出埃及記 2 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

出埃及記 2:1-25

摩西出生

1有一個利未族人跟他同族的女子結婚。 2那女子懷孕,生了一個男嬰。她看見孩子可愛,就把他藏了三個月。 3後來無法再藏下去,她就拿來一個蒲草籃子,外面塗上防水的瀝青和柏油,然後把嬰兒放在裡面,又把籃子放在尼羅河邊的蘆葦叢中。 4嬰兒的姐姐遠遠地站著,要看看她的弟弟究竟會怎樣。

5這時,法老的女兒來到河邊沐浴,宮女們在河邊行走。公主發現了蘆葦叢中的籃子,便吩咐一個婢女去把它取來。 6公主打開一看,原來是一個男嬰。公主看見孩子在哭,就可憐他,說:「他是希伯來人的孩子。」 7嬰兒的姐姐對公主說:「我去找一個希伯來婦女當奶媽,為你哺養他好嗎?」 8公主回答說:「好!」那女孩就跑去把嬰孩的母親帶來。 9公主對那婦女說:「你把孩子抱去,替我哺養他,我會給你工錢。」她便把孩子抱去哺養。 10孩子漸漸長大,她便把他帶到公主那裡,孩子就做了公主的兒子。公主給孩子取名叫摩西,意思是「我把他從水中拉了上來」。

11後來,摩西長大了,他去看望做苦工的希伯來同胞,看見一個埃及人在毆打他的一個希伯來同胞。 12他左右觀望,見四下無人,便下手殺了那埃及人,把屍體埋藏在沙地裡。 13第二天,他又出去,看見兩個希伯來人在打架,便過去對理虧的人說:「你為什麼打自己的同胞呢?」 14那人說:「你以為你是誰啊?誰立你做我們的首領和審判官?難道你要殺我,像殺那個埃及人一樣嗎?」摩西聽了,害怕起來,心想:「我做的事一定被人知道了。」 15法老聽說這件事後,便想殺死摩西摩西為了躲避法老,就逃到米甸居住。一天他坐在一口井旁, 16米甸祭司的七個女兒來打水,要把水倒進槽裡飲她們父親的羊。 17這時,來了另外一群牧人要把她們趕走。摩西便起來幫助她們,打水飲她們的羊群。 18她們回到父親流珥2·18 流珥」又名「葉忒羅」。那裡,父親問她們:「你們今天怎麼這麼快就回來了?」 19她們答道:「有一個埃及人救我們免遭牧人的欺負,還幫我們打水飲羊群。」 20他又問女兒們:「現在那人在哪裡?你們怎麼可以丟下他不管呢?去請他來吃點東西。」 21後來,摩西同意住在那人家裡。那人把女兒西坡拉許配給他。 22後來,西坡拉生了一個兒子,摩西給他取名叫革舜,意思是「我成了在異鄉寄居的人」。

23過了多年,埃及王死了。以色列人受盡奴役,就哀歎呼求,聲音傳到上帝那裡。 24上帝聽見他們的哀聲,顧念從前跟亞伯拉罕以撒雅各所立的約, 25就垂顧他們,體恤他們。

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 2:1-25

Mose Awoɔ

1Saa ɛberɛ no mu, Lewini bi waree abaayewa bi firii Lewi abusuakuo mu. 2Ɔbaa no nyinsɛnee, woo abarimaa. Abɔfra no maame hunuu sɛ ne ho yɛ fɛ yie enti ɔde no siee efie abosome mmiɛnsa. 3Ɛduruu ɛberɛ bi no, na ɔde no sie a ɛnyɛ yie enti, ɔde mmɛwa nwonoo kɛntɛn bi de ɛhyɛ ne aman faa ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nsuo ntumi nkɔ mu. Ɔde abɔfra no too mu de no kɔsii asuo Nil konkɔn so wɔ wura a na ɛwɔ hɔ no bi mu. 4Abɔfra no nuabaa kɔgyinaa akyiri baabi a na ɔwɛn no.

5Farao babaa kɔɔ nsuo no mu sɛ ɔrekɔdware. Ɛberɛ a ɔne ne mmaawa nam asuo no konkɔn so no, ɔhunuu kɛntɛn no sɛ ɛhyɛ wiram hɔ baabi, enti ɔsomaa ne mmaawa no mu baako sɛ ɔnkɔfa mmrɛ no. 6Ɔde baeɛ a ɔbuee so no, ɔhunuu sɛ abarimaa bi da mu a ɔresu. Asɛm no yɛɛ no awerɛhoɔ. Ɔkaa sɛ, “Ɔyɛ Hebrifoɔ yi binom ba.”

