以西結書 32 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

以西結書 32:1-32

為法老唱哀歌

1第十二年十二月一日,耶和華對我說: 2「人子啊,你要為埃及王法老唱哀歌,對他說,

『你自認為是列邦中的雄獅,

其實你像激蕩江河、

用腳把江河攪渾的海怪。

3主耶和華說,

我要差遣多國組成的大軍,

用我的網把你拉上來,

4拋在地上,丟在田野,

給天上的飛鳥吃,

讓地上的走獸飽餐。

5我要把你的肉丟在山間,

把你的屍首填滿山谷,

6用你的血澆灌大地,

漫過群山,溢滿溝壑。

7當我消滅你的時候,

我要用雲遮蔽天空,

使日月無光,星辰昏暗。

8我要遮蔽天上所有的光,

使黑暗籠罩你的四境。

這是主耶和華說的。

9「『我把你滅亡的消息帶到你不認識的列邦時,必使許多人惶恐不安。 10我在他們面前揮刀攻擊你的時候,各國的人都必因你而驚駭,他們的君王必膽戰心驚。在你傾覆那天,他們都必時刻為自己的性命戰戰兢兢。』

11「主耶和華這樣說,『巴比倫王的刀必來攻擊你。 12我要使你的人民喪身在各國中最殘暴的勇士刀下。

『他們必摧毀埃及的驕傲,

消滅她的人民。

13我要殺盡她河邊的牲畜,

使人足獸蹄不再攪渾河水。

14我要使埃及的河流清澈見底,

像油一樣緩緩流淌。

這是主耶和華說的。

15我要使埃及的土地荒涼,

毀滅其中的居民,

那時他們就知道我是耶和華。

16「『這是列國為埃及唱的哀歌,各國的婦女要為埃及和她的人民唱這哀歌。這是主耶和華說的。』」

17第十二年十二月十五日,耶和華對我說: 18「人子啊,為埃及的百姓哀哭吧!我要把她與各強國的人民一同送入陰間。

19埃及啊,你比誰更美呢?

你下去跟未受割禮的人躺在一起吧!

20埃及人要倒斃在喪身刀下的人當中。刀已出鞘,她和她的國民要被拖走。 21英勇的統領要在陰間談論埃及王和他的盟友說,『這些喪身刀下、未受割禮的人下來長眠了。』

22亞述和她的大軍都在那裡,她周圍是她大軍的墳墓。他們都是喪身刀下的人。 23他們的墳墓在陰間的最深處,她的大軍躺臥在她墳墓的周圍。他們生前曾使人恐懼,如今卻喪身刀下。 24以攔在那裡,她的百姓在她墳墓的周圍。他們都未受割禮,喪身刀下,下到了陰間。他們生前曾使人恐懼,如今卻和下墳墓的人一同抱愧蒙羞。 25以攔躺臥在被殺的人當中,周圍是她百姓的墳墓。他們都未受割禮、喪身刀下。他們生前曾使人恐懼,如今卻和喪身刀下的人在一起,與下墳墓的人一同抱愧蒙羞。

26米設土巴都在那裡,周圍是她們百姓的墳墓。他們都未受割禮,生前曾使人恐懼,如今卻喪身刀下。 27他們沒有古代32·27 古代」有古卷作「未受割禮的」。勇士的榮耀葬禮,那些勇士帶著兵器下到陰間,頭枕著刀,屍骨上蓋著盾,生前曾使人恐懼。

28「法老啊,你要被毀滅,跟那些未受割禮、喪身刀下的人躺在一起。

29以東也在那裡,她的王侯儘管力量強大,卻和喪身刀下的人在一起,與那些未受割禮、下墳墓的人躺在一起。

30「北方的諸王和所有的西頓人也在那裡,雖然他們力量強大,令人恐懼,卻羞辱地與被殺的人下到了陰間。他們未受割禮,與喪身刀下的人躺在一起,與下墳墓的人一同蒙羞。

31「法老看見這些人,便得到了安慰,因為並非只有他的軍隊被殺。這是主耶和華說的。 32我使法老生前給人帶來恐懼,但他和他的百姓最後還是要躺臥在未受割禮、喪身刀下的人當中。這是主耶和華說的。」

