列王紀下 12 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

列王紀下 12:1-21

約阿施做猶大王

1以色列耶戶執政第七年,約阿施登基,在耶路撒冷執政四十年。他母親叫西比亞,是別示巴人。 2耶何耶大祭司的教導下,約阿施一生做耶和華視為正的事。 3但他沒有拆毀邱壇,人們仍在那裡獻祭燒香。

4約阿施對祭司們說:「你們要收集那些奉獻到耶和華殿的聖銀,即人口普查時收取的銀子、個人還願的銀子和自願奉獻的銀子。 5每位祭司要從奉獻的人手中收取銀子,用來修殿。」 6可是,直到約阿施執政第二十三年,祭司仍未動工。 7約阿施召來耶何耶大祭司及其他祭司,對他們說:「你們為什麼還不修殿呢?不要再向奉獻的人收銀子了,要把所收的銀子交出來修殿。」 8祭司們答應不再向民眾收錢,但也不動工修殿。

9耶何耶大祭司在耶和華殿的入口右邊的祭壇旁放了一個箱子,箱蓋上開了個洞。守門的祭司將奉獻到耶和華殿的所有銀子放進箱子裡。 10箱子裡的銀子多了,王的書記和大祭司就把銀子點好,裝在袋子裡。 11他們將秤好的銀子交給修耶和華殿的督工。督工把報酬轉交給在殿裡工作的木匠、建築工人、 12泥水匠和石匠,購買修耶和華殿用的木料和鑿好的石頭,並支付其他的修殿費用。 13獻到耶和華殿裡的銀子沒有用於製造殿裡的銀碗、蠟剪、盆、號及其他金銀器皿, 14只用於修殿。 15督工們辦事忠誠可靠,不需要跟他們清算賬目。 16贖過祭和贖罪祭的銀子沒有帶到耶和華的殿裡,而是歸給祭司。

17那時,亞蘭哈薛攻陷了迦特,準備進攻耶路撒冷18猶大約阿施把先王約沙法約蘭亞哈謝和他自己奉獻的聖物以及耶和華殿裡和王宮庫房裡的所有金子都送給了亞蘭哈薛哈薛便從耶路撒冷退兵。

19約阿施其他的事及其一切作為都記在猶大的列王史上。 20約阿施的臣僕謀反,在去悉拉途中的米羅宮殺了他。 21殺他的是示米押的兒子約撒甲朔默的兒子約薩拔約阿施葬在大衛城他的祖墳裡。他兒子亞瑪謝繼位。

Asante Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 12:1-21

Yoas Siesie Asɔredan No

1Ɔhene Yehu adedie wɔ Israel no mfeɛ nson so, na Yoas12.1 Ne din wɔ Hebri kasa mu yɛ Yehoas nso dii adeɛ wɔ Yuda. Ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem mfeɛ aduanan. Na ne maame Sibia firi Beer-Seba. 2Yoas asetena mu nyinaa, ɔyɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani, ɛfiri sɛ, na ɔsɔfoɔ Yehoiada kyerɛkyerɛ no. 3Na Yoas yɛ ɔhene papa a ɔdii nʼagya Asa anammɔn akyi. Ɔyɛɛ adeɛ a ɛsɔ Awurade ani. Nanso, nʼahennie mu no, wantumi ammubu abosonnan enti, nnipa kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ, hyee aduhwam wɔ hɔ.

4Ɛda bi, ɔhene Yoas ka kyerɛɛ asɔfoɔ no sɛ, “Mommoaboa sika a wɔde ba Awurade asɔredan mu sɛ afɔrebɔdeɛ kronkron no, sɛ ɛyɛ daa daa toɔ tua, aboadeɛ anaa akyɛdeɛ a ɛfiri ɔpɛ mu no. 5Momma asɔfoɔ no mfa sika no bi nkɔtua asɔredan no nsiesie ho ka biara.” 6Nanso, ɔhene Yoas dii adeɛ mfeɛ aduonu mmiɛnsa no, na asɔfoɔ no nsiesiee Asɔredan no. 7Enti, ɔhene Yoas12.7 Saa berɛ no na Yoas adi mfeɛ aduasa. soma kɔfrɛɛ Yehoiada ne asɔfoɔ a aka no, bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na monsiesiee asɔredan no? Mommfa akyɛdeɛ no nhyɛ mo ho bio. Ɛfiri ɛnnɛ rekɔ, ɛsɛ sɛ mode ne nyinaa siesie asɔredan no.” 8Enti, asɔfoɔ no penee so sɛ wɔrennyegye sika mfiri nnipa no nkyɛn bio. Wɔpenee so nso sɛ, wɔn ankasa rensiesie Asɔredan no.

