哥林多前書 14 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

哥林多前書 14:1-40

論講道和說方言

1你們要追求愛,也要切慕屬靈的恩賜,尤其是作先知講道的恩賜。 2人說方言,是對上帝說的,並非對人說的,因為沒有人聽得懂,他是在心靈裡述說各樣的奧祕。 3但先知講道是對人講的,為了要造就、鼓勵、安慰人。 4說方言只是造就自己,但作先知講道是造就教會。 5我希望你們都能夠說方言,不過,我更希望你們都能作先知講道。說方言的不如作先知講道的重要,除非把方言翻譯出來,使教會得造就。

6弟兄姊妹,如果我到你們那裡只說方言,不講解有關上帝的啟示、知識、預言、教導,我對你們有什麼益處呢? 7就連沒有生命的簫和琴,如果發出的聲音雜亂無章,誰能知道所吹所彈的是什麼曲子呢? 8如果號聲不清楚,誰會預備打仗呢? 9同樣,除非你們講出清楚的信息,不然聽見的人怎能明白呢?那豈不等於對空氣說話嗎? 10世上有各種語言,卻沒有一種是毫無意義的。 11如果有人對我說話,我卻不明白他的語言,我們彼此就成了語言不通的人。 12你們也是一樣,既然渴慕屬靈的恩賜,就應該多多追求造就教會的恩賜。

13所以說方言的人應當祈求能把方言翻譯出來。 14如果我用方言禱告,那是我的靈在禱告,但我的悟性沒有發揮作用。 15那麼,我該怎麼做呢?我要用靈禱告,也要用悟性禱告;我要用靈歌唱,也要用悟性歌唱。 16否則,如果你在聚會中用方言14·16 本處「方言」希臘文是「靈」。來感恩,在座不懂方言的人不明白你在說些什麼,怎能在你感恩的時候說「阿們」呢? 17你的感恩表達得固然美好,無奈不能造就別人。

18感謝上帝,我說方言比你們眾人都多。 19但在教會中我寧可用悟性說五句教導人的話,勝過說萬句別人不懂的方言。

20弟兄姊妹,你們的思想不要像小孩子,要長大成熟,但在罪惡的事上要像嬰孩。 21律法書上記載:

「主說,『我要藉著講陌生語言的人和外邦人的口向這些子民說話。

雖然如此,

他們仍然不聽從我。』」

22由此可見,講方言不是顯給信徒的標記,而是顯給非信徒的標記;但先知講道是顯給信徒的標記,不是顯給非信徒的標記。 23所以,如果你們在聚會中,全體信徒都說方言,偶然有不懂方言的人或非信徒進來,他們豈不會說你們全都瘋了嗎? 24但如果你們都做先知講道,偶然有非信徒或是不懂方言的人進來,他會醒悟到自己的罪,良心受到譴責, 25心中的秘密也會顯露出來,便會俯伏敬拜上帝,說:「上帝真的在你們當中!」

聚會的原則

26那麼,弟兄姊妹,你們該怎麼做呢?你們聚會的時候,不管是唱詩、教導、講啟示、說方言或翻譯方言,都應該是為了造就人。 27如果有人要說方言,應當只限於兩個人,最多三個,要輪流說,而且要有人把它翻譯出來。 28如果沒有人翻譯,說方言的人就當在聚會中閉口不言,只向自己和上帝說。

29作先知講道的也應該限於兩三個人,其他的人應當慎思明辨。 30但如果上帝的啟示臨到在座的其他人,正在講的人要停下來, 31這樣大家都可以輪流講道,人人都可以得到教導和勉勵。 32先知的靈受先知控制, 33因為上帝不是叫人混亂的上帝,而是賜人平安的上帝。

34正如聖徒的各教會一樣,婦女14·34 婦女」也可譯為「妻子」。在聚會中要保持安靜,因為她們不可以發言,總要順服,正如律法書所說的。 35如果她們想要學什麼,可以在家問自己的丈夫,因為婦女在聚會中發言是可恥的。 36難道上帝的道是出自你們哥林多人嗎?難道上帝的道單單傳給了你們嗎? 37如果你們當中有人自認為是先知或屬靈的人,他就應該知道我現在所寫的是主的命令。 38如果有人對此視而不見,不必理會他。

39所以,我的弟兄姊妹,你們要切慕作先知講道,也不要禁止說方言。 40但無論做什麼事,都要按規矩,有次序。

Asante Twi Contemporary Bible

1 Korintofoɔ 14:1-40

1Ɔdɔ na ɛsɛ sɛ mohwehwɛ akyire kwan. Momma mo akoma nni Honhom no akyɛdeɛ akyi, ne titire no, nkɔmhyɛ.

