列王紀上 4 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

列王紀上 4:1-34

所羅門的臣僕

1所羅門統治以色列2以下是他的眾臣僕:撒督的兒子亞撒利雅做祭司; 3示沙的兒子以利何烈亞希亞做書記;亞希律的兒子約沙法做史官; 4耶何耶大的兒子比拿雅做元帥;撒督亞比亞他做祭司長; 5拿單的兒子亞撒利雅掌管吏部;拿單的兒子撒布得祭司做所羅門王的顧問; 6亞希煞總管宮廷事務;亞比大的兒子亞多尼蘭總管做勞役的。

7所羅門以色列全國設立了十二個地方官,負責供給王及王室的需用,每年每人負責一個月。 8這十二個地方官是:便·戶珥,負責以法蓮山區; 9便·底甲,負責瑪迦斯沙賓伯·示麥以倫·伯·哈南10便·希悉,負責亞魯泊,包括梭哥希弗全境; 11所羅門女兒她法的丈夫便·亞比拿達,負責多珥高原; 12亞希律的兒子巴拿,負責他納米吉多,靠近撒拉他拿耶斯列下邊的伯·善全境,以及從伯·善亞伯·米何拉,遠至約念13便·基別,負責基列拉末瑪拿西子孫雅珥基列的城邑,以及巴珊亞珥歌伯地區有城牆和銅閂的大城六十座; 14易多的兒子亞希拿達,負責瑪哈念15所羅門的另一個女兒巴實抹的丈夫亞希瑪斯,負責拿弗他利16戶篩的兒子巴拿,負責亞設亞祿17帕路亞的兒子約沙法,負責以薩迦18以拉的兒子示每,負責便雅憫19烏利的兒子基別,獨自負責從前屬亞摩利西宏巴珊基列地區。

所羅門的財富和智慧

20猶大人和以色列人多如海沙,豐衣足食,生活幸福。 21所羅門統管列國,從幼發拉底河至非利士,直到埃及邊界。所羅門在世的日子,列國都年年進貢稱臣。

22王室每天用三千公斤細麵粉、六千公斤粗麵粉、 23十頭肥牛、二十頭草場的牛、一百隻羊,此外還有鹿、羚羊、麅子及肥禽。 24所羅門統治幼發拉底河西面所有的國家,從提弗薩直到迦薩,四境安寧。 25所羅門在世的時候,從別示巴猶大人和以色列人都在自己的葡萄樹和無花果樹下安居。

26所羅門有四萬匹拉戰車的馬,一萬二千名騎兵。 27十二個地方官按月供給所羅門王及王室的需用,使他們一無所缺。 28他們也各按其份提供餵馬用的大麥和乾草。

29上帝賜予所羅門無比的智慧、悟性和淵博的學識。 30他的智慧高過東方人和埃及人的一切智慧, 31無人能比,勝過以斯拉以探瑪曷的兒子希幔甲各達大的智慧。他名揚四周列國。 32所羅門寫下箴言三千句,作詩歌一千零五首。 33他對飛禽走獸、草木魚蟲,從黎巴嫩的香柏樹到長在牆上的牛膝草,都無所不知。 34天下列王風聞所羅門的智慧,都紛紛遣使來求教。

Asante Twi Contemporary Bible

1 Ahemfo 4:1-34

Salomo Mpanimfoɔ Ne Amradofoɔ

1Enti, Salomo dii Israel nyinaa so ɔhene.

2Na yeinom ne ne mpanimfoɔ:

Sadok babarima Asaria4.2 Na Asaria yɛ Ahimaas babarima ɛnna Ahimaas nso yɛ Sadok babarima na na ɔyɛ ɔsɔfoɔ.

3Sisa mmammarima Elihoref ne Ahiya na na wɔyɛ asɛnniiɛ atwerɛfoɔ.

Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehyeɛ abakɔsɛm twerɛfoɔ.

4Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ akodɔm sahene.

Sadok ne Abiatar na na wɔyɛ asɔfoɔ.

5Natan babarima Asaria na na ɔyɛ amansini amradofoɔ titenani.

Natan babarima Sabud a na ɔyɛ ɔsɔfoɔ no, na na ɔyɛ ɔhene fotufoɔ a ɔde ne ho to ne so.

6Ahisar na na ɔyɛ ahemfie sohwɛfoɔ.

Abda babarima Adoniram na na ɔhwɛ adwumayɛfoɔ so.

7Na Salomo wɔ amansini amradofoɔ dumienu wɔ Israel nyinaa mu. Na wɔn adwuma ne sɛ, wɔgye nnuane firi ɔmanfoɔ nkyɛn de kɔma ahemfiefoɔ. Wɔn mu biara hwɛ, di saa dwuma yi ɔbosome baako wɔ afe biara mu.

8Saa amradofoɔ dumienu no edin na ɛdidi soɔ yi:

Na Ben-Hur wɔ Efraim bepɔ asase so.

9Na Ben-Deker hwɛ Makas, Saalbim, Bet-Semes ne Elon-Bet-Hanan so.

10Na Ben-Hesed hwɛ Arubot a Soko ne nsase a ɛwɔ Hefer nyinaa ka ho no so.

