提摩太前書 2 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

提摩太前書 2:1-15

要為他人禱告

1我勸你首先要為所有的人懇求、禱告、代求,為他們感謝上帝。 2也要為所有的君王和掌權者禱告,使我們可以懷著虔誠、端正的心過和平安寧的生活。 3這樣做很美好,是蒙我們的救主上帝悅納的。 4因為祂願全人類都得救,明白真理。 5上帝只有一位,在上帝和人類之間只有一位中保,就是降世為人的基督耶穌。 6祂捨命作全人類的贖價,這在所定的時候已顯明出來。 7為此,我被指派做傳道人和使徒,教導外族人認識信仰和真理。我說的是實話,並非謊言。

信徒的操守

8我願男人舉起聖潔的手隨處禱告,不發怒,不爭辯2·8 爭辯」或譯「疑惑」。9我願女人衣著樸素端莊,不靠髮型、珠寶金飾或名貴衣服來妝飾自己, 10要有良好的行為,這樣才配稱為敬畏上帝的婦女。 11婦女應當安安靜靜地學習,完全順服。

12我不准女人教導或管轄男人,她們應當保持安靜。 13因為先造的是亞當,後造的是夏娃14受騙犯罪的不是亞當,是夏娃15不過,女人如果持守信心和愛心,聖潔自律,就必在生育的事上得救。

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Timoteo 2:1-15

Mpaebɔ Ho Akwankyerɛ

1Mʼafotu ne sɛ, nea edi kan no mehyɛ mo sɛ monsrɛ, mommɔ mpae, mummisa na monna Onyankopɔn ase mma nnipa nyinaa; 2monyɛ saa ara mma ahemfo ne wɔn a tumi hyɛ wɔn nsa nyinaa na yɛatumi atena ase asomdwoe mu wɔ onyamesom ne suban pa mu. 3Eyi ye, na ɛsɔ Onyankopɔn a ɔyɛ Agyenkwa a 4ɔpɛ sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa na wohu nokware no ani. 5Onyankopɔn baako ne ntamgyinafo baako a ɔka Onyankopɔn ne nnipa bɔ mu no, ɔno ne Kristo Yesu no. 6Ɔno na ɔde ne ho bɔɔ afɔre gyee nnipa nyinaa nkwa no. Eyi yɛ adansedi a ɛbaa bere a ɛsɛ mu sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa. 7Ɛno nti na wɔsomaa me sɛ ɔsomafo ne amanamanmufo kyerɛkyerɛfo sɛ minni gyidi ne nokware no ho adanse. Merenni atoro, mereka nokware!

8Mehwehwɛ sɛ nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa ma wɔn nsa a ɛho tew so, nea abufuw ne akyinnye nni mu, na wɔbɔ mpae. 9Afei mehwehwɛ sɛ mmea brɛ wɔn ho ase na wɔfa ɔkwan a ɛfata so siesie wɔn ho. Wɔnyɛ wɔn ti sɛ mmea ahobrɛasefo; wɔmmfa sika anaa nwinne anaa ntade a ne bo yɛ den nsiesie wɔn ho. 10Na mmom ɛsɛ sɛ wɔda adwuma pa a ɛfata mmea sɛ mmea a wɔyɛ nyamesomfo no adi.

11Ɛsɛ sɛ mmea de kommyɛ ne ahobrɛase sua ade. 12Memma mmea ho kwan sɛ wɔnkyerɛkyerɛ anaasɛ wonnya mmarima so tumi. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ komm. 13Efisɛ wɔbɔɔ Adam ansa na wɔrebɔ Hawa. 14Na ɛnyɛ Adam na wɔdaadaa no. Ɔbea no na wɔdaadaa no ma ɛnam so ma obuu Onyankopɔn mmara so. 15Na sɛ ɔbea tena ase gyidi, ɔdɔ, kronkronyɛ ne ahobrɛase mu a ɔbɛwo asomdwoe mu.