Kasa Foforɔ

2Onipa a ɔka kasa foforɔ no nkasa nkyerɛ nnipa, na mmom ɔkasa kyerɛ Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, obiara nte asɛm a ɔka no ase. Ɔnam Honhom no tumi so ka nokorɛ mu ahintasɛm. 3Nanso onipa a ɔhyɛ nkɔm no kasa kyerɛ nnipa, boa wɔn, hyɛ wɔn nkuran, kyekye wɔn werɛ. 4Onipa a ɔka kasa foforɔ no boa ɔno ankasa ne ho, nanso onipa a ɔhyɛ nkɔm no boa asafo no nyinaa. 5Ɛwom sɛ mepɛ sɛ mo nyinaa ka kasa foforɔ deɛ, nanso mepɛ sɛ mo nyinaa nya akyɛdeɛ a ɛbɛma mo ahyɛ nkɔm. Ɛfiri sɛ, onipa a ɔhyɛ nkɔm no ho hia yie kyɛn onipa a ɔka kasa foforɔ no, gye sɛ, obi wɔ hɔ a ɔbɛkyerɛ aseɛ, ma aboa asafo no nyinaa.

6Enti anuanom, sɛ meba mo nkyɛn na meka kasa foforɔ a, mfasoɔ bɛn na mobɛnya wɔ me ho? Morennya hwee gye sɛ meda Onyankopɔn ahintasɛm adi anaa meda osuahunu bi adi, anaa meka nsɛm ma ɛkanyane mo, anaa mekyerɛkyerɛ mo. 7Saa ara nso na nneɛma a nkwa nni mu, te sɛ, abɛn anaa sankuo a wɔde bɔ nnwom no, sɛ nnwom no bɔ no mu anna hɔ a, obiara rente ne dɛ. 8Na sɛ deɛ ɔbɔ totorobɛnto no nso ammɔ no yie a, hwan na ɔbɛsiesie ne ho akɔ ɔko? 9Saa ara nso na mebisa sɛ, sɛ moka kasa foforɔ a emu nna hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na obi ate asɛm a moka no ase? Mo nsɛm no bɛyera wɔ mframa mu. 10Kasa ahodoɔ bebree na ɛwɔ ewiase, nanso emu biara nni hɔ a nteaseɛ nni mu. 11Na sɛ mente kasa a obi ka no ase a, deɛ ɔreka saa kasa no bɛyɛ ɔhɔhoɔ ama me, na me a meretie no nso, mayɛ ɔhɔhoɔ ama no. 12Esiane sɛ mopere sɛ mobɛnya Honhom no akyɛdeɛ no enti, ɛsɛ sɛ mohwehwɛ deɛ ɛbɛboa asafo no ama atim yie.

13Ɛsɛ sɛ obi a ɔka kasa foforɔ no bɔ mpaeɛ na ɔtumi kyerɛ nsɛm a ɔka no ase. 14Sɛ meka kasa foforɔ bɔ mpaeɛ a, me honhom bɔ saa mpaeɛ no, nanso mʼadwene mmoa. 15Ɛdeɛn na afei ɛsɛ sɛ meyɛ? Mede me honhom bɛbɔ mpaeɛ, na ɛtɔ da bi nso a mede mʼadwene bɛbɔ mpaeɛ; mede me honhom bɛto dwom, nanso mede mʼadwene nso bɛto bi. 16Sɛ wonam honhom nko so da Onyankopɔn ase a, ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔka nhyiamu no ho no bɛtumi agye wʼaseda mpaeɛ no so sɛ “Amen” bi? Ɛkwan biara nni hɔ a ɔbɛfa so ate deɛ woreka no ase. 17Sɛ ɛba saa a, na wʼaseda mpaeɛ a worebɔ Onyankopɔn no yɛ sɛ ɛdeɛn ara mpo a, ɛremmoa onipa a ɔka wo ho no ɛkwan biara so.

18Meda Onyankopɔn ase sɛ meka kasa foforɔ sene mo a mowɔ ha nyinaa. 19Nanso, asafo mu som no, mɛpɛ sɛ mɛka kasa mmaako mmaako enum pɛ a mobɛte aseɛ na moagyina so atumi akyerɛ afoforɔ adeɛ sene sɛ mɛka nsɛm mpempem wɔ kasa foforɔ mu.

20Monnnwene sɛ, mmɔfra, anuanom; nanso sɛ yɛka bɔne ho asɛm deɛ a, monyɛ mo ho sɛ mmɔfra. Nanso, monnwene sɛ mmadwemma. 21Atwerɛsɛm no ka sɛ,

“Menam nnipa a wɔka kasa foforɔ so

bɛkasa makyerɛ saa nnipa yi.

