以西結書 32 – CCBT & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

以西結書 32:1-32

為法老唱哀歌

1第十二年十二月一日,耶和華對我說: 2「人子啊,你要為埃及王法老唱哀歌,對他說,

『你自認為是列邦中的雄獅,

其實你像激蕩江河、

用腳把江河攪渾的海怪。

3主耶和華說,

我要差遣多國組成的大軍,

用我的網把你拉上來,

4拋在地上,丟在田野,

給天上的飛鳥吃,

讓地上的走獸飽餐。

5我要把你的肉丟在山間,

把你的屍首填滿山谷,

6用你的血澆灌大地,

漫過群山,溢滿溝壑。

7當我消滅你的時候,

我要用雲遮蔽天空,

使日月無光,星辰昏暗。

8我要遮蔽天上所有的光,

使黑暗籠罩你的四境。

這是主耶和華說的。

9「『我把你滅亡的消息帶到你不認識的列邦時,必使許多人惶恐不安。 10我在他們面前揮刀攻擊你的時候,各國的人都必因你而驚駭,他們的君王必膽戰心驚。在你傾覆那天,他們都必時刻為自己的性命戰戰兢兢。』

11「主耶和華這樣說,『巴比倫王的刀必來攻擊你。 12我要使你的人民喪身在各國中最殘暴的勇士刀下。

『他們必摧毀埃及的驕傲,

消滅她的人民。

13我要殺盡她河邊的牲畜,

使人足獸蹄不再攪渾河水。

14我要使埃及的河流清澈見底,

像油一樣緩緩流淌。

這是主耶和華說的。

15我要使埃及的土地荒涼,

毀滅其中的居民,

那時他們就知道我是耶和華。

16「『這是列國為埃及唱的哀歌,各國的婦女要為埃及和她的人民唱這哀歌。這是主耶和華說的。』」

17第十二年十二月十五日,耶和華對我說: 18「人子啊,為埃及的百姓哀哭吧!我要把她與各強國的人民一同送入陰間。

19埃及啊,你比誰更美呢?

你下去跟未受割禮的人躺在一起吧!

20埃及人要倒斃在喪身刀下的人當中。刀已出鞘,她和她的國民要被拖走。 21英勇的統領要在陰間談論埃及王和他的盟友說,『這些喪身刀下、未受割禮的人下來長眠了。』

22亞述和她的大軍都在那裡,她周圍是她大軍的墳墓。他們都是喪身刀下的人。 23他們的墳墓在陰間的最深處,她的大軍躺臥在她墳墓的周圍。他們生前曾使人恐懼,如今卻喪身刀下。 24以攔在那裡,她的百姓在她墳墓的周圍。他們都未受割禮,喪身刀下,下到了陰間。他們生前曾使人恐懼,如今卻和下墳墓的人一同抱愧蒙羞。 25以攔躺臥在被殺的人當中,周圍是她百姓的墳墓。他們都未受割禮、喪身刀下。他們生前曾使人恐懼,如今卻和喪身刀下的人在一起,與下墳墓的人一同抱愧蒙羞。

26米設土巴都在那裡,周圍是她們百姓的墳墓。他們都未受割禮,生前曾使人恐懼,如今卻喪身刀下。 27他們沒有古代32·27 古代」有古卷作「未受割禮的」。勇士的榮耀葬禮,那些勇士帶著兵器下到陰間,頭枕著刀,屍骨上蓋著盾,生前曾使人恐懼。

28「法老啊,你要被毀滅,跟那些未受割禮、喪身刀下的人躺在一起。

29以東也在那裡,她的王侯儘管力量強大,卻和喪身刀下的人在一起,與那些未受割禮、下墳墓的人躺在一起。

30「北方的諸王和所有的西頓人也在那裡,雖然他們力量強大,令人恐懼,卻羞辱地與被殺的人下到了陰間。他們未受割禮,與喪身刀下的人躺在一起,與下墳墓的人一同蒙羞。

31「法老看見這些人,便得到了安慰,因為並非只有他的軍隊被殺。這是主耶和華說的。 32我使法老生前給人帶來恐懼,但他和他的百姓最後還是要躺臥在未受割禮、喪身刀下的人當中。這是主耶和華說的。」

