马太福音 18 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

马太福音 18:1-35

天国里谁最伟大

1这时,门徒上前来,问耶稣:“在天国谁最伟大?”

2耶稣叫了一个小孩子来站在他们当中,然后说: 3“我实在告诉你们,你们若不变得像小孩子那样,绝不能进天国。 4所以,凡像这小孩子一样谦卑的人,在天国才是最伟大的。

5“任何人为了我的名而接待这样一个小孩子,就是接待了我。 6但不论谁使这样一个小信徒失足犯罪,他的下场比把大磨石拴在他脖子上沉到深海里还要惨。 7这世界有祸了!因为里面充满了引人犯罪的事。这样的事是免不了的,但那些引人犯罪的人有祸了!

8“如果你的手或脚使你犯罪,就砍掉它!因为肢体残缺着进入永生,总比四肢健全却被丢进永远不灭的火中好。 9如果你的一只眼睛使你犯罪,就剜出来丢掉它吧!独眼进入永生,总比双目健全却被丢进地狱的火中好。 10你们切不可轻视任何一位卑微的人。我告诉你们,他们的天使在天上常见我天父的面。

迷失的羊

11“人子到世界来,为要拯救迷失的人。 12如果一个人有一百只羊,其中有一只走迷了路,他会怎么办呢?难道不会把那九十九只撇在山上,去找那只迷失的羊吗? 13我实在告诉你们,如果找到了,他会非常欢喜,甚至比有那九十九只没有迷失的羊还欢喜。 14同样,你们的天父也不愿任何一个卑微的人失丧。

纠正信徒的过错

15“如果你的弟兄得罪了你,你要找个机会跟他单独在一起,指出他的错处。如果他肯接受劝告,你就得了一位弟兄。 16如果他不听劝告,你就带一两位弟兄去见他,让两三个人为谈话作证。 17如果他仍然不听,就应当告诉教会。如果他连教会也不听,就把他看作异教徒或税吏18:17 税吏”即犹太人眼中的“汉奸”,帮助统治犹太人的罗马政府收税,常从中牟取暴利。18我实在告诉你们,你们在地上捆绑的,在天上也要捆绑;你们在地上释放的,在天上也要释放。

19“我又告诉你们,如果你们当中有两个人在地上同心合意地祈求,不论求什么,我天上的父必为你们成就。 20因为哪里有两三个人奉我的名聚会,我就在哪里与他们同在。”

七十个七次

21彼得上前问耶稣:“主啊,如果我的弟兄得罪了我,我该饶恕他多少次呢?七次够了吧?”

22耶稣回答说:“我告诉你,不是七次,是七十个七次。

23“因此,天国就像一个王,他要跟奴仆清算债务。 24正开始清算的时候,有人带着一个欠了六千万银币18:24 六千万银币”希腊文是“一万他连得”,一他连得相当于当时一个普通工人20年的工钱。的人进来。 25因为这个人无法清还债款,王就下令把他及其妻儿和所有财产全部卖掉还债。 26那奴仆跪在王面前乞求说,‘请宽容我,我会把债务全部还清的。’ 27王可怜他,不但释放了他,而且免了他全部的债。

28“可是,那奴仆出去后,遇见一位欠他一百个银币18:28 一个银币相当于当时普通工人一天的工钱。的同伴,就揪住同伴,掐着他的喉咙说,‘还我钱!’ 29同伴跪下哀求道,‘请宽容我,我会还你的。’

30“那奴仆却不肯,竟把同伴送进监狱,直到他还清债务为止。 31其他的奴仆目睹这一切,都愤愤不平,把这件事告诉了王。

32“于是,王把那奴仆召来,说,‘你这可恶的奴才!你哀求我,我就免了你所有的债。 33难道你不应该怜悯你的同伴,就像我怜悯你一样吗?’ 34王大怒,下令把他交给狱卒受刑,直到他还清全部的债务。 35如果你们不从心里饶恕自己的弟兄,我的天父也要这样对待你们。”

Asante Twi Contemporary Bible

Mateo 18:1-35

Hwan Ne Ɔkɛseɛ?

1Ɛbɛyɛ saa ɛberɛ korɔ no ara mu, Yesu asuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, wɔn mu hwan na ɔbɛyɛ kɛseɛ Ɔsoro Ahennie no mu?

2Yesu frɛɛ abɔfra ketewa bi de no bɛgyinaa wɔn mfimfini. 3Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Merema mo ate aseɛ sɛ, gye sɛ motwe mo ho firi mo bɔne ho, na moyɛ sɛ mmɔfra nketewa, na mode mo ho ma Onyankopɔn ansa na mobɛtumi akɔ Ɔsoro Ahennie no mu. 4Enti, obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase sɛ abɔfra yi no, ɔno na ɔbɛyɛ ɔkɛseɛ koraa Ɔsoro Ahennie mu. 5Na mo mu biara a, me enti ɔbɛgye abɔfra ketewa biara te sɛ yei no, wagye me nso aba ne nkyɛn.

6“Enti, sɛ obi to mmɔfra nketewa a wɔgye me die yi bi suntidua a, ɛyɛ ma no sɛ anka wɔde ɛboɔ duruduru bɛsɛn ne kɔn mu ato no atwene ɛpo mu. 7Ewiase nnue wɔ ne suntiduatoɔ ho! Suntiduatoɔ wɔ hɔ deɛ, nanso deɛ ɛnam ne so bɛba no nnue. 8Enti, sɛ wo nsa anaa wo nan ma woyɛ bɔne a, twa na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode dɛm bɛkɔ ɔsoro sene sɛ wɔde wo onipa mu bɛto ogyatannaa mu. 9Na sɛ wʼani ma woyɛ bɔne a, tu na to twene. Ɛyɛ ma wo sɛ wode ani korɔ bɛkɔ ɔsoro sene sɛ wowɔ ani mmienu na wɔde wo bɛto amanehunu egya mu.

