列王紀上 2 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

列王紀上 2:1-46

大衛對所羅門的叮囑

1大衛臨終時,叮囑他兒子所羅門說: 2「我要走世人都必走的那條路了。你要剛強,做大丈夫。 3你要遵從你的上帝耶和華的話,遵行祂的道,照摩西的律法遵守上帝的律例、誡命、典章和法度。這樣,你無論做什麼、去哪裡都必亨通, 4耶和華必履行給我的應許,祂對我說,『如果你的子孫謹慎自守,忠心地事奉我,你的王朝必世代相傳。』

5「你知道洗魯雅的兒子約押怎樣對我,他殺了以色列的兩名元帥——尼珥的兒子押尼珥益帖的兒子亞瑪撒。他在太平的時候把他們當作戰場的敵手殺害,腰帶和鞋子上沾滿了他們的血。 6你要用智慧處置他,不可讓他安享天年。

7「你要恩待基列巴西萊的眾子,讓他們成為你的座上賓,因為我逃避你哥哥押沙龍的時候,他們曾接待我。

8「別放過巴戶琳便雅憫基拉的兒子示每。我逃亡到瑪哈念的時候,他曾用惡毒的話咒罵我。後來他到約旦河迎接我的時候,我曾憑耶和華起誓不殺他。 9但你不要放過他。你是個聰明人,應該知道怎樣處置他。你要讓他白頭落地,不得善終。」

10大衛與祖先同眠後,葬在大衛城。 11他做以色列王四十年,在希伯崙做王七年,在耶路撒冷做王三十三年。 12所羅門繼承大衛的王位,國勢強盛。

所羅門鞏固王位

13一天,哈姬的兒子亞多尼雅來見所羅門的母親拔示芭拔示芭問他:「你是為平安而來嗎?」亞多尼雅說:「是為平安而來。」 14又說:「我有事稟告。」拔示芭說:「你說吧。」 15亞多尼雅說:「你知道,王位本該是我的,整個以色列原指望我做王。不料,王位歸了我兄弟,因為這是上帝的旨意。 16現在我有一個請求,請你不要推辭。」拔示芭說:「你說吧。」 17他說:「請你求所羅門王將那書念女子雅比莎賜我為妻,他不會拒絕你。」 18拔示芭說:「好吧,我會為你向王請求。」

19拔示芭就為亞多尼雅的事去見所羅門王,王離座迎接,向她下拜,然後坐回位上,命人在自己右邊為她擺設座位。 20拔示芭說:「我有一件小事求你,請你不要推辭。」王說:「母親請說,我必不推辭。」 21拔示芭說:「請將書念女子雅比莎賜給你哥哥亞多尼雅為妻。」

22所羅門王回答說:「為何只為亞多尼雅書念女子雅比莎呢?你也為他求整個國家吧!他是我哥哥,又有亞比亞他祭司和洗魯雅的兒子約押支持。」 23所羅門王就憑耶和華起誓說:「亞多尼雅若不為他這樣的要求付出性命,願上帝重重地懲罰我。 24耶和華讓我穩穩地坐在父親大衛的寶座上,照祂的應許為我建立了王朝,我憑永活的耶和華起誓,亞多尼雅今天必被處死。」 25於是,所羅門王命令耶何耶大的兒子比拿雅殺死亞多尼雅

26王對亞比亞他祭司說:「你回亞拿突的老家去吧。你本是該死的,但我念你在我父大衛面前抬過主耶和華的約櫃,曾經與我父親患難與共,才饒你一命。」 27所羅門就罷免了亞比亞他的職位,不許他再做耶和華的祭司。這事應驗了耶和華在示羅所說的有關以利家的預言。

28約押雖然沒有支持押沙龍,但卻支持了亞多尼雅。他聽見風聲,就逃進聖幕,抓住祭壇的角。 29有人把這消息告訴所羅門王,說約押已經逃進聖幕,躲在祭壇旁邊。所羅門就派耶何耶大的兒子比拿雅去殺他。 30比拿雅來到耶和華的聖幕,對約押說:「王吩咐你出來!」約押卻回答說:「不,我要死在這裡。」比拿雅回去稟告王。