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 32:1-32

Farao Ho Kwadwom

1Mfe dumien mu, ɔsram a ɛto so dumien no da a edi kan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 2“Onipa ba, to kwadwom fa Misraimhene Farao ho na ka kyerɛ no se:

“ ‘Wote sɛ gyata wɔ aman no mu:

wote sɛ po mu aboa a ne ho yɛ hu

wububu dikyi wɔ wo nsuten mu,

wode wo nan boro nsuten no

de fono nsu no.

3“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se:

“ ‘Mede dɔm bɛba

abɛtow mʼasau agu wo so,

na wɔbɛtwe wo afi mʼasau mu.

4Mɛtow wo akyene asase no so

na mahiri wo ato sare so.

Mɛma wim nnomaa nyinaa abesisi wo so

na asase so mmoa nyinaa adi wo nam afrɛ so.

5Mɛhata wo nam wɔ mmepɔw no so

na mede wo funu ahyɛ aku ma.

6Mede wo mogya a ɛresen no

afɔw asase no de akɔka mmepɔw no

na wo nam bɛhyɛ abon nketewa no ma.

7Sɛ mitwa wo fi hɔ a, mɛkata ɔsoro ani

na madunnum wɔn nsoromma;

mede omununkum bɛkata owia ani,

na ɔsram renhyerɛn.

8Ɔsoro akanea a ɛhyerɛn nyinaa

mɛma aduru sum wɔ wo so;

mɛma sum aduru wʼasase, Otumfo Awurade asɛm ni.

9Mɛma nnipa bebree koma atutu

bere a mede wo sɛe aba aman no mu,

nsase a wunnya nhuu mu.

10Mɛma nnipa bebree ho adwiriw wɔn wɔ wo ho,

wo nti, hu bɛma wɔn ahene ho apopo

bere a merehim mʼafoa wɔ wɔn anim no.

Da a wobɛhwe ase no

wɔn mu biara ho bɛwosow

bere nyinaa mu wɔ wɔn nkwa nti.

11“ ‘Na sɛɛ na Otumfo Awurade se:

“ ‘Babiloniahene afoa

bɛsɔre wɔ wo so.

12Mɛma wo dɔm no atotɔ

wɔ dɔmmarima afoa ano,

wɔ aman a wɔyɛ anuɔdenfo mu.

Wɔbɛsɛe Misraim ahomaso pasaa

na ne dɔm no nyinaa bedi nkogu.

13Mekunkum nʼanantwi nyinaa

afi nsu bebree no ho

na onipa nan rentiatia mu bio

na anantwi tɔte nso remfono no.

14Afei mɛma ne nsu ani atew

na mama ne nsuten ateɛ sɛ ngo,

Otumfo Awurade asɛm ni.

15Sɛ mema Misraim da mpan

na miyi biribiara fi asase no so,

sɛ mikum wɔn a wɔte so nyinaa a,

afei na wobehu sɛ mene Awurade no.’

16“Eyi ne kwadwom a wɔbɛto ama no. Amanaman no mmabea bɛto ama Misraim ne ne dɔm nyinaa, Otumfo Awurade asɛm ni.”

17Afe a ɛto so dumien no ne sram da a ɛto so dunum no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se: 18“Onipa ba, twa adwo ma Misraim dɔm na ma ɔne amanaman akɛse no mmabea nsian nkɔ asase ase nkɔka wɔn a wɔasian kɔ amoa mu no ho. 19Ka kyerɛ wɔn se, ‘Wadom mo dodo sen wɔn a aka no ana? Munsian nkɔ na mo ne momonotofo no nkɔda.’ 20Wɔbɛka wɔn a wowuwuu wɔ afoa ano no ho. Wɔatwe afoa no, ma wɔntwe ne nnipadɔm no ase nkɔ. 21Akannifo akɛse a wɔwɔ ɔda mu bɛka afa Misraim ne ne dɔm ho se, ‘Wɔasian aba na wɔdeda momonotofo mu, wɔn a wowuwuu wɔ afoa ano no.’