9Na ɔsɔfoɔ Yehoiada tuu tokuro wɔ adaka kɛseɛ bi atifi, de sii afɔrebukyia no nifa so wɔ Awurade Asɔredan no kwan ano. Asɔfoɔ a wɔwɛn ɛkwan no ano no de nnipa no ntoboa nyinaa guu adaka no mu. 10Ɛberɛ biara a adaka no bɛyɛ ma no, asɔre twerɛfoɔ ne ɔsɔfopanin no kan sika a wɔde aba Awurade Asɔredan no mu no nyinaa, de gu nkotokuo mu. 11Afei, wɔde sika no ma dwumadie hwɛsofoɔ no, ma wɔde tua nnipa a wɔresiesie Awurade Asɔredan no ka, nnua adwumfoɔ, adansifoɔ, 12abohyehyɛfoɔ ne abotwafoɔ. Wɔde sika no bi nso tɔ nnua ne aboɔ a wɔatwa, a wɔde bɛsiesie Awurade asɔredan no. Na ɛka biara a ɛba Asɔredan no nsiesie ho no, wɔtua.

13Na wɔamfa sika a wɔde bɛba Asɔredan mu hɔ no anyɛ dwetɛ nkuruwa, nkanea akapɛ, nkyɛnsee akɛseɛ, ntotorobɛnto anaa nneɛma a wɔde sikakɔkɔɔ anaa dwetɛ yɛ ma Awurade Asɔredan no. 14Na wɔde tuaa adwumayɛfoɔ no ka, ma wɔde siesiee asɔredan no. 15Na adwuma no hwɛfoɔ akontabuo biara ho anhia, ɛfiri sɛ, na wɔyɛ adwumayɛfoɔ nokwafoɔ. 16Nanso, afɔdie ne bɔneyɛ ho afɔrebɔdeɛ no deɛ, na wɔmfa nkɔ Awurade Asɔredan mu hɔ. Na wɔde ma asɔfoɔ no sɛ wɔn kyɛfa.

Yoas Ahennie Awieeɛ

17Ɛbɛyɛ saa ɛberɛ yi, Aramhene Hasael kɔko tiaa Gat faeɛ. Afei, ɔdanee ne ho kɔto hyɛɛ Yerusalem so. 18Ɔhene Yoas boaboaa akronkronneɛ a Yehosafat, Yehoram ne Ahasia a na wɔyɛ Yuda ahemfo a wɔatwam no ato edin ama Awurade ne deɛ ɔno ankasa nso ato edin ama Awurade no nyinaa ano. Ɔde ne nyinaa a sikakɔkɔɔ a ɛwɔ akoraeɛ a ɛwɔ Awurade asɔredan mu hɔ ne ahemfie no ka ho no kɔmaa Aramhene Hasael. Enti, ɛmaa Hasael gyaee to a anka ɔrekɔto ahyɛ Yerusalem soɔ no.

19Nsɛm a ɛsisii wɔ Yoas ahennie mu ne deɛ ɔyɛeɛ no nyinaa, wɔatwerɛ wɔ Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 20Nanso, ne mpanimfoɔ pam ne tiri so, kumm no wɔ Bet-Milo ɛkwan a ɛkɔ Sila no so. 21Awudifoɔ no yɛ Simeat babarima Yosabad ne Somer babarima Yehosabad a na wɔn nyinaa yɛ afotufoɔ nokwafoɔ. Wɔsiee Yoas wɔ nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Amasia na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene foforɔ.