以西結書 22 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

以西結書 22:1-31

耶路撒冷的罪惡

1耶和華對我說: 2「人子啊,你要審判耶路撒冷這殺人流血的城。你要審判她,使她知道自己一切可憎的行為。 3你要向她宣告主耶和華的話,說,『唉,你這殺人流血、製造偶像玷污自己的城啊,你的末日到了。 4你既犯罪殺人、製造偶像玷污自己、自招審判,我要使你成為列國列邦侮辱和譏諷的對象。 5你這聲名狼藉、混亂不堪的城將要受到遠近各國的恥笑。

6「『看啊,在你城中的以色列首領各逞權勢,殺人流血。 7他們輕慢父母,壓迫寄居者,欺負孤兒寡婦。 8他們藐視我的聖物,褻瀆我的安息日。 9在你這城中,有人好誹謗、殺人流血,有人在山上吃祭物,有人淫亂, 10有人與繼母通姦,羞辱父親,有人姦污經期不潔的婦女, 11有人與鄰居的妻子幹出可憎之事,有人玷污自己的兒媳婦,有人姦污自己的同父姊妹。 12在你這城中,他們受賄殺人,放債取利,壓榨鄰居,早把我忘了。這是主耶和華說的。

13「『我見你謀財害命,就擊掌歎息。 14在我懲罰你的日子,你還有勇氣和力量嗎?我耶和華言出必行, 15我要把你驅散到列國,分散到列邦,我要除掉你的污穢。 16你必在列國面前受凌辱,你便知道我是耶和華。』」

17耶和華對我說: 18「人子啊,在我看來,以色列人已經變成了渣滓。他們是爐中的銅、錫、鐵、鉛,都是銀渣滓。 19所以主耶和華說,『你們既是渣滓,我要把你們聚集在耶路撒冷城。 20我要在烈怒中把你們聚集在城裡熔化,就像人把銀、銅、鐵、鉛、錫聚在高溫的爐中熔化一樣。 21我要聚集你們,把我的怒火倒在你們身上,熔化你們。 22你們要在城中熔化,就像銀在煉爐中熔化。你們就知道我耶和華已將我的烈怒傾倒在你們身上。』」

23耶和華對我說: 24「人子啊,你要對以色列說,『在我發怒的日子,將沒有雨水滋潤你這不潔之地。 25你的首領圖謀惡事,好像咆哮著撕碎獵物的獅子,他們草菅人命,搶奪財寶,使多人變成寡婦。 26你的祭司強解我的律法,褻瀆我的聖物。他們聖俗不分,也不教導人分辨潔淨的和污穢的。他們藐視我的安息日,褻瀆我。 27你的首領好像撕碎獵物的豺狼,殺人流血,謀取不義之財。 28你的先知對他們說虛假的異象和占卜,像用白灰刷牆一樣掩蓋他們的罪惡,說,耶和華這樣說,其實耶和華沒有說。 29你的居民強取豪奪,欺壓貧困的,虐待寄居的,無法無天。 30我想在他們中間尋找一位重修城牆的人,站在我面前為這地方堵住缺口,免得我毀滅這裡。可是,我一個也找不到。 31因此,我要向他們傾倒我的烈怒,用怒火滅盡他們,照他們的所作所為報應他們。這是主耶和華說的。』」

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 22:1-31

Yerusalem Nnebɔne

1Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2“Onipa ba, wobɛbu Yerusalem atɛn? Wobɛbu saa mogyahwiegu kuropɔn yi atɛn anaa? Ɛnneɛ fa ne nneyɛɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ no nyinaa si nʼanim 3na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ao kuropɔn a ɔnam mogya hwieguo so de nnome aba ne ho so na ɔde ahoni a ɔyɛ agu ne ho fi, 4woadi fɔ wɔ mogya a woahwie agu na woagu wo ho fi wɔ ahoni a woayɛ enti. Woama wo nna abɛn, na wo mfeɛ awieeɛ no aba. Enti mɛyɛ wo ahohoradeɛ wɔ amanaman no mu, ne asredeɛ wɔ amantam no nyinaa mu. 5Wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri bɛdi wo ho fɛw, Ao Kuropɔn a ɛnni animuonyam, na basabasayɛ ahyɛ no ma.