22“Asiria ne nʼasraafo nyinaa wɔ hɔ, wɔn a wɔakunkum wɔn no nna atwa ne ho ahyia, wɔn a wɔatotɔ wɔ afoa ano no. 23Wɔn nna no wɔ amoa no ase tɔnn na nʼasraafo deda ne nna ho nyinaa. Wɔn a na wohunahuna afoforo wɔ ateasefo asase so no nyinaa awuwu, wɔatotɔ wɔ afoa ano.

24“Elam wɔ hɔ, ne nnipadɔm nyinaa atwa ne da ho ahyia. Wɔn nyinaa awuwu, wɔatotɔ wɔ afoa ano. Wɔn a na wohunahuna afoforo wɔ ateasefo asase so nyinaa sian kɔɔ asase ase sɛ momonotofo. Wɔde wɔn animguase kɔka wɔn a wosian kɔ amoa mu no ho. 25Wɔato mpa ama no wɔ atɔfo no mu, na ne dɔm atwa ne da ho ahyia. Wɔn nyinaa yɛ momonotofo a wɔatotɔ wɔ afoa ano. Esiane sɛ wɔn ahunahuna trɛw wɔ ateasefo asase so no nti, wɔne wɔn a wosian kɔ amoa mu no nyinaa anim agu ase. Wɔadeda wɔn wɔ atɔfo no mu.

26“Mesek ne Tubal wɔ hɔ a wɔn dɔm atwa wɔn nna ho ahyia. Wɔn nyinaa yɛ momonotofo a wɔatotɔ wɔ afoa ano efisɛ wɔtrɛtrɛw wɔn ahunahuna mu wɔ ateasefo asase so. 27Ɛnyɛ wɔn ne akofo momonotofo foforo a wɔatotɔ na wɔdeda hɔ no ana? Wɔn a wɔne wɔn akode sian kɔɔ nna mu na wɔn ti deda wɔn afoa so no. Wɔn amumɔyɛ so asotwe daa wɔn nnompe so, mmom saa akofo yi ahunahuna atrɛtrɛw wɔ ateasefo asase so.

28“Farao, wo nso wobebubu wo mu na woakɔda momonotofo mu, wo ne wɔn a wɔtotɔɔ wɔ afoa ano no.

29“Edom wɔ hɔ, nʼahemfo ne ne mmapɔmma nyinaa deda wɔn a wɔatotɔ wɔ afoa ano no mu, wɔn tumi nyinaa akyi. Wɔdeda momonotofo mu, wɔne wɔn a wosian kɔ amoa mu no.

30“Mmapɔmma a wofi atifi fam nyinaa ne Sidonfo nyinaa wɔ hɔ, wɔne atɔfo kɔɔ wɔ animguase mu, wɔn tumi a wɔde hunahuna no nyinaa akyi. Wɔdeda hɔ sɛ momonotofo, wɔne wɔn a wokum wɔn wɔ afoa ano, na wɔne wɔn a wosian kɔ amoa mu no asoa wɔn animguase.

31“Farao, ɔne nʼasraafo nyinaa behu wɔn na ne werɛ bɛkyekye wɔ ne dɔm a wokunkum wɔn wɔ afoa ano no ho, Otumfo Awurade asɛm ni. 32Mmom me na memaa Farao ne ne nnipadɔm de ahunahuna trɛtrɛw wɔ ateasefo asase so de, nanso wɔbɛdeda momonotofo mu, wɔn a wɔde afoa kunkum wɔn, Otumfo Awurade asɛm ni.”