaseɛnamkafo mpem ason ne asraafo anantefo mpem aduonu. Afei, obubuu apɔnkɔ a wɔtwe nteaseɛnam no nyinaa anan, ma ɛkaa ɔha pɛ.

5Bere a Aramfo fi Damasko bae sɛ wɔrebɛboa Hadadeser no, Dawid kunkum wɔn mu mpem aduonu abien. 6Afei, ɔde asraafo guu Damasko, Aram ahenkurow mu, maa Aramfo no bɛyɛɛ Dawid nkoa a na wɔbrɛ no sonkahiri. Baabiara a Dawid bɛkɔ no, Awurade ma no di nkonim. 7Dawid de Hadadeser asraafo mpanyimfo sikakɔkɔɔ nkatabo no baa Yerusalem. 8Ɔde kɔbere mfrafrae bebree a efi Hadadeser nkuropɔn Tibhat ne Kun kaa ho bae. Akyiri no, Salomo nan kɔbere mfrafrae no de yɛɛ asɔredan no ho adwuma. Ɔde yɛɛ kɔbere mfrafrae Po na ɔde bi yɛɛ afadum ne kɔbere nkuku ne nkaka a wɔde di dwuma wɔ asɔredan no mu.

9Bere a Hamathene Tou tee sɛ Dawid atɔre Hadadeser asraafo no ase pasaa no, 10ɔsomaa ne babarima Hadoram ma ɔkɔɔ Dawid nkyɛn kɔmaa no mo wɔ ne nkonimdi no ho. Na Hadadeser ne Tou atan wɔn ho akyɛ, a na akokoakoko aba wɔn ntam. Yoram kɔkyɛɛ Dawid sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne kɔbere mfrafrae bebree.

11Ɔhene Dawid hyiraa saa akyɛde yi nyinaa so maa Awurade, a dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɔfa fii aman foforo a ɔkaa wɔn hyɛe no so no nyinaa ka ho. Saa aman no ne Edom, Moab, Amon, Filisti ne Amalek.

12Seruia babarima Abisai kunkum Edomfo mpem dunwɔtwe wɔ Nkyene Bon no mu. 13Ɔde asraafo duaduaa Edom nyinaa, maa Edomfo nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Eyi yɛ sɛnea Awurade maa Dawid dii nkonim wɔ baabiara a ɔkɔe no nhwɛso.

14Dawid dii Israel nyinaa so hene, a wanhyɛ obiara so na wansisi obiara nso.

15Na Seruia babarima Yoab na na ɔyɛ ɔsafohene. Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehye abakɔsɛmkyerɛwni.

16Ahitub babarima Sadok ne Abiatar babarima Abimelek na na wɔyɛ asɔfo.

Sawsa na na ɔyɛ asennii kyerɛwfo.

17Yehoiada babarima Benaia na na odi Keretifo18.17 Na Keretifo ne Peletifo yɛ ahɔho asraafo a wɔbɔ wɔn paa ma wɔko. Keretifo no ase fi Krete na Peletifo no nso ase fi Filisti. Wɔtaa bɔ saa akuw abien yi din sɛ awɛmfo a wɔwɛn adehye. ne Peletifo so.

Dawid mmabarima somee sɛ ɔhene aboafo mpanyimfo.