以斯拉記 5 – CCBT & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

以斯拉記 5:1-17

1那時,先知哈該易多的子孫撒迦利亞以色列上帝的名,向猶大耶路撒冷猶大人宣講上帝的話。 2於是,撒拉鐵的兒子所羅巴伯約薩達的兒子耶書亞開始在耶路撒冷重建上帝的殿,上帝的先知在他們身邊幫助他們。

3當時,河西總督達乃示他·波斯乃及其同僚來問他們:「誰批准你們重建這殿、修復這牆的?」 4又問道:「建造這殿的人們叫什麼名字。」 5然而,上帝看顧猶太人的長老,工程沒有被叫停,直到事情呈報給大流士王、收到王的回諭後才停止。

6河西的官員們——河西總督達乃示他·波斯乃及其同僚上奏大流士王, 7奏章如下:

「願大流士王一切平安! 8王該知道,我們去了猶大省,到了偉大上帝的殿。人們正在用大石建殿,木料已經安在牆裡,工程進展迅速、順利。 9我們問那些長老,『誰批准你們重建這殿、修復這牆的?』 10我們又問他們的名字,好記下他們首領的名字稟告王。

11「他們回答說,『我們是天地之上帝的僕人,我們正在重建這座多年前由以色列的一位偉大君王建造的殿。 12但因為我們的祖先觸怒了天上的上帝,上帝把他們交在迦勒底人——巴比倫尼布甲尼撒的手中,他摧毀了這殿,把他們擄到巴比倫13然而,巴比倫塞魯士在其統治元年,降旨重建這座上帝的殿。 14尼布甲尼撒王曾擄去耶路撒冷上帝殿裡的金銀器皿,放在巴比倫神廟裡,塞魯士王從巴比倫神廟取出這些器皿,交給他委派做省長的設巴薩15吩咐他把這些器皿帶去,重新陳設在耶路撒冷的殿裡,在舊址上重建上帝的殿。 16於是,這位設巴薩就在耶路撒冷為上帝的殿立了根基,從那時到如今,殿一直在重建中,還沒有竣工。』

17「現在,王若願意,請查閱巴比倫的王室記錄,看看塞魯士王是否降旨重建耶路撒冷的上帝之殿。王對此事如何決斷,請告知我們。」

Asante Twi Contemporary Bible

Ɛsra 5:1-17

Serubabel Sane Bɛsiesie Asɔredan No

1Saa ɛberɛ no, adiyifoɔ Hagai ne Ido babarima Sakaria de Israel Onyankopɔn din hyɛɛ nkɔm kyerɛɛ Yudafoɔ a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem no. 2Na Sealtiel babarima Serubabel ne Yosadak babarima Yesua tieeɛ, hyɛɛ aseɛ sii Onyankopɔn asɔredan no wɔ Yerusalem. Na Onyankopɔn adiyifoɔ no ka wɔn ho a wɔboaa wɔn.

3Na ankyɛre na Tatenai a ɔyɛ amrado wɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam no ne Setar-Bosnai ne wɔn mfɛfoɔ kɔɔ Yerusalem kɔbisaa sɛ, “Hwan na ɔmaa mo kwan sɛ monsiesie asɔredan yi?” 4Wɔsane ka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔmfa nnipa a wɔreyɛ adwuma wɔ asɔredan no ho no nyinaa din mma wɔn. 5Nanso, ɛsiane sɛ na wɔn Onyankopɔn hwɛ wɔn so enti, wɔansi Yudafoɔ ntuanofoɔ no dansie no ho kwan, kɔsii sɛ wɔde ɛho asɛm kɔdanee Dario, ma ɔsesaa nʼadwene.

6Yei ne krataa a amrado Tatenai, Setar-Bosnai ne mpanimfoɔ a wɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam no bi twerɛ kɔmaa ɔhene Dario: 7Yɛkyea wo, ɔhene Dario.

8Yɛpɛ sɛ yɛma wote sɛ, yɛkɔɔ beaeɛ a wɔresiesie Onyankopɔn asɔredan no wɔ Yudaman mu. Aboɔ a wɔasiesie sononko ne nnua na wɔde resi afasuo no. Adwuma no rekɔ so ahoɔden so.

9Yɛbisaa ntuanofoɔ no sɛ, “Hwan na ɔmaa mo kwan sɛ monsiesie asɔredan yi?” 10Na yɛbisaa wɔn adwumayɛfoɔ din sɛdeɛ yɛbɛtumi akyerɛ wo wɔn ntuanofoɔ.

11Wɔn mmuaeɛ nie:

“Yɛyɛ ɔsorosoro ne asase Onyankopɔn no asomfoɔ, na yɛresane asi asɔredan a ɔhene kɛseɛ bi a na ɔwɔ Israel sii mfeɛ bebree a atwam nie no. 12Na ɛsiane sɛ yɛn agyanom hyɛɛ ɔsorosoro Onyankopɔn abufuo enti, ɔgyaee wɔn maa Babiloniahene Nebukadnessar, ma ɔsɛee saa asɔredan yi, na ɔtwaa nkurɔfoɔ no asuo kɔɔ Babilonia.

13“Nanso, Babiloniahene Kores adedie mu afe a ɛdi ɛkan no, ɔhyɛɛ mmara sɛ, ɛsɛ sɛ wɔsiesie Onyankopɔn asɔredan no. 14Ɔhene Kores de sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, nkuku ne nkaka a Nebukadnessar tase firii Onyankopɔn asɔredan mu wɔ Yerusalem de kɔguu Babilonia asɔredan mu no sane baeɛ. Wɔtasee saa nneɛma no firii saa asɔredan no mu, de kɔmaa ɔbarima bi a ne din de Sesbasar a ɔhene Kores hyɛɛ no amrado wɔ Yuda no sɛ ɔnhwɛ so. 15Ɔhene no hyɛɛ no sɛ, ɔnsane mfa nkuku ne nkaka no nsane nkɔgu wɔn guberɛ wɔ Yerusalem, na ɔnsane nsiesie Onyankopɔn asɔredan no ma ɛnyɛ sɛdeɛ na ɛteɛ kane no.

16“Enti, Sesbasar yi bɛtoo Onyankopɔn asɔredan yi fapem wɔ Yerusalem. Ɛfiri saa ɛberɛ no, nnipa no gu so reyɛ ho adwuma nanso wɔnwieeɛ.”

17Enti, seesei, sɛ ɛbɛyɛ ɔhene anisɔ a, monkɔnpɛnsɛmpɛnsɛm Babilonia ahemfie nneɛma dada akoraeɛ nhwɛ sɛ, ɔhene Kores hyɛɛ mmara sɛ wɔnsiesie Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no anaa. Na momma ɔhene no nkyerɛ nʼadwene wɔ saa asɛm yi ho.