以西結書 17 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

以西結書 17:1-24

鷹和葡萄樹的比喻

1耶和華對我說: 2「人子啊,你要向以色列人出謎語,講比喻, 3告訴他們,主耶和華說,『有一隻大鷹翅膀寬大,羽毛豐滿,色彩繽紛。這隻鷹飛到黎巴嫩的香柏樹上,折去樹梢, 4叼到一個商賈雲集的城市,栽在那裡。 5牠又把以色列的樹苗像柳樹一樣栽在水源豐沛的沃土裡。 6樹苗很快發了芽,成了向四面蔓延的矮小葡萄樹,根深葉茂,枝子向著鷹伸展開去。

7「『又有一隻大鷹飛來,翅膀寬大,羽毛豐滿。這葡萄樹把根和枝子轉向這隻鷹,渴望得到牠的澆灌。 8但這樹已栽在水源豐沛的沃土裡,可以長得枝繁葉茂,成為結實纍纍的好葡萄樹。』

9「你要告訴他們,主耶和華這樣說,『這樹能長得枝繁葉茂嗎?難道那鷹不把它連根拔起,摘掉它的果子,使樹和嫩葉全部枯萎嗎?不必費多大力氣,也不需要多少人就可以把它連根拔起。 10這樹雖然被栽種了,又豈能長得茂盛呢?東風一吹,它豈不完全枯萎在園圃中了嗎?』」

11耶和華對我說: 12「你要對這些悖逆的人說,『你們不明白這比喻的意思嗎?』要告訴他們,巴比倫王攻取了耶路撒冷,把其中的君王和大臣擄到巴比倫13並從猶大王室中選出一人與他立約,要他效忠。巴比倫王擄去猶大國的重臣, 14使猶大國臣服於他,無法圖強,只能遵守盟約,以求生存。 15後來,猶大王背叛了巴比倫王,派使者到埃及請求支援軍隊馬匹。他能成功嗎?他這樣做怎能逃脫懲罰呢?他這樣背約怎能逃脫懲罰呢?

16「我憑我的永恆起誓,巴比倫王立他做王,他卻棄約背誓,他必死在巴比倫17敵人築起圍攻的土壘和高臺大肆殺戮的時候,法老雖然兵強馬壯,人多勢眾,仍無法幫他抗敵。 18他起誓降服,卻棄約背誓,所以絕不能逃避後果。 19因此,主耶和華說,『我憑我的永恆起誓,他既藐視與我所立的誓言,背棄與我所定的約,我必懲罰他。 20我要撒開網羅抓住他,把他帶到巴比倫,審判他對我不忠的罪。 21他所有的精兵都要喪身刀下,餘下的也要四散逃竄。這樣,你們就知道這是我耶和華說的。

22「主耶和華說,『我要從高大的香柏樹梢折下一根嫩枝,種植在以色列巍峨的高山上。 23它會生枝結果,成為一棵美麗的香柏樹,各類飛鳥都要棲息在它的樹枝上。 24田野所有的樹都會知道我耶和華使高樹倒下、矮樹長高、青樹枯萎、枯樹發榮。我耶和華言出必行。』」

Asante Twi Contemporary Bible

Hesekiel 17:1-24

Akɔdeɛ Mmienu Ne Bobe Ho Asɛm

1Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, 2“Onipa ba, dwene mfatoho bi ho, fa yɛ abɛbusɛm na ka kyerɛ Israel efie. 3Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɔkɔdeɛ kɛseɛ bi a ɔwɔ ntaban a ahoɔden wɔ mu ne ntakra atentene bebree a ɛwɔ ahosu ahodoɔ baa Lebanon. Ɔkɔsii ntweneduro dua nkɔn mu, 4buu ne mman a ɛwɔ atifi paa na ɔde kɔɔ adwadifoɔ asase bi so kɔdua wɔ wɔn kuropɔn mu.

5“ ‘Ɔfaa wʼasase so aba no bi kɔhyɛɛ dɔte bereɛ mu. Ɔduaa no sɛ ɔfɔtɔ dua a ɛwɔ nsuwansuwa ho, 6na ɛfefɛ bɛyɛɛ bobe a ɛtrɛtrɛ fam. Ne mman no danedane kyerɛɛ ne so, na ne nhini no nyini kɔɔ fam. Enti ɛbɛyɛɛ bobe yiyii mman a ɛso wɔ nhahan a ɛyɛ fɛ.

