出埃及記 17 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

出埃及記 17:1-16

磐石出水

1以色列全體會眾按照耶和華的吩咐,從曠野啟程,一程一程往前行,來到利非訂安營,可是那裡沒有水喝。 2百姓便跟摩西吵鬧,要他給他們水喝。摩西便對他們說:「你們為什麼跟我吵鬧?為什麼試探耶和華?」 3百姓非常口渴,他們向摩西抱怨說:「你為什麼要把我們帶出埃及,讓我們一家大小和牲畜都在這裡渴死?」

4摩西就呼求耶和華說:「我拿這些百姓怎麼辦?他們準備拿石塊打死我!」 5耶和華對摩西說:「你帶著之前擊打尼羅河水的杖,率領以色列的幾個長老走在眾人前面。 6我必在何烈的磐石那裡等候你們,你用杖擊打磐石,磐石必流出水來給眾人喝。」摩西便當著以色列長老的面這樣做了。 7摩西稱那地方為瑪撒米利巴17·7 瑪撒」意思是「試探」;「米利巴」意思是「爭鬧」。,因為百姓在那裡吵鬧,又試探耶和華,說:「耶和華真的在我們當中嗎?」

戰勝亞瑪力人

8後來,亞瑪力人到利非訂攻打以色列人。 9摩西約書亞說:「選一些人出去迎戰亞瑪力人。明天,我會帶著上帝的杖站在山頂上。」 10約書亞便遵照摩西的吩咐迎戰亞瑪力人,摩西亞倫戶珥站在山頂上。 11摩西什麼時候舉手,以色列人就得勝;他的手什麼時候垂下來,亞瑪力人就佔上風。 12不久,摩西的手疲倦發軟,亞倫戶珥就抬來一塊石頭讓摩西坐下,然後站在他的兩邊扶著他的手,他就穩穩地舉著手,直到日落。 13這樣,約書亞用刀殺敗了亞瑪力人。

14耶和華對摩西說:「我要抹去世人對亞瑪力人的記憶。你要把這話記在書卷上作紀念,也要把這話告訴約書亞。」 15摩西在那裡築了一座壇,稱之為耶和華尼西17·15 耶和華尼西」意思是「耶和華是我的旌旗」。16摩西說:「耶和華已經起誓要世代與亞瑪力人為敵。」

Asante Twi Contemporary Bible

2 Mose 17:1-16

Ɔbotan Mu Nsuo

1Afei, Awurade hyɛeɛ maa Israelfoɔ no firii Sin ɛserɛ no so kokɔɔ nkuro nkuro so, kɔduruu Refidim. Wɔduruu hɔ no, na nsuo a wɔbɛnom biara nni hɔ. 2Ɛha nso, nnipa no nwiinwii bio tiaa Mose sɛ, “Ma yɛn nsuo nnom!”

Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monyɛ dinn! Adɛn enti na mo ne me regye akyinnyeɛ? Adɛn enti na mopɛ sɛ mosɔ Awurade hwɛ?”

3Na osukɔm a ade wɔn no enti, wɔteateaam sɛ, “Adɛn enti na woyii yɛn firii Misraim? Adɛn enti na wode yɛn baa ha? Yɛn, yɛn mma ne yɛn anantwie nyinaa bɛwuwu!”

4Mose su frɛɛ Awurade sɛ, “Ɛdeɛn na menyɛ saa nkurɔfoɔ yi? Wɔpɛ sɛ wɔsi me aboɔ.”

5Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Fa Israelfoɔ mpanimfoɔ no bi ka wo ho na fa poma a wode bɔɔ Nil mu no na di wɔn anim fa wɔn kɔ. 6Mɛhyia wo wɔ ɔbotan a ɛwɔ bepɔ Horeb ho. Sɛ woduru hɔ a, fa wo poma no bɔ ɔbotan no mu sɛdeɛ wode bɔɔ Nil mu no na nsuo bɛfiri mu aba ama obiara anya bi anom amee.” Mose yɛɛ deɛ Awurade kaeɛ no wɔ Israel mpanimfoɔ no anim maa nsuo tue firii ɔbotan no mu. 7Enti, Mose too beaeɛ hɔ edin Masa a aseɛ ne Sɔhwɛbea ne Meriba a aseɛ ne Akyinnyegyebea ɛfiri sɛ, ɛhɔ na Israelfoɔ ne Mose gyee akyinnyeɛ, sɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ, bisaa sɛ, “Awurade bɛhwɛ yɛn so anaasɛ ɔrenhwɛ yɛn so?”

Israelfoɔ Di Amalekfoɔ So Nkonim

8Afei, akofoɔ a wɔfiri Amalek17.8 Amalekfoɔ no yɛ Esau nana barima asefoɔ, na wɔto hyɛ afoforɔ so fom wɔn nneɛma wɔ anweatam no so. bɛto hyɛɛ Israelfoɔ no so wɔ Refidim ne wɔn koeɛ. 9Mose ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Yi asraafoɔ ma yɛn na yɛne Amalekfoɔ nkɔko. Ɔkyena mɛgyina bepɔ no apampam a Onyankopɔn poma no kura me.”

10Enti, Yosua ne ne dɔm kɔtoaa Amalekfoɔ akodɔm no ne wɔn koeɛ. Saa ɛberɛ no ara, Mose ne Aaron ne Hur foro kɔɔ bepɔ no apampam pɛɛ. 11Mmerɛ dodoɔ a Mose kura poma no mu kyerɛ soro na Israelfoɔ no redi nkonim na sɛ ɔbrɛ poma no ase a, na Amalekfoɔ no nso redi Israelfoɔ no so. 12Mose brɛeɛ a na ɔntumi mma poma no so bio enti Aaron ne Hur piree ɛboɔ bi too hɔ ma ɔtenaa so. Wɔgyinagyinaa Mose benkum ne nifa memaa ne nsa mmienu no so kɔsii sɛ owia kɔtɔeɛ. 13Ɛbaa saa no, Yosua ne ne dɔm dii Amalekfoɔ no so, kunkumm wɔn wɔ akofena ano.

14Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Twerɛ yei ma ɛnna hɔ afebɔɔ ma wɔnkae daa na ka kyerɛ Yosua sɛ, mɛtɔre Amalekfoɔ nyinaa ase.”

15Mose sii afɔrebukyia hɔ na ɔtoo no edin Awurade Nissi a aseɛ ne Awurade ne mʼakofrankaa. 16Mose kaa sɛ, “Ɛfiri sɛ wɔapagya wɔn nsa akyerɛ Awurade ahennwa enti, Awurade ne Amalekfoɔ bɛdi ako afiri awo ntoatoasoɔ so akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.”