列王紀下 20 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

列王紀下 20:1-21

希西迦的病危與康復

1那些天,希西迦病危,亞摩斯的兒子以賽亞先知前來對他說:「耶和華說,『你要交待後事,因為你要死了,你的病不能康復。』」 2希西迦把臉轉向牆,向耶和華禱告,說: 3「耶和華啊,求你顧念我怎樣全心、忠誠地事奉你,做你視為善的事。」希西迦痛哭起來。 4當時,以賽亞還沒有走出中院,耶和華對他說: 5「回去告訴我子民的首領希西迦,『你祖先大衛的上帝耶和華說,我已聽見你的禱告,看見了你的眼淚。我要醫治你,三天後你就可以上耶和華的殿。 6我要使你的壽命增加十五年,我要從亞述王手中拯救你和這城。為我自己和我僕人大衛的緣故,我要保護這城。』」

7以賽亞說:「拿一塊無花果餅貼在王的瘡上,他就會痊癒。」

8希西迦以賽亞:「有什麼兆頭證明耶和華要醫治我,三天後我可以上耶和華的殿呢?」 9以賽亞說:「耶和華要給你一個兆頭,證明祂言出必行。你要日影前進十度還是後退十度呢?」 10希西迦說:「日影前進十度容易,讓日影後退十度吧。」 11以賽亞先知向耶和華祈求,耶和華就使亞哈斯日晷上的日影後退了十度。

巴比倫的使者來訪

12那時,巴拉但的兒子巴比倫米羅達·巴拉但聽說希西迦病了,便派人送去書信和禮物。 13希西迦接見使者,讓他們觀看國庫裡的金銀、香料、珍貴膏油、所有兵器和一切寶物。希西迦把宮中及國內的一切都給他們看。

14以賽亞先知來見希西迦王,問他:「這些人說了些什麼?他們從哪裡來?」希西迦答道:「他們來自遙遠的巴比倫。」 15以賽亞問:「他們在你宮裡看到了什麼?」希西迦答道:「他們看到了我宮中的一切。我把國庫裡的一切都給他們看了。」

16以賽亞希西迦說:「你聽著,耶和華說, 17『終有一天,你宮中的一切和你祖先積攢到現在的一切,必一件不留地被擄到巴比倫。這是耶和華說的。 18你的子孫當中必有人被擄去,在巴比倫王的宮中做太監。』」 19希西迦以賽亞說:「耶和華藉你說的話很好。」因為他想:「至少我有生之年將平安穩妥。」

20希西迦其他的事蹟和成就,包括怎樣建造水池和挖溝引水入城,都記在猶大的列王史上。 21希西迦與祖先同眠後,他兒子瑪拿西繼位。

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 20:1-21

Hesekia Yare Ne Nʼayaresa

1Saa nna no mu no, Hesekia yaree owuyare, na Amos babarima Odiyifo Yesaia kɔɔ ne nkyɛn kɔkae se, “Sɛnea Awurade se ni: Toto wʼakwan yiye, efisɛ worebewu; na wo ho renyɛ wo den bio.”

2Bere a Hesekia tee asɛm yi, otwaa nʼani hwɛɛ ɔfasu, bɔɔ Awurade mpae se, 3“Kae, Awurade, sɛnea manantew wʼanim nokware mu na mede me koma ayɛ nea ɛfata wɔ wʼanim.” Na Hesekia suu bebree.

4Na ansa na Yesaia befi adiwo no mfimfini no, Awurade de asɛm yi besii ne so se, 5“San kɔ Hesekia a ɔyɛ me nkurɔfo kannifo no nkyɛn, na kɔka kyerɛ no se, ‘Sɛɛ na Awurade a ɔyɛ wʼagya Dawid Nyankopɔn se: Mate wo mpaebɔ no, ahu wo nusu no. Mɛsa wo yare, na nnansa akyi no, wobɛsɔre afi mpa so, na woakɔ Awurade Asɔredan mu. 6Mede mfe dunum bɛka wo mfe ho, na megye wo ne saa kuropɔn yi afi Asiriahene nsam. Me somfo Dawid nti, mɛyɛ eyi de agye mʼanuonyam.’ ”

7Na Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia asomfo no se, “Momfa borɔdɔma nyɛ ngo, na momfa nsrasra pɔmpɔ no so.” Wɔyɛɛ saa, na Hesekia nyaa ahoɔden.

