利未記 1 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

利未記 1:1-17

獻燔祭的條例

1耶和華在會幕裡呼喚摩西,對他說: 2「你把以下條例告訴以色列人。

「如果你們有人獻祭給耶和華,要用牛羊作祭物。 3如果用牛作燔祭,必須用毫無殘疾的公牛,在會幕門口獻上,便可蒙耶和華悅納。 4獻祭者要把手放在牛頭上,所獻的燔祭便蒙悅納,為他贖罪。 5他要在耶和華面前宰牛,然後祭司——亞倫的子孫要把牛血灑在會幕門口的祭壇四周。 6獻祭者要剝掉牛皮,把牛切成塊。 7祭司——亞倫的子孫要在祭壇上生火,把木柴擺在火上, 8然後將肉塊、頭顱和脂肪都擺在祭壇燃燒的木柴上。 9獻祭者要用水洗淨牛的內臟和腿。祭司要把這一切都放在壇上焚燒。這是燔祭,是蒙耶和華悅納的馨香火祭。

10「如果用綿羊或山羊作燔祭,必須用毫無殘疾的公羊。 11獻祭者要在祭壇北面,在耶和華面前宰羊。祭司——亞倫的子孫要把羊血灑在祭壇四周。 12獻祭者將羊切成塊後,祭司要把肉塊、頭顱和脂肪擺在祭壇燃燒的木柴上。 13獻祭者要用水洗淨羊的內臟和腿。祭司要把這一切都放在壇上焚燒。這是燔祭,是蒙耶和華悅納的馨香火祭。

14「如果有人用鳥作燔祭,要用斑鳩或雛鴿。 15祭司要把鳥帶到祭壇前,擰下鳥頭,放在祭壇上焚燒;要在祭壇旁放盡鳥血; 16要除掉鳥的嗉子和羽毛,丟在祭壇東邊倒灰的地方。 17祭司要抓著兩個翅膀把鳥撕開,但不可撕斷,然後把鳥放在壇上焚燒。這是燔祭,是蒙耶和華悅納的馨香火祭。

Akuapem Twi Contemporary Bible

3 Mose 1:1-17

Ɔhyew Afɔrebɔ

1Afei, Awurade kasa fii Ahyiae Ntamadan no mu kyerɛɛ Mose se, 2“Kyerɛ Israelfo no se, ‘sɛ morebɔ Awurade afɔre a, momfa mo anantwi ne mo nguan no bi na mommɔ saa afɔre no.

3“ ‘Sɛ mo ɔhyew afɔrebɔde no yɛ nantwi a ofi mo nantwibuw mu a, momfa nantwi a onnii dɛm na ɛmmɔ saa afɔre no sɛnea ɛbɛsɔ Awurade ani. Fa aboa no kɔ Ahyiae Ntamadan no pon ano na ɛhɔ na asɔfo no begye wʼayɛyɛde a wode rebrɛ Awurade no. 4Ɛsɛ sɛ onipa a ɔde aboa no reba no de ne nsa gu aboa no ti so sɛ mpata ma afɔrebɔni no. Onyankopɔn bɛpɛ aboa no wu sen sɛ afɔrebɔni a ɔde saa aboa no bɛba no bewu sɛ ne bɔne so akatua. 5Afɔrebɔni no bekum aboa no wɔ hɔ wɔ Awurade anim. Na Aaron mmabarima asɔfo no asɔw aboa no mogya de akyerɛ Awurade. Na wɔde mogya no apete afɔremuka a esi Ahyiae Ntamadan no kwan no ano no ne ho nyinaa. 6Afei, asɔfo no bɛpa aboa no ho nwoma na wɔabobɔw. 7Na ɔsɔfo Aaron mmabarima no bɛsɔ gya wɔ afɔremuka no so. 8Na wɔde aboa no akwaa bi ne ne ti ne ne srade ka ho agu nnyansin no so. 9Momfa nsu nhohoro nʼayamde ne ne nan ho na asɔfo no nhyew no wɔ afɔremuka no so. Ɛyɛ ɔhyew afɔre, aduan afɔrebɔ, ehua a ɛsɔ Awurade ani.

10“ ‘Sɛ afɔrebɔ no yɛ ɔhyew afɔre na aboa no yɛ oguan anaa abirekyi a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ onini a ne ho nni dɛm biara. 11Onipa a ɔde no bae no bekum no Awurade anim wɔ afɔremuka no atifi na Aaron mmabarima asɔfo no apete mogya no agu afɔremuka no so ne ɛho nyinaa. 12Ɔbɛhyehyɛ nam no na asɔfo no de nʼasinasin no ne ti no ne ne srade no agu nnyansin a egu afɔremuka no so no so. 13Wɔde nsu bɛhohoro nʼayamde ne ne nan no ho ansa na asɔfo no ahyew wɔ afɔremuka no so de ama Awurade; efisɛ ɔhyew afɔre sɔ Awurade ani.

14“ ‘Sɛ obi pɛ sɛ ɔde anomaa bɔ ɔhyew afɔre a, ɔmfa nturukuku anaa mmorɔnomamma. 15Ɔsɔfo no bɛfa anomaa no de no akɔ afɔremuka no so na watew ne ti ahyew no, na wasɔn ne mogya no agu afɔremuka no nkyɛn. 16Afei, ɔsɔfo no beyi ne mene ase, atutu ne ntakra no na watow agu nsõ no mu wɔ afɔremuka no apuei fam. 17Afei, ɔbɛtwe ne ntaban mu ama emu ntin no atetew asensɛn hɔ, na ɔsɔfo no ahyew no wɔ afɔremuka no so. Ɛyɛ ɔhyew afɔre, aduan afɔrebɔ, ehua a ɛsɔ Awurade ani.