帖撒羅尼迦後書 3 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

帖撒羅尼迦後書 3:1-18

請求代禱

1弟兄姊妹,最後我還要請你們為我們禱告,好使主的道像在你們那裡一樣迅速傳開,受到尊崇, 2並使我們能避開那些邪惡的人,因為不是人人都有信心。

3主是信實的,祂必使你們剛強,保護你們脫離那惡者。 4我們靠著主深信你們現在遵行了我們的吩咐,而且以後還會繼續遵行。

5願主引導你們的心領悟上帝的愛和基督的堅忍。

不可遊手好閒

6弟兄姊妹,現在我們奉主耶穌基督的名吩咐你們,要遠離那些遊手好閒、不遵守我們教導的信徒。 7你們自己知道應該怎樣效法我們,因為我們在你們那裡的時候,並沒有懶懶散散, 8也沒有白吃誰的飯,而是晝夜辛勤工作,免得成為你們任何人的負擔。 9我們並不是沒有權利接受供應,而是要給你們樹立學習的榜樣。 10我們在你們那裡的時候,曾吩咐過你們:不肯工作的人沒有資格吃飯。 11我們聽說在你們當中有些人遊手好閒,無所事事,卻專管閒事。 12我們奉主耶穌基督的名吩咐並勸誡這些人要安分守己,自食其力。

13弟兄姊妹,你們要堅持行善,不要灰心。 14如果有人不聽從這信上的教導,要注意提防他,不要和他來往,好使他羞愧。 15只是不可把他當作仇人,要像對待弟兄姊妹一樣勸誡他。

問候

16願平安之主隨時隨地親自賜你們平安!願主與你們同在! 17我保羅在這裡親筆問候你們,這是我的筆跡,我所有的信都以此為記號。

18願我們主耶穌基督的恩典與你們眾人同在!

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Tesalonikafo 3:1-18

Mommɔ Mpae Mma Yɛn

1Anuanom, asɛm a etwa to ne sɛ mommɔ mpae mma yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a Awurade asɛm bɛkɔ so atrɛw ntɛm te sɛnea ɛyɛɛ wɔ mo mu no. 2Afei mommɔ mpae mma yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn beyi yɛn afi abɔnefo ne nsɛmmɔnedifo nsam. Efisɛ ɛnyɛ nnipa nyinaa na wogye asɛm no di. 3Nanso Awurade yɛ ɔnokwafo. Ɔbɛhyɛ mo den na wagye mo afi ɔbɔnefo no nsam. 4Awurade ama yɛn mo mu anidaso. Yɛwɔ anidaso sɛ moreyɛ na mobɛkɔ so ayɛ biribiara a yɛbɛkyerɛ mo sɛ monyɛ no. 5Awurade nka mo ho na munnya ɔdɔ koma sɛ Onyankopɔn, ne abodwokyɛre sɛ Kristo.

Anihaw Ho Kɔkɔbɔ

6Anuanom, yɛhyɛ mo wɔ Awurade Yesu Kristo din mu sɛ, montwe mo ho mfi anuanom a wodi anihaw na wonni mmara a wɔahyɛ ama wɔn no so no ho. 7Mo ankasa munim pefee sɛ, ɛsɛ sɛ moyɛ nea yɛyɛe no bi pɛpɛɛpɛ. Bere a na yɛwɔ mo nkyɛn no, yɛanyɛ anihaw. 8Obi ammoa yɛn a yɛantua onii no ka. Yɛyɛɛ adwuma denneennen. Awia ne anadwo nyinaa yɛyɛɛ adwuma sɛnea yɛremfa sikasɛm biara nhaw mo adwene. 9Eyi nkyerɛ sɛ na yenni ho kwan sɛ yebisa mo biribi de boa yɛn asetena. Yɛyɛɛ saa de yɛɛ nhwɛso maa mo. 10Yɛwɔ mo nkyɛn no, yɛka kyerɛɛ mo se, “Obiara a ɔmpɛ sɛ ɔyɛ adwuma no, ɛnsɛ sɛ wɔma odidi.”

11Yɛka saa asɛm yi, efisɛ yɛte sɛ mo mu bi yɛ anihawfo a wɔnyɛ hwee sɛ wɔnenam nkurɔfo nnwuma so. 12Yɛde Awurade Yesu Kristo din hyɛ wɔn, bɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔmmɔ ɔbra pa na wɔnyɛ adwuma mfa mmɔ wɔn ho akɔnhama. 13Anuanom munnnyae papayɛ da.

14Obi wɔ hɔ a ɔrentie nhoma a yɛakyerɛw abrɛ mo yi mu nsɛm. Sɛ muhu obi saa a, monhwɛ no yiye na montwe mo ho mfi ne ho na nʼani nwu. 15Nanso mommfa saa onipa no sɛ ɔyɛ ɔtamfo na mmom mommɔ no kɔkɔ sɛ mo nua.

16Na ɔno asomdwoe Awurade no ara mma mo asomdwoe daa ade nyinaa mu. Awurade ne mo nyinaa ntena.

17Me ara me Paulo, me nsa ano nkyerɛw a menam so rekyia mo ni. Saa ɔkwan yi ara so na mefa kyerɛw nhoma.

18Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.