31王說:「你就照他的話成全他吧,你要埋葬他,把他濫殺無辜的罪從我和我父親家清除。 32耶和華要讓他血債血還。因為他背著我父親殺了兩名比他良善正直的人,即尼珥的兒子以色列元帥押尼珥益帖的兒子猶大元帥亞瑪撒33所以,殺這二人的血債必永遠歸到約押和他後代身上。願耶和華的平安永遠伴隨大衛和他的後代、他的家、他的國。」 34耶何耶大的兒子比拿雅就去把約押殺死,葬在曠野約押自己的墓地。 35王委派耶何耶大的兒子比拿雅替代約押為元帥,命撒督祭司代替亞比亞他

36王又派人將示每召來,對他說:「你要在耶路撒冷建屋居住,不得出城去其他地方。 37你哪天越過汲淪溪,哪天必死無疑,你的死是咎由自取。」 38示每說:「好,僕人必照我主我王說的做。」示每就一直住在耶路撒冷39過了三年,示每的兩個僕人逃到迦特瑪迦的兒子亞吉那裡。示每知道後, 40就備上驢到迦特亞吉那裡找他的僕人,並把他們帶了回來。

41所羅門聽說示每耶路撒冷前往迦特,已經返回, 42就派人召來示每,問道:「我不是叫你憑耶和華起誓不離開耶路撒冷嗎?我警告過你,你哪天離開這裡,哪天必死無疑。當時你也同意。 43現在你為何不守你向耶和華起的誓,不遵行我的命令?」 44王又說:「你以前如何惡待我父大衛,你自己心裡明白,現在耶和華要追究你的罪行了。 45所羅門王必蒙祝福,大衛的王位在耶和華面前必永遠穩固。」

46於是,王命令耶何耶大的兒子比拿雅殺死示每。這樣所羅門的江山得以穩固。

Asante Twi Contemporary Bible

1 Ahemfo 2:1-46

Dawid Ma Salomo Afotuo A Ɛtwa Toɔ

1Dawid rebɛwuo no, ɔde adwuma hyɛɛ Salomo nsa sɛ:

2“Merekɔ baabi a ɛsɛ sɛ da bi ɔteasefoɔ biara kɔ, enti yɛ den na kyerɛ wo mmaninyɛ, 3na yɛ deɛ Awurade, wo Onyankopɔn, hwehwɛ sɛ woyɛ, nante nʼakwan mu, na di ne mmara ne nʼahyɛdeɛ so sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Mose mmara no mu no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wobɛkɔ so wɔ biribiara a wobɛyɛ mu ne baabiara a wobɛkɔ nso. 4Sɛ woyɛ yei a na Awurade bɛdi ne bɔ a ɔhyɛɛ me no so sɛ, ‘Sɛ wʼasefoɔ hwɛ wɔn asetena, na wɔfiri wɔn akoma ne wɔn kra nyinaa mu nante nokorɛ mu wɔ mʼanim a, wɔn mu baako bɛtena Israel ahennwa no so.’

5“Wonim sɛ Seruia babarima Yoab kumm mʼakodɔm asahene baanu no a ɛyɛ Ner babarima Abner ne Yeter babarima Amasa no. Ɔkunkumm wɔn, hwiee wɔn mogya guiɛ asomdwoeɛ berɛ mu a ɛnyɛ ɔko berɛ mu, na ɔde wɔn mogya kekaa nʼabɔwomu a ɛbɔ nʼasene mu ne ne mpaboa a ɛhyɛ ne nan so. 6Wo ne no nni, na mma no mmfa ne ti dwono nkɔ damena mu asomdwoeɛ mu.

7“Na yɛ Barsilai a ɔfiri Gilead no mmammarima adɔeɛ, na ma wɔnka wɔn a wɔdidi wɔ wo didipono so no ho. Ɛberɛ a medwane firii wo nuabarima Absalom ho no, wɔyɛɛ me adɔeɛ.

8“Kae Gera Benyaminni a ɔfiri Bahurim no babarima Simei. Ɔdomee me dendeenden, da a meredwane akɔ Mahanaim no. Na ɔbɛhyiaa me wɔ Yordan no, mede Awurade edin kaa ntam sɛ, Merenkum no. 9Nanso, ntam no mma ɔnni bem. Woyɛ ɔnyansafoɔ na wobɛhunu ɛkwan a wobɛfa so aka ne mogya agu.”

10Na Dawid wuiɛ, na wɔsiee no wɔ Dawid kurom. 11Ɔdii ɔhene wɔ Israel mfeɛ aduanan a ne nkyerɛmu ne sɛ, ɔdii Hebron so mfeɛ nson ɛnna Yerusalem nso, ɔdii adeɛ mfeɛ aduasa mmiɛnsa. 12Enti, Salomo tenaa nʼagya Dawid ahennwa so, na nʼadedie ase timiiɛ yie.

