啟示錄 5 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

啟示錄 5:1-14

羔羊與封印的書卷

1接著,我看見坐在寶座上的那位右手拿著一卷內外寫著字、用七個印封住的書。 2有一位大力天使高聲問道:「誰有資格揭開那七個封印,打開那卷書?」 3可是,天上、地上、甚至地底下都沒有人有資格揭開並閱讀那卷書。 4我見無人有資格揭開並閱讀那卷書,便放聲大哭。 5有一位長老對我說:「不要哭。你看,猶大支派的獅子、大衛的根已經得勝了!祂能揭開那七個封印,打開那卷書。」

6我又看到寶座、四個活物和眾長老之間站著一隻好像是被宰殺過的羔羊。祂身上的七隻角和七隻眼睛代表奉差遣到普天下去的上帝的七靈。 7那羔羊走上前去,從坐在寶座上的那位右手中接過書卷。 8祂拿過書卷後,四個活物和二十四位長老就俯伏在羔羊面前,各拿著豎琴和盛滿了香的金香爐。那些香就是眾聖徒的祈禱。 9他們唱著一首新歌:

「你配拿書卷並揭開封印,

因你曾被殺,

用你的血從各部落、各語言族群、各民族、各國家,

將人買贖回來歸給上帝。

10你又使他們成為上帝的國度和祭司,

他們要在地上執掌王權。」

11我看見寶座、四個活物和眾長老的周圍有千千萬萬的天使,又聽見他們高聲呼喊: 12「那被殺的羔羊配得權柄、財富、智慧、能力、尊貴、榮耀和頌讚!」

13我又聽到天上、地上、地底下和海洋中一切被造之物同聲說:「願頌讚、尊貴、榮耀和權柄都歸於坐在寶座上的那位和羔羊,直到永永遠遠!」 14四個活物就說:「阿們!」眾長老也俯伏敬拜。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Adiyisɛm 5:1-14

Nsɔwano Nhoma No

1Mihuu sɛ nea ɔte ahengua so no kura nhoma bi wɔ ne nsa nifa mu. Na wɔakyerɛw akyi ne anim nyinaa a wɔde nsɔwano ason asosɔw ano. 2Mihuu ɔbɔfo hoɔdenfo bi a ɔde nne kɛse kae se, “Hena na ɔfata sɛ ɔtew nsɔwano no na obue nhoma no mu?” 3Nanso wɔannya obiara a ɔwɔ ɔsoro anaa asase so anaa asase ase a otumi buee nhoma no mu hwɛɛ mu. 4Misui yiye, efisɛ wɔannya obiara a ɔfata sɛ obue nhoma no mu na ɔhwɛ mu. 5Afei ɔpanyin baako ka kyerɛɛ me se, “Nsu. Hwɛ! Gyata a ofi Yuda abusuakuw mu a ɔyɛ Dawid aseni adi nkonim, na obetumi atetew nsɔwano ason no na wabue nhoma no mu.”

6Afei mihuu Oguamma bi sɛ ogyina ahengua no mfimfini a ateasefo baanan no ne mpanyimfo no atwa ne ho ahyia. Wɔhwɛ a na Oguamma no sɛ nea wɔakum no. Na ɔwɔ mmɛn ason ne aniwa ason a egyina hɔ ma Onyankopɔn ahonhom ason no a wɔasoma wɔn aba wiase no. 7Oguamma no kogyee nhoma no fii nea ɔte ahengua so no nsa nifa mu. 8Ɔyɛɛ saa no, ateasefo baanan no ne mpanyimfo aduonu anan no butubutuw Oguamma no anim. Na wɔn mu biara kura sanku ne sika ayowa a aduhuam ayɛ no ma a ɛyɛ ahotefo mpae. 9Wɔtoo dwom foforo se,

“Wofata sɛ wofa nhoma no

na wotew ne nsɔwano no.

Efisɛ wokum wo,

na ɛnam wo wu so ma wɔtɔɔ nnipa fii aman ne

mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa nyinaa mu maa Onyankopɔn.

10Wɔayɛ wɔn asɔfo ahemman sɛ wɔnsom yɛn Nyankopɔn

na wobedi asase so hene.”

11Bio mehwɛe, na metee abɔfo mpempem nka. Na wɔatwa ahengua no ne ateasefo baanan no ne mpanyimfo no ho ahyia 12reto dwom dennen se,

“Oguamma a wokum no no fata sɛ

ogye tumi, ahonya, nyansa ne ahoɔden

ne nidi ne anuonyam ne nkamfo!”

13Na metee sɛ abɔde a wɔwɔ ɔsoro, asase so, asase ase ne abɔde biara a ɛwɔ po mu ne abɔde biara a ɛwɔ wiase nyinaa reto dwom se,

“Nhyira ne nidi ne anuonyam ne tumi,

nka nea ɔte ahengua no so ne Oguamma no,

daa daa!”

14Abɔde anan no gyee so se, “Amen!” Na mpanyimfo no butubutuw hɔ somee.