7“ ‘Nanso na ɔkɔdeɛ kɛseɛ foforɔ bi a ɔwɔ ntaban a ahoɔden wo mu na ne ho wɔ ntakra bebree wɔ hɔ. Bobe no danee ne nhini firii beaeɛ a wɔduaa no hɔ kyerɛɛ ɔkɔdeɛ no na ɔtrɛɛ ne mman kɔɔ ne so kɔpɛɛ nsuo. 8Nanso, na wɔadua bobe no wɔ asase pa a ɛbɛn nsuwansuwa ho, sɛdeɛ ɛbɛyiyi mman na aso aba na afei abɛyɛ bobe dua a ɛdi mu.’

9“Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛbɛyɛ yie anaa? Wɔrentu nʼase ntete ne so aba ma ɛntwintwam anaa? Deɛ afefɛ wɔ ho nyinaa bɛtwintwam. Ɛho renhia abasa a emu yɛ duru anaa nnipa bebree na watu nʼase. 10Sɛ wɔtu bobe no tɛ a, ɛbɛyɛ yie? Sɛ apueeɛ mframa bɔ no a, ɛrentwintwam anaa? Ɛbɛwu wɔ asase pa a wɔduaa wɔ so ma ɛnyinii yie no.’ ”

11Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 12“Ka kyerɛ saa atuatefoɔ efie yi sɛ, ‘Monnim deɛ saa nneɛma yi kyerɛ anaa?’ Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Babiloniahene kɔɔ Yerusalem kɔsoaa ne ɔhene ne ne mmapɔmma de wɔn baa Babilonia. 13Ɔyii ɔdehyeɛ baako ne no kaa ntam yɛɛ apam. Ɔsoaa ntuanofoɔ ne atitire a wɔwɔ asase no so nso kɔɔeɛ, 14sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ahennie no renyɛ den na wɔrensɔre bio, na apam no nko ara na ɛbɛbɔ wɔn ho ban. 15Nanso Israelhene no somaa ananmusifoɔ kɔɔ Misraim kɔsrɛɛ akodɔm kɛseɛ ne apɔnkɔ bebree nam so tee atua. Ɔbɛdi nkonim anaa? Deɛ ɔyɛ saa nneɛma yi bɛnya ne tiri adidi mu anaa? Ɔbɛbu apam no so na wanya ne tiri nso adidi mu anaa?

16“ ‘Sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ, Israelhene no bɛwu wɔ Babilonia. Ɔbɛwu wɔ Babilonia, asase a ɔhene ɔde no sii ahendwa so na ɔbuu nʼapam so no so. 17Farao ne ne dɔmmarima ne nnipadɔm ho remma no mfasoɔ biara wɔ ɔko mu, ɛberɛ a Babilonia asisi epie na wayɛ otua nnwuma a ɔde rebɛsɛe bebree nkwa. 18Ɔbuu apam no so, nam so de too ntam no. Esiane sɛ ɔde ne nsa ahyɛ apam no ase na ɔyɛɛ yeinom nyinaa enti, ɔremfa ne ho nni.

19“ ‘Enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ mete ase yi, mɛma me ntam a ɔtooɛ, ne mʼapam a ɔbuu so no abɔ ne tiri so. 20Mɛtrɛ mʼasau mu wɔ ne so na mʼafidie bɛyi no. Mede no bɛba Babilonia na mabu no atɛn wɔ hɔ, ɛfiri sɛ wanni me nokorɛ. 21Nʼakodɔm a wɔredwane nyinaa bɛtotɔ wɔ akofena ano, na wɔn a wɔbɛnya wɔn ti adidim no, mɛhwete wɔn akɔ mmaa nyinaa. Afei wobɛhunu sɛ me Awurade makasa.

22“ ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ankasa mɛpan mman afiri ntweneduro dua no nkɔn mu na madua. Mɛpan mman frɔmfrɔm ketewaa bi afiri ne nkɔn mu akɔdua wɔ bepɔ tentene bi so. 23Mɛdua wɔ Israel sorɔnsorɔmmea. Ɛbɛyiyi mman na aso aba na ayɛ ntweneduro dua a ɛdi mu. Nnomaa ahodoɔ bɛyɛ wɔn mpirebuo wɔ so na wɔanya ahomegyebea wɔ mman no nwunu mu. 24Wira mu nnua nyinaa bɛhunu sɛ, me Awurade na metwa dua tentene to fam na mema dua a ɛyɛ tiawa nyini yɛ tentene. Mema dua mono atwintwam na mema deɛ atwintwam nso yɛ frɔmm.

“ ‘Me Awurade na maka, na mɛyɛ.’ ”