Salomo Yɛ Nʼahennie Nhyehyɛeɛ

13Na Hagit babarima Adoniya kɔɔ Salomo ne maame Batseba nkyɛn. Batseba bisaa no sɛ, “Wobaa no asomdwoeɛ so anaa?”

Ɔbuaa no sɛ, “Ɛyɛ asomdwoeɛ so.” 14Na ɔka kaa ho sɛ, “Mepɛ sɛ woyɛ me adɔeɛ bi.”

Na Batseba bisaa sɛ, “Adɔeɛ bɛn.”

15Adoniya kaa sɛ, “Sɛdeɛ wonim no, na ahemman no yɛ me dea. Na Israel nyinaa hwɛ me kwan sɛ wɔn ɔhene. Nanso, nneɛma sesaeɛ, na ahemman no kɔɔ me nuabarima nkyɛn, ɛfiri sɛ, Awurade pɛ no saa. 16Seesei, adeɛ baako na mepɛ sɛ mebisa wo. Mfa nkame me.”

Ɔkaa sɛ, “Wotumi bisa me.”

17Na ɔtoaa so sɛ, “Kɔbisa ɔhene Salomo ma me, na ɔremfa dekodeɛ no nkame wo. Bisa no na ɔmfa Abisag Sunamni no mma me sɛ me yere.”

18Na Batseba buaa sɛ, “Ɛyɛ, mɛka ho asɛm akyerɛ ɔhene ama wo.”

19Enti Batseba kɔɔ ɔhene Salomo nkyɛn sɛ ɔrekɔkasa ama Adoniya. Ɔhene no sɔree sɛ ɔrebɛhyia no, bɔɔ ne mu ase ansa na ɔretena nʼahennwa so. Na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa adwa mmrɛ ɔhene maame, na ɔtenaa ɔhene nifa so.

20Ɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ, “Mewɔ adeɛ ketewaa bi bisa wo, na mfa nkame me.”

Ɔhene no buaa no sɛ, “Bisa me, me maame. Meyɛ ama wo.”

21Enti, ɔkaa sɛ, “Ma wɔmfa Sunamni Abisag mma wo nuabarima Adoniya awadeɛ.”

22Ɔhene Salomo bisaa ne maame sɛ, “Adɛn enti na wopɛ sɛ Adoniya ware Sunamni Abisag? Ɛnneɛ, sɛ wobɛbisa ahemman nso ama no. Wonim sɛ ɔyɛ me nua panin na ɔsɔfoɔ Abiatar ne Seruia babarima Yoab nso boa no!”

23Na ɔhene Salomo de Awurade edin kaa ntam sɛ, “Sɛ Adoniya amfa ne nkwa antwa saa abisadeɛ yi so a, Onyankopɔn ne me nni no denden so pa ara. 24Na seesei deɛ, mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, ɔno a watim mʼase wɔ mʼagya Dawid ahennwa so, na wabɔ me fie ahennie mu nnidisoɔ atenaseɛ ama me, sɛdeɛ ɔhyɛɛ me bɔ no, Adoniya deɛ, twa ara na ɛtwa sɛ ɔwu ɛnnɛ yi ara.” 25Enti, Salomo hyɛɛ Yehoiada babarima Benaia sɛ ɔnkum no, na ɔkumm Adoniya.

26Na ɔhene no ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Abiatar sɛ, “Sane kɔ wo kurom Anatot. Wofata sɛ wowuo, nanso merenku wo seesei, ɛfiri sɛ, wosoaa Awurade Otumfoɔ Adaka no maa mʼagya, na wo ne no nyinaa na mohunuu amane wɔ nʼabɛbrɛsɛ nyinaa mu.” 27Enti, Salomo worɔɔ Abiatar2.27 Abiatar nko ara na ɔtumi gyinaa kwasafo kum wɔ Eli abusua mu no ano. (1 Sam 22.17-20). atadeɛ sɛ ɔsɔfoɔ, nam so dii mmara a Awurade hyɛɛ wɔ Silo fa Eli asefoɔ ho no so.