6“ ‘Hwɛ sɛdeɛ Israel mmapɔmma a wɔwɔ wo mu no mu biara de ne tumi hwie mogya guo. 7Wɔabu agya ne ɛna animtiaa wɔ wo mu. Wɔahyɛ ɔnanani so, na wɔatane awisiaa ne akunafoɔ ani. 8Wɔabu mʼakronkronneɛ animtiaa na woagu me home nna ho fi. 9Wo mu na mmarima ntwatosofoɔ a wɔpɛ sɛ wɔhwie mogya guo wɔ, wɔn a wɔdidi wɔ sorɔnsorɔmmea abosonnan mu, na wɔyɛ ahohoradeɛ. 10Wo mu na wɔn a wɔgu wɔn agyanom mpa ho fi wɔ. Wɔn a wɔne mmaa a wɔabu wɔn nsa, na wɔn ho nteɛ no da no wɔ wo mu. 11Wo mu na ɔbarima ne ne yɔnko yere yɛ bɔne a ɛyɛ akyiwadeɛ. Ɔfoforɔ ne nʼase baa da wɔ animguaseɛ mu, na ɔfoforɔ ne ne nuabaa da, ɔno ankasa nʼagya babaa. 12Wo mu na nnipa gye adanmudeɛ ka mogya guo; wɔgye nsihoɔ ne mfasoɔ a ɛboro so firi wɔn mfɛfoɔ nkyɛn de nya wɔn ho bebree. Na mo werɛ afiri me, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.

13“ ‘Ampa ara mɛbɔ me nsam agu wʼasisie ahonya ne mogya a woahwie agu no so. 14Wʼakokoduro bɛtumi agyina anaa sɛ wo nsa bɛyɛ den ɛda no a me ne wo bɛnya no anaa? Me Awurade na akasa, na mɛyɛ. 15Mɛhwete wo mu agu amanaman no so, na mabɔ wo apansam amantam no mu; na mede wo afideyɛ aba nʼawieeɛ. 16Sɛ wɔgu wo ho fi wɔ amanaman no mu a, wobɛhunu sɛ mene Awurade no.’ ”

17Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 18“Onipa ba, Israel efie abɛyɛ dwetɛ ase fi ama me; wɔn nyinaa yɛ kɔbere, sanya, dadeɛ ne sumpii a wɔagya wɔ fononoo mu. Wɔyɛ dwetɛ fi hunaa. 19Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: ‘Esiane sɛ mo nyinaa abɛyɛ dwetɛ fi enti, mɛboaboa mo ano wɔ Yerusalem. 20Sɛdeɛ nnipa boaboa dwetɛ, kɔbere, sumpii ne sanya ano hyɛ fononoo mu de egyadɛreɛ a ano yɛ dene nane no, saa ara na mɛfiri mʼabufuo ne mʼabufuhyeɛ mu aboaboa mo ano wɔ kuropɔn no mu na manane mo. 21Mɛboaboa mo ano na mahu mʼabufuhyeɛ ogya agu mo so, na moanane wɔ ne mu. 22Sɛdeɛ wɔnane dwetɛ wɔ fononoo mu no, saa ara na mobɛnane wɔ ne mu na moahunu sɛ me Awurade na mahwie mʼabufuhyeɛ agu mo so.’ ”

23Na Awurade asɛm baa me nkyɛn bio sɛ: 24“Onipa ba, ka kyerɛ asase no sɛ, ‘Woyɛ asase a woanya osutɔ anaa osuo ampete wo so wɔ abufuo ɛda no.’ 25Ne mmapɔmma abɔ pɔ bɔne wɔ ne mu te sɛ gyata a ɔbobɔm na ɔtete ne haboa mu. Wɔwe nnipa nam, wɔfa ademudeɛ ne nneɛma a ɛsom bo na wɔma akunafoɔ dɔɔso wɔ ne mu. 26Nʼasɔfoɔ bu me mmara so na wɔgu mʼakronkronneɛ ho fi; wɔnnkyerɛ nsonsonoeɛ a ɛda deɛ ɛyɛ kronn ne deɛ ɛnyɛ kronn ntam; wɔkyerɛkyerɛ sɛ nsonsonoeɛ biara nna deɛ ɛho nteɛ ne deɛ ɛho teɛ ntam, na wɔbu wɔn ani gu me home nna die so, de gu me ho fi wɔ wɔn mu. 27Nʼadwumayɛfoɔ te sɛ mpataku a wɔretete wɔn ahaboa mu; wɔhwie mogya gu na wɔkum nnipa de pɛ mfasoɔ bɔne. 28Nʼadiyifoɔ nam atorɔ anisoadehunu ne nkontompo nkɔmhyɛ so ma saa nnebɔne yi yɛ fitaa. Wɔka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ,’ wɔ ɛberɛ a Awurade nkasaeɛ. 29Asase no so nnipa di amin na wɔbɔ korɔno; wɔhyɛ ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ so, wɔnnye ahɔhoɔ ani na wɔde atɛntenenee kame wɔn.

30“Mehwehwɛɛ obi wɔ wɔn mu a ɔbɛto ɔfasuo no na wagyina mʼanim wɔ asase no anan mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a merensɛe asase no, nanso manhunu obiara. 31Ɛno enti, mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wɔn so, na mede mʼabufuo a ɛyɛ hu no atɔre wɔn ase, na mama deɛ wɔayɛ nyinaa abɔ wɔn tiri so, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”