Menam ahɔhoɔ anofafa so bɛkasa

nanso, wɔrentie me,”

Awurade na ɔseɛ.

22Kasa foforɔ no yɛ wɔn a wɔnni gyidie no nsɛnkyerɛnneɛ ɛnna Onyame asɛnka no nso yɛ agyidifoɔ nsɛnkyerɛnneɛ. 23Sɛ asafo no nyinaa hyia na obiara fiti aseɛ ka kasa foforɔ na sɛ ahɔhoɔ anaa wɔn a wɔnni gyidie fra mo mu a, monnye nni sɛ wɔbɛka sɛ moabobɔ adam? 24Nanso, sɛ mo nyinaa na moka Onyankopɔn asɛm na sɛ obi a ɔnni gyidie anaa onipa foforɔ bi bɛfra mo mu a, nsɛm a ɔbɛte no bɛma wanu ne ho wɔ ne bɔne ho. Nsɛm a ɔte no bɛbu no atɛn 25na ne kɔkoamsɛm bɛda adi, na ɔbɛbu nkotodwe asom Onyankopɔn na waka ne bɔne sɛ, “Nokorɛ ni, Onyankopɔn ka yɛn ho wɔ ha!”

Asafo No Mu Ɔsom

26Anuanom, nsɛm a meka yi kyerɛ sɛn? Sɛ mohyia sɛ moresom a, obi to dwom; obi kyerɛkyerɛ; obi da Onyankopɔn ahintasɛm adi; obi ka kasa foforɔ ɛnna ɔfoforɔ nso akyerɛkyerɛ aseɛ. Ɛsɛ sɛ biribiara boa asafo no nkɔsoɔ. 27Sɛ obi pɛ sɛ ɔka kasa foforɔ a, aboro so koraa no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nnipa bɛyɛ baanu anaa baasa. Ɔbaako kasa wie a, na ɔfoforɔ nso akasa, na obi nso akyerɛkyerɛ nsɛm a waka no ase. 28Na sɛ obi nni hɔ a ɔbɛkyerɛ kasa foforɔ yi ase de a, ɛsɛ sɛ onipa a ɔka saa kasa no yɛ komm wɔ nhyiamu no ase na ɔkasa kyerɛ ne ho ne Onyankopɔn.

29Nnipa baanu anaa baasa a Onyankopɔn asɛm no wɔ wɔn nkyɛn no na ɛsɛ sɛ wɔkasa na wɔn a aka no nso atie, adwene ho. 30Na sɛ obi a ɔte hɔ nso nya asɛm firi Onyankopɔn nkyɛn a, ɛsɛ sɛ onipa a ɔrekasa no gyae kasa. 31Ɛsɛ sɛ mo nyinaa ka Onyankopɔn asɛm no mmaako mmaako sɛdeɛ mo nyinaa bɛnya osuahunu bi ne nkuranhyɛ. 32Ɛsɛ sɛ nkɔmhyɛni no pene so, gyae ma ɔfoforɔ nso kasa. 33Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn mfrɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ basabasa, na mmom asomdwoeɛpɛfoɔ. Sɛdeɛ ɛte wɔ Onyankopɔn asafo mu no.

34Ɛsɛ sɛ mmaa a wɔwɔ asafo mu no yɛ komm wɔ asafo no nhyiamu ase. Wɔnni ho ɛkwan sɛ wɔkasa, sɛdeɛ Mose Mmara no kyerɛ no. 35Sɛ wɔrepɛ biribi mu ahunu a, wɔmmisa wɔn kununom wɔ fie. Ɔbaa kasa wɔ asafo nhyiamu ase a, ɛyɛ animguaseɛ.

36Anaa mofa no sɛ Onyankopɔn asɛm no firi mo nkyɛn? Anaa mo nko ara mo nkyɛn na ɛfiri? 37Sɛ obi susu sɛ ɔyɛ odiyifoɔ anaa ɔwɔ honhom akyɛdeɛ a, ɛsɛ sɛ ɔte ne ho ase sɛ nsɛm a meretwerɛ yi, Awurade na ɔhyɛɛ me sɛ mentwerɛ. 38Enti, sɛ ɔntie yei a, ɛnneɛ, monntie ɔno nso.

39Enti anuanom, mompere sɛ mobɛhyɛ nkɔm, nanso monnnyae sɛ mobɛka kasa foforɔ. 40Ɛsɛ sɛ moyɛ biribiara wɔ ne kwan so.