28Ɛwom, ahyɛaseɛ no na ɔnni Absalom akyi, nanso Yoab de ne ho kɔdɔm Adoniya adɔnyɛ no. Ɛberɛ a Yoab tee Adoniya wuo no, ɔtuu mmirika kɔɔ Awurade ntomadan kronkron no mu, na ɔkɔsosɔɔ mmɛn a ɛtuatua afɔrebukyia no ho no mu. 29Ɛberɛ a ɔhene Salomo tee asɛm yi, ɔsomaa Yehoiada babarima Benaia sɛ ɔnkɔkum no.

30Na Benaia kɔɔ Awurade ntomadan kronkron no mu kɔka kyerɛɛ Yoab sɛ, “Ɔhene se firi adi.”

Nanso, Yoab buaa sɛ, “Dabi, mɛwu wɔ ha.”

Enti, Benaia sane kɔɔ ɔhene no nkyɛn kɔkaa asɛm a Yoab aka no kyerɛɛ no.

31Ɔhene no tee asɛm a Yoab kaeɛ no, ɔka kyerɛɛ Benaia sɛ, “Yɛ deɛ ɔkaeɛ no. Ku no wɔ afɔrebukyia no ho, na sie no. Yei bɛyi adwenemherɛ mogyahwieguo ho afɔdie afiri me ne mʼagya fiefoɔ so. 32Na Awurade bɛtua no kum a ɔkumm mmarima ateneneefoɔ amapa baanu a na wɔyɛ sene no no so ka. Na mʼagya nnim Ner babarima Abner a na ɔyɛ Israel akodɔm sahene ne Yeter babarima Amasa a na ɔno nso yɛ Yuda akodɔm sahene no wuo ho hwee. 33Yoab ne nʼasefoɔ deɛ, saa awudie ahodoɔ yi ho afɔdie ntena wɔn so, na Awurade mma Dawid ne nʼasefoɔ ne nʼahennwa asomdwoeɛ afebɔɔ!”

34Enti, Yehoiada babarima Benaia sane kɔɔ ntomadan kronkron no mu, kɔkumm Yoab, na wɔsiee Yoab2.34 Na wɔsie nnipa wɔ wɔn ankasa nsase so, ɛfiri sɛ, na ɔman amusieeɛ nni hɔ saa berɛ no. wɔ ne kurom wiram baabi. 35Na ɔhene no yii Yehoiada babarima Benaia sɛ ɔnsi Yoab anan sɛ ɔsafohene. Na ɔyii ɔsɔfoɔ Sadok de no sii Abiatar anan.

36Ɔhene no soma ma wɔkɔfrɛɛ Simei ka kyerɛɛ no sɛ, “Si efie wɔ Yerusalem ha na tena mu. Nanso, mfiri kuro no mu nkɔ baabiara. 37Na da a wobɛtwa Kidron bɔnhwa no, wobɛwu; na wo mogya bɛgu wʼankasa wo tiri so.”

38Na Simei buaa sɛ, “Wʼatemmuo no yɛ kronn. Biribiara a me wura ɔhene bɛhyɛ sɛ menyɛ no, mɛyɛ.” Enti, Simei tenaa Yerusalem kyɛree yie.

39Na mfeɛ mmiɛnsa akyi no, Simei asomfoɔ baanu dwane kɔɔ Gathene2.39 Gat wɔ Filistia. Akis, Maaka babarima nkyɛn. Ɛberɛ a Simei hunuu baabi a wɔwɔ no, 40ɔhyehyɛɛ nʼafunumu, kɔɔ Gat, kɔhwehwɛɛ wɔn. Ɔhunuu wɔn no, ɔde wɔn sane baa Yerusalem.

41Salomo tee sɛ Simei afiri Yerusalem akɔ Gat asane aba. 42Enti, wɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Simei baeɛ, na ɔbisaa no sɛ, “Mamma woanka ntam Awurade edin mu sɛ, worenkɔ baabiara, na sɛ anyɛ saa a, wobɛwu? Na wobuaa sɛ, ‘Atemmuo no yɛ kronkron; na mɛdi asɛm a woaka no so.’ 43Na adɛn enti na woanni wo ntanka no so amma Awurade, na woantie me nhyɛ?”

44Na ɔhene no ka kaa ho sɛ, “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ wokae amumuyɛ a woyɛɛ mʼagya, ɔhene Dawid. Awurade bɛtwe wʼaso wɔ ho. 45Na medeɛ, mɛnya Awurade nhyira, na daa Dawid aseni atena ahennwa no so.”

46Na ɔhene no nhyɛ so, Yehoiada babarima Benaia faa Simei de no firii adi kɔkumm no.

Enti ahemman no timiiɛ wɔ Salomo nsam.