哥林多後書 13 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

哥林多後書 13:1-14

最後的警告

1這是我第三次要去你們那裡。聖經上說:「任何控告必須有兩三個證人作證才能成立。」 2我第二次去探望你們的時候已經警告過了,如今我雖然不在你們那裡,但仍要再次警告那些犯罪的人以及其餘的人:我再來的時候,必不寬容。 3既然你們要我證明是基督藉著我說話,那麼你們當知道,基督處理你們這類的事絕不軟弱,祂在你們當中充滿力量。 4不錯,祂的軟弱之軀曾被釘在十字架上,但如今祂靠上帝的大能活著。我們也跟祂一樣軟弱,但為了你們,我們要靠上帝的大能和祂一同活著。

5你們要自我省察,看看自己是否真正信主,也要察驗自己。除非你們經不起察驗,否則,你們應該知道耶穌基督住在你們裡面。 6我希望你們會知道,我們是經得起考驗的。 7我們祈求上帝使你們一件惡事都不做,不是為了要顯明我們經得起考驗,而是要你們行事端正,就算我們經不起考驗也無妨。 8因為我們不能抵擋真理,只能擁護真理。 9只要你們剛強,我們就是軟弱也歡喜。我們為你們祈禱,盼望你們做純全的人。 10我寫這封信是預先警告你們,免得我到你們當中的時候,必須運用基督給我的權柄嚴厲地對待你們。基督賜給我這權柄是為了造就人,不是毀壞人。

勸勉與祝福

11最後,弟兄姊妹,我還有幾句話要說:你們要喜樂,追求完善,接受勸勉,同心合意,和睦共處。這樣,仁愛和平的上帝必常與你們同在。

12你們要以聖潔的吻彼此問候。 13全體聖徒都問候你們。

14願主耶穌基督的恩典、上帝的慈愛、聖靈的感動,常與你們眾人同在!

Asante Twi Contemporary Bible

2 Korintofoɔ 13:1-14

Kɔkɔbɔ A Ɛtwa Toɔ

1Nsra a ɛtɔ so mmiɛnsa a merebɛsra mo ni. Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Adanseɛ a nnipa baanu anaa baasa bɛdi no na ɛsɛ sɛ wɔfa.” 2Ɛberɛ a mebaa mo nkyɛn deɛ ɛtɔ so mmienu no, mebɔɔ mo kɔkɔ bi. Mereti mu bio seesei a menni mo nkyɛn yi. Sɛ mesane ba bio a, mo anaa nnipa afoforɔ bi a wɔayɛ bɔne no, meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn, 3ɛfiri sɛ, mopɛ sɛ mohunu nsɛnkyerɛnneɛ bi sɛ Kristo nam me so kasa. Ɔnnyɛ mmerɛ sɛ ɔbɛyɛ mo mu adwuma, na mmom, ɔwɔ tumi wɔ mo mu. 4Ɛwom sɛ mmerɛyɛ mu na wɔbɔɔ no asɛnnua mu, nanso Onyankopɔn tumi mu na ɔte ase yi. Yɛyɛ mmerɛ deɛ, nanso yɛn ayɔnkofa a yɛne no wɔ enti, yɛne no bɛtena wɔ Onyankopɔn tumi mu.

5Monsɔ mo ho nhwɛ na mommu mo ho atɛn nhwɛ sɛ mote ase wɔ gyidie mu anaa. Monim yie sɛ Kristo Yesu te mo mu anaa? Sɛ ɔnte mo mu a, na ɛkyerɛ sɛ moantumi sɔhwɛ no. 6Menim yie sɛ mobɛhunu sɛ yɛanni nkoguo. 7Afei, yɛbɔ mpaeɛ srɛ Onyankopɔn sɛ morennyɛ biribiara a ɛnnyɛ. Yɛmmpɛ sɛ nnipa bɛhunu sɛ yɛwɔ tumi bi wɔ mo so. Sɛ mpo sɛ wɔhunu yɛn sɛ yɛsɛ nnipa a yɛadi nkoguo wɔ yɛn adwuma mu a, yɛpɛ, ɛfiri sɛ, yɛpɛ sɛ mobɛyɛ deɛ ɛyɛ de adi nkonim. 8Yɛrentumi nsɔre ntia nokorɛ, na mmom, nokorɛ nko ara na ɛsɛ sɛ yɛgyina ma no. 9Sɛ yɛhunu sɛ yɛyɛ mmerɛ na moyɛ den a, na yɛn ani agye. Enti, yɛn nso yɛrebɔ mpaeɛ sɛ mobɛyɛ pɛ. 10Ɛno enti na meretwerɛ saa krataa yi abrɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ meba a, merennyina tumi a Awurade de ama me sɛ memfa mmoa mo na monnyini na mo mu antete no so, na me ne mo anni no anibereɛ so.

11Enti, anuanom, makra mo! Mompere nhwehwɛ ade pa; montie mʼafotuo; mo ne mo ho mo ho nka na montena ase asomdwoeɛ mu. Na ɔdɔ ne asomdwoeɛ Onyankopɔn no ne mo bɛtena.

12Momfa onuadɔ nkyeakyea mo ho mo ho.

13Onyankopɔn nkurɔfoɔ nyinaa kyeakyea mo.

14Yɛn Awurade Yesu Kristo adom ne Onyankopɔn dɔ ne Honhom Kronkron no ayɔnkofa nka mo nyinaa.