7Abɔfra no nuabaa a na ɔrewɛn no no kɔɔ ɔhene babaa no nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Menkɔfrɛ Hebrifoɔ mmaa no baako na ɔmmɛhwɛ no mma wo anaa?”

8Ɔhene babaa no buaa sɛ, “Aane.” Enti, abaayewa no tuu mmirika kɔɔ efie kɔfrɛɛ abɔfra no maame de no baeɛ. 9Ɔhene babaa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa abɔfra no kɔ efie na kɔhwɛ no ma me na mɛtua wo ho ka.” Enti, ɔde no kɔɔ efie kɔhwɛɛ no. 10Ɔnyinii kakra no, ɔde no brɛɛ ɔhene babaa no ma ɔgyee no de no yɛɛ ne ba. Ɔkaa sɛ, “Mɛto ne edin Mose ɛfiri sɛ meyii no firii nsuo mu.”

Mose Dwane Kɔ Midian

11Mose nyiniiɛ no, ɛda bi, ɔkɔsraa ne manfoɔ Hebrifoɔ no. Ɔduruu hɔ no, ɔhunuu sɛ ne manfoɔ no reyɛ adwumaden. Nsrahwɛ no mu na Mose hunuu sɛ Misraimni bi reboro Hebrini a ɔyɛ ne nua. 12Mose hwɛɛ ha hwɛɛ ha hunuu sɛ obiara nni hɔ no, ɔkumm Misraimni no tutuu fam de no hyɛɛ hɔ. 13Adeɛ kyeeɛ no, ɔsane kɔɔ Hebrifoɔ no hɔ nsrahwɛ. Ɔduruu hɔ no, na wɔn mu baanu reko. Ɔbisaa deɛ nʼasɛm nyɛ dɛ no sɛ, “Ɛdeɛn na woreyɛ yi a worebobɔ wo nua Hebrini saa?”

14Ɔbarima no nso bisaa no sɛ, “Wofiri he? Hwan na ɔde wo yɛɛ yɛn sodifoɔ ne ɔtemmufoɔ? Anaasɛ woayɛ wʼadwene sɛ wobɛkum me sɛdeɛ nnora wokumm Misraimni no?” Mose hunuu sɛ bɔne a wayɛ no ho ada hɔ no, ɔsuroeɛ.

15Na Farao nso tee asɛm no, ɔhyɛɛ sɛ wɔnkɔfa Mose mmra na wɔnkum no. Nanso, Mose dwane kɔɔ Midian2.15 Na Midian yɛ Abraham mmammarima no mu baako (1 Mose 25.2). Na Midianfoɔ no te Sinai atifi fam. asase so. Ɛda bi a Mose kɔtenaa abura bi ho wɔ hɔ no, 16Midian ɔsɔfoɔ mmammaa baason bi baa hɔ sɛ wɔrebɛto nsuo de akɔma wɔn agya nnwan. 17Nanso, nnwanhwɛfoɔ bi pampam mmaayewa no. Mose bɛgyee wɔn firii nnwanhwɛfoɔ no nsam maa mmaayewa no nnwan no nyaa nsuo nomeeɛ.

18Wɔsane kɔduruu wɔn agya Reuel2.18 Reuel yɛ Yetro din foforɔ. nkyɛn no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛyɛɛ dɛn na ɛnnɛ deɛ monyaa nsuo maa nnwan yi nom ntɛm seyie?”

19Wɔka kyerɛɛ wɔn agya sɛ, “Misraimni bi na ɔgyee yɛn firii nnwanhwɛfoɔ no nsam. Ɔno ara na ɔtoo nsuo maa yɛn nnwan no nomeeɛ.”

20Wɔn agya bisaa sɛ, “Na ɔwɔ he? Mogyaa no hɔ anaa? Monkɔfrɛ no na ɔmmɛdidi.”

21Mose kɔɔ Reuel frɛ no. Akyire yi no, ɔne wɔn kɔtenaeɛ ma Reuel de ne babaa Sipora maa no awadeɛ. 22Wɔwoo ɔbabarima ma Mose too no edin Gersom, aseɛ ne Ɔhɔhoɔ, ɛfiri sɛ, Mose kyerɛ aseɛ sɛ, “Meyɛ ɔhɔhoɔ wɔ ananafoɔ asase so.”

23Mfeɛ bi akyiri no, Misraimhene no wuiɛ. Na Israelfoɔ no resi apinie wɔ wɔn nkoasom no mu. Enti na wɔresu frɛ Onyankopɔn. 24Onyankopɔn nso tiee wɔn sufrɛ no, kae ɛbɔ a ɔhyɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ ɔde nʼasefoɔ bɛsane aba Kanaan asase so no. 25Onyankopɔn hwɛ hunuu sɛ ɛberɛ aduru sɛ ɔgye wɔn.