Odwan A Wayera No Ho Ɛbɛ

10“Monhwɛ yie na moammu saa mmɔfra nketewa yi mu baako koraa animtia. Mereka akyerɛ mo sɛ, ɔsoro hɔ no, wɔn abɔfoɔ wɔ mʼagya nkyɛn daa. 11Na me, Agyenkwa no, mebaeɛ sɛ merebɛgye wɔn a wɔayera no nkwa.

12“Sɛ onipa bi wɔ nnwan ɔha, na wɔn mu baako kɔkyini na ɔyera a, ɛdeɛn na ɔbɛyɛ? Ɔrennya aduɔkron nkron no hɔ nkɔkyinkyini mmepɔ so ne abɔn mu nhwehwɛ deɛ wayera no? 13Na sɛ ɛba sɛ ɔhunu saa odwan no a, nʼani gye ne ho sene aduɔkron nkron a wɔwɔ efie no. 14Saa ara nso na mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no mpɛ sɛ nketewa yi mu baako bɛyera.

Onua Fom Wo A, Wʼasɛdeɛ

15“Sɛ wo nua fom wo a, kɔ ne nkyɛn na wo ne no baanu no nka deɛ ɔyɛɛ wo a ɛnyɛ wo dɛ no. Sɛ ɔtie deɛ woka no, na ɔte ne ho ase a, onua ayɛ onua. 16Na sɛ wantie nso a, sane fa onipa baako anaa baanu ka wo ho kɔ ne nkyɛn, na deɛ ɛbɛsi biara no, nnipa baanu anaa baasa adi ho adanseɛ. 17Sɛ wantie wo a, fa asɛm no kɔma asafo. Na sɛ wodi bem asafo no anim, na ɔnte ne ho ase ara a, asafo no mpam no mfiri wɔn mu.

18“Mereka akyerɛ mo sɛ, biribiara a mokyekyere wɔ asase so no, wɔakyekyere wɔ ɔsoro, na biribiara a moasane wɔ asase so no, wɔasane wɔ ɔsoro.

19“Meresane aka akyerɛ mo bio sɛ, sɛ mo mu baanu biara a wɔte asase yi so hwehwɛ biribi na wɔde nokorɛ bisa mʼagya a ɔwɔ ɔsoro no a, ɔbɛyɛ ama wɔn. 20Na deɛ baanu anaa baasa ahyia wɔ me din mu no, na mewɔ wɔn mfimfini.”

Ɔpaani Tirimuɔdenfoɔ No

21Petro baa Yesu nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Awurade, mpɛn ahe na sɛ me nua fom me a memfa nkyɛ no? Mpɛn nson anaa?”

22Yesu buaa no sɛ, “Dabi! Mpɛn aduɔson ahodoɔ nson!

23“Ɔsoro Ahennie no te sɛ ɔhene bi a ɔpɛɛ sɛ ɔne nʼapaafoɔ bu nkonta. 24Nkontabuo no mu no, wɔde ɔpaani bi a ɔde no ka sika ɔpepem edu brɛɛ no. 25Esiane sɛ na ɔnni sika a ɔde bɛtua ka no enti, ɔhene no hyɛɛ sɛ wɔntɔn ɔne ne yere ne ne mma ne biribiara a ɔwɔ, na wɔmfa mmɛtua ɛka no.

26“Ɔpaani yi de nʼanim butuu fam, srɛɛ ne wura yi sɛ, ‘Me wura, hunu me mmɔbɔ, na to wo bo ase ma me, na mɛba abɛtua ɛka a mede wo no nyinaa.’ 27Ɔpaani yi asɛm a ɔkaeɛ no yɛɛ ɔhene no mmɔbɔ, ma ɔgyaa no de ne ka no nyinaa nso kyɛɛ no.

28“Saa ɔpaani yi firi hɔ no, ɔkɔhunuu ne nwurakwaa no mu bi a ɔde no ka sika kakraa bi. Ɔtim no amene sɛ ɔntua no ɛka a ɔde no no wɔ ɛhɔ ara.

29“Na nʼawurakwaa no koto, paa no kyɛw sɛ ɔnto ne bo ase mma no, na ɔbɛtua ka no.

30“Nanso ɔno deɛ, wampene. Ɔmaa wɔde no kɔtoo afiase sɛ gye sɛ watua no ka a ɔde no no nyinaa ansa na ɔbɛma wɔagyaa no. 31Ɔkafoɔ yi nnamfo kɔkaa asɛm a asi no nyinaa kyerɛɛ ɔhene no.

32“Ɔhene no teeɛ no, ɔfrɛɛ saa ɔpaani a ɔde ne ho kyɛɛ no no baa nʼanim. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Onipa bɔne ne otirimuɔdenfoɔ! Wosrɛɛ me no, mede ɛka kɛseɛ a wode me no nyinaa kyɛɛ wo; 33ɛnsɛ wo sɛ wo nso wohunu wo yɔnko mmɔbɔ sɛdeɛ mehunu wo mmɔbɔ no anaa?’ 34Ɔhene no de abufuo maa wɔde ɔpaani yi kɔtoo afiase kaa sɛ, gye sɛ watua ɛka a ɔde no no nyinaa ansa na ɔbɛma wɔayi no.

35“Saa ara na sɛ moamfa mo nuanom mfomsoɔ ankyɛ wɔn a, me ɔsoro Agya nso remfa mo mfomsoɔ nkyɛ mo.”