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 32:1-32

Farao Ho Kwadwom

1Mfeɛ dumienu mu, bosome a ɛtɔ so dumienu no ɛda a ɛdi ɛkan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2“Onipa ba, to kwadwom fa Misraimhene Farao ho na ka kyerɛ no sɛ:

“ ‘Wote sɛ gyata wɔ aman no mu:

wote sɛ ɛpo mu aboa a ne ho yɛ hu

wobubu afuni wɔ wo asutene mu,

wode wo nan boro asutene no

de hono nsuo no.

3“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:

“ ‘Mede nipadɔm bɛba

abɛto mʼasau agu wo so,

na wɔbɛtwe wo afiri mʼasau mu.

4Mɛto wo atwene asase no so

na mahuri wo ato ɛserɛ so.

Mɛma ewiem nnomaa nyinaa abɛsisi wo so

na asase so mmoa nyinaa adi wo nam ɔherɛ so.

5Mɛhata wo nam wɔ mmepɔ no so

na mede wo funu ahyɛ mmɔnhwa ma.

6Mede wo mogya a ɛretene no

bɛfɔ asase no de akɔka mmepɔ no

na wonam bɛhyɛ abɔn nketewa no ma.

7Sɛ metwa wo firi hɔ a, mɛkata ɔsoro ani

na madundum wɔn nsoromma;

mede omununkum bɛkata owia ani,

na ɔsrane renhyerɛn.

8Ɔsoro nkanea a ɛhyerɛn nyinaa

mɛma aduru sum wɔ wo so;

mɛma esum aduru wʼasase, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.

9Mɛma nnipa bebree akoma atutu

ɛberɛ a mede wo sɛeɛ aba aman no mu,

nsase a wonnya nhunuiɛ mu.

10Mɛma nnipa bebree ho adwiri wɔn wɔ wo ho,

wo enti, ehu bɛma wɔn ahene ho apopo

ɛberɛ a merehim mʼakofena wɔ wɔn anim.

Ɛda a wobɛhwe ase no

wɔn mu biara ho bɛwoso

berɛ nyinaa mu wɔ wɔn nkwa enti.

11“ ‘Na sei na Otumfoɔ Awurade seɛ:

“ ‘Babiloniahene akofena

bɛsɔre wo so.

12Mɛma wo nipadɔm no atotɔ

wɔ nnɔmmarima akofena ano,

wɔ aman a wɔyɛ tutugyagu mu.

Wɔbɛsɛe Misraim ahomasoɔ pasaa

na ne nipadɔm no nyinaa bɛdi nkoguo.

13Mɛkunkum nʼanantwie nyinaa

afiri nsuo bebree no ho

na nnipa nan rentiatia mu bio

na anantwie nan nso renhono no.

14Afei mɛma ne nsuo ani ate

na mama ne asutene atene sɛ ngo,

Otumfoɔ Awurade asɛm nie.

15Sɛ mema Misraim da mpan

na meyi biribiara firi asase no so,

sɛ mekum wɔn a wɔte soɔ nyinaa a,

afei na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’

16“Yei ne kwadwom a wɔbɛto ama no. Amanaman no mmammaa bɛto ama Misraim ne ne nipadɔm nyinaa, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”

17Afe a ɛtɔ so dumienu no no bosome ɛda a ɛtɔ so dunum no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 18“Onipa ba, twa adwo ma Misraim nipadɔm na ma ɔne amanaman akɛseɛ no mmammaa nsiane nkɔ asase ase nkɔka wɔn a wɔasiane kɔ amena mu no ho. 19Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Wadom mo dodo sene wɔn a aka no anaa? Monsiane nkɔ na mo ne momonotofoɔ no nkɔda.’ 20Wɔbɛka wɔn a wɔwuwuu wɔ akofena ano no ho. Wɔatwe akofena no, ma wɔntwe ɔno ne nipadɔm no ase nkɔ. 21Akannifoɔ akɛseɛ a wɔwɔ damena mu bɛka wɔ Misraim ne ne mpamfoɔ ho sɛ, ‘Wɔasiane aba na wodeda momonotofoɔ mu, wɔn a wɔwuwuu wɔ akofena ano no.’