8Ansa na ɔrebenya ayaresa no, Hesekia bisaa Yesaia se, “Nsɛnkyerɛnne bɛn na Awurade bɛyɛ, de akyerɛ sɛ ɔbɛsa me yare, na matumi akɔ Awurade Asɔredan mu nnansa so?”

9Yesaia buae se, “Eyi ne nsɛnkyerɛnne a Awurade bɛyɛ akyerɛ wo sɛ obedi ne bɔhyɛ so. Wopɛ sɛ sunsuma no kɔ nʼanim anammɔntu du anaa ɛsan nʼakyi anammɔntu du?”

10Hesekia buae se, “Honhom no kɔ nʼanim bere biara. Na mmom, ma ɛnkɔ nʼakyi.”

11Enti Yesaia srɛɛ Awurade sɛ ɔnyɛ eyi, na ɔmaa sunsuma no tetew san nʼakyi anammɔntu du wɔ Ahas atrapoe no so.

Babilonia Ananmusifo

12Saa bere yi mu na Babiloniahene Baladan babarima Merodak-Baladan20.12 Wɔde Merodak too Marduk a ɛyɛ Babilonia nyame no. soma ma wɔkɔmaa Hesekia tirinkwa ne akyɛde, efisɛ na wate sɛ ɔyare dennen bi bɔɔ Hesekia. 13Hesekia gyee Babilonia ananmusifo yi, kyerɛɛ wɔn biribiara a ɔwɔ wɔ nʼadekoradan mu a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, nnuhuam ne ngo a ɛyɛ huam. Afei nso, ɔde wɔn kɔɔ nʼadekorabea, san kyerɛɛ wɔn nʼadekoradan mu biribiara. Biribiara nni nʼahemfi hɔ anaa nʼaheman mu hɔ a Hesekia ankyerɛ wɔn.

14Afei Odiyifo Yesaia kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kobisaa no se, “Asɛm bɛn na saa mmarima no kae na he na wofi bae?”

Hesekia buae se, “Wofi akyirikyiri asase bi so. Wofi Babilonia, na wɔbaa me nkyɛn.”

15Odiyifo no bisae se, “Dɛn na wohuu wɔ wʼahemfi hɔ?”

Hesekia buae se, “Wohuu biribiara a ɛwɔ mʼahemfi ha. Biribiara nni mʼademude mu a mamfa ankyerɛ wɔn.”

16Na Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia se, “Tie saa asɛm a efi Awurade nkyɛn yi: 17Nokware, bere bi bɛba a, wɔbɛsoa biribiara a ɛwɔ wʼahemfi ne agyapade a wʼagyanom akora de abedu nnɛ no akɔ Babilonia. Biribiara renka, sɛɛ na Awurade se. 18Wʼankasa wʼasefo bi mpo, wɔbɛfa wɔn nnommum. Wɔbɛyɛ piamfo a wɔbɛsom wɔ Babiloniahene ahemfi.”

19Na Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia se, “Saa asɛm yi a efi Awurade nkyɛn a woaka akyerɛ me yi yɛ asɛm papa.” Nanso na ɔhene no redwene sɛ, ne bere so de, obenya asomdwoe ne bammɔ.

20Nsɛm a esisii Hesekia ahenni mu nkae no a ne tumidi ka ho, ne sɛnea ɔyɛɛ subun, twaa suka20.20 Hesekia twaa asase ase nsuka fii Asubɔnten Gihon mu, sɛnea ɛba sɛ bere a wɔatua mo ano bi ba a, wobenya nsu. maa nsu baa kurow no mu no nyinaa, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 21Bere a Hesekia wui no, ne babarima Manase na odii nʼade sɛ ɔhene.