11Na Ben-Abinadab wɔ Nafat-Dor. (Ɔwaree Salomo babaa Tafat).

12Na Ahilud babarima Baana hwɛ Taanak ne Megido ne Bet-Sean a ɛbɛn Saretan a ɛwɔ Yesreel anafoɔ ne nkuro a ɛfiri Bet-Sean, de kɔsi Abel-Mehola, tra kɔsi Yokmeam akyi no so.

13Na Ben-Geber wɔ Ramot-Gilead a Yair nkuro (a wɔde too Manase babarima Yair) a ɛwɔ Gilead ka ho, wɔ Argob mantam a ɛwɔ Basan a nkuropɔn aduosia a wɔde kɔbere apono asisi ano ka ho.

14Na Ido babarima Abinadab wɔ Mahanaim.

15Na Ahimaas wɔ Naftali (Ɔno nso waree Salomo babaa Basmat.)

16Na Husai babarima Baana wɔ Aser ne Alot.

17Na Parua babarima Yehosafat wɔ Isakar.

18Na Ela babarima Simei wɔ Benyamin.

19Na Uri babarima Geber wɔ Gilead asase so a Amorihene Sihon ne Basanhene Og amantam ka ho. Na amrado baako pɛ na ɔhwɛ Yuda asase so.

Salomo Nkɔsoɔ Ne Nyansa

20Na nnipa a wɔwɔ Yuda ne Israel no dodoɔ te sɛ mpoano anwea. Deɛ wɔnya di ne deɛ wɔnya nom no, na wɔn ani sɔ. 21Salomo dii ahemman4.21 Salomo ahemman ahyeɛ no ano kɔka baabi a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no (1 Mose 15.18-21; 5 Mose 1.7; 11.24; Yos 1.4). nyinaa so, firi Asubɔnten Eufrate kɔsi Filistifoɔ asase so, de kɔsi Misraim hyeɛ so. Na nnipa a wadi wɔn so wɔ saa nsase no so no de apeatoɔ brɛ Salomo, na wɔkɔɔ so somm no ne nkwa nna nyinaa.

22Nnuane a na wɔhia daa wɔ Salomo ahemfie no yɛ asikyiresiam pa susukora ɔha ne aduonum ne atokosiam susukora ahasa, 23anantwie a wɔadodɔre a wɔde wɔn firi buo mu edu, anantwie a wɔde wura ayɛn wɔn aduonu, nnwan anaa mmirekyie ɔha, atwe, nnowa, anwansane ne nkokɔ a wɔadɔre. 24Na Salomo amantoɔ no yɛ ahennie ahodoɔ a ɛwɔ Asubɔnten Eufrate atɔeɛ fam nyinaa de firi Tifsa4.24 Tifsa yɛ kuro titire bi a ɛbɛn Asubɔnten Eufrate. Na saa kuro no hyeɛ ano si amantoɔ no atifi apueeɛ fam. Na Gasa ne Filistia a ɛbɛn Ɛpo Kɛseɛ no nso yɛ anafoɔ apueeɛ hyeɛ ano. kɔsi Gasa. Na asomdwoeɛ wɔ asase no so mmaa nyinaa. 25Salomo nkwa nna mu nyinaa, Yuda ne Israel nyaa banbɔ tenaa ase asomdwoeɛ mu. Na ɛfiri Dan kɔsi Beer-Seba no, na abusua biara wɔ ne fie ne ne bobe ne borɔdɔma mfikyifuo.

26Na Salomo wɔ apɔnkɔdan mpem ɛnan ma ne nteaseɛnam apɔnkɔ ne apɔnkɔ mpem dumienu.

27Amansini mu amradofoɔ na na wɔma ɔhene Salomo ne nʼasɛnniiɛ nnuane pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn bosome bosome nnuanema no mu. 28Na wɔde atokoɔ ne ɛserɛ a ɛho hia brɛ adehyeɛ apɔnkɔ no wɔ wɔn daberɛ.

29Onyankopɔn maa Salomo nyansa, nteaseɛ ne nhunumu a emu nni hwehwɛbea. 30Nokorɛm, ne nyansa no boro anyansafoɔ a wɔwɔ apueeɛ ne anyansafoɔ a wɔwɔ Misraim nyinaa nyansa so. 31Na ɔnim nyansa sene obiara a Esrahini Etan ne Heman ne Kalkol ne Darda a wɔyɛ Mahel mmammarima no ka ho. Na ne din hyetaa wɔ aman a atwa ne ho ahyia no so. 32Ɔbuu mmɛ mpem mmiɛnsa, ɛnna ɔtwerɛɛ nnwom apem ne enum. 33Na ɔtumi ka afifideɛ biara ho nsɛm, ɛfiri Lebanon ntweneduro so de kɔsi hisope a ɛfifiri ɔfasuo mpaapaeɛ mu so. Na ɔtumi ka mmoa, nnomaa, mmoa a wɔwea fam ne nsuomnam ho nsɛm nso. 34Enti, na ahemfo a wɔwɔ aman afoforɔ so tu wɔn ananmusifoɔ ba Salomo nkyɛn bɛtie ne nyansasɛm no bi.