22“Asiria ne nʼasraadɔm nyinaa wɔ hɔ, wɔn a wakunkum wɔn no damena atwa ne ho ahyia, wɔn a wɔatotɔ wɔ akofena ano no. 23Wɔn adamena no wɔ amena no ase tɔnn na nʼasraadɔm deda ne damena ho nyinaa. Wɔn a na wɔhunahuna afoforɔ wɔ ateasefoɔ asase so no nyinaa awuwu, wɔatotɔ wɔ akofena ano.

24“Elam wɔ hɔ, ne nipadɔm nyinaa atwa ne damena ho ahyia. Wɔn nyinaa awuwu, wɔatotɔ wɔ akofena ano. Wɔn a na wɔhunahuna afoforɔ wɔ ateasefoɔ asase so nyinaa siane kɔɔ asase ase sɛ momonotofoɔ. Wɔde wɔn animguaseɛ kɔka wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no ho. 25Wɔato mpa ama no wɔ atɔfoɔ no mu, na ne nipadɔm atwa ne damena ho ahyia. Wɔn nyinaa yɛ momonotofoɔ a wɔatotɔ wɔ akofena ano. Esiane sɛ wɔn ahunahuna trɛɛ wɔ ateasefoɔ asase soɔ no enti, wɔne wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no nyinaa anim agu ase. Wɔadeda wɔn wɔ atɔfoɔ no mu.

26“Mesek ne Tubal wɔ hɔ a wɔn nipadɔm atwa wɔn adamena ho ahyia. Wɔn nyinaa yɛ momonotofoɔ a wɔatotɔ wɔ akofena ano ɛfiri sɛ wɔtrɛtrɛɛ wɔn ahunahuna mu wɔ ateasefoɔ asase so. 27Ɛnyɛ wɔ ne akofoɔ momonotofoɔ foforɔ a wɔatotɔ na ɛdeda hɔ anaa? Wɔn a wɔne wɔn akodeɛ siane kɔɔ damena mu na wɔn tiri deda wɔn akofena soɔ no. Wɔn amumuyɛ so asotwe daa wɔn nnompe so, mmom saa akofoɔ yi ahunahuna atrɛtrɛ wɔ ateasefoɔ asase so.

28“Ao Farao, wo nso wɔbɛbubu wo mu na woakɔda momonotofoɔ mu, wo ne wɔn a wɔtotɔɔ wɔ akofena ano no.

29“Edom wɔ hɔ, nʼahemfo ne ne mmapɔmma nyinaa deda wɔn a wɔatotɔ wɔ akofena ano mu, wɔn tumi nyinaa akyi. Wɔdeda momonotofoɔ mu, wɔ ne wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no.

30“Mmapɔmma a wɔfiri atifi fam nyinaa ne Sidonfoɔ nyinaa wɔ hɔ, wɔ ne atɔfoɔ kɔɔ wɔ animguaseɛ mu, wɔn tumi a wɔde hunahunaeɛ no nyinaa akyi. Wɔdeda hɔ sɛ momonotofoɔ, wɔne wɔn a wɔkum wɔn wɔ akofena ano, na wɔne wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no asoa wɔn animguaseɛ.

31“Farao, ɔne nʼasraadɔm nyinaa bɛhunu wɔn na ne werɛ bɛkyekye wɔ ne nipadɔm a wɔkunkum wɔn wɔ akofena ano no ho, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 32Mmom me na memaa Farao ne ne nipadɔm de ahunahuna trɛtrɛɛ ateasefoɔ asase so deɛ, nanso wɔbɛdeda momonotofoɔ mu, wɔn a wɔde akofena kunkumm wɔn, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”