路加福音 4 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

路加福音 4:1-44

耶稣受试探

1耶稣被圣灵充满,从约旦河回来后,随圣灵的引导来到旷野, 2在那里受魔鬼的试探四十天。那些日子耶稣什么也没吃。那段日子过后,祂饿了。 3魔鬼对祂说:“如果你是上帝的儿子,可以把这块石头变成食物来吃啊。”

4耶稣回答说:“圣经上说,‘人活着不是单靠食物。’”

5魔鬼又带祂上到高处,顷刻间把天下万国展示给祂看, 6又说:“我要把这一切权势和荣耀都给你,因为这一切全交给我了,我想给谁就给谁。 7所以如果你向我下拜,这一切就是你的了。”

8耶稣回答说:“圣经上说,‘要敬拜主——你的上帝,单单事奉祂。’”

9魔鬼又带耶稣到耶路撒冷,让祂站在圣殿的最高处,说:“如果你是上帝的儿子,就从这里跳下去吧, 10因为圣经上说,‘上帝会吩咐祂的天使保护你, 11他们会用手托住你,不让你的脚碰在石头上。’”

12耶稣回答说:“圣经上说,‘不可试探主——你的上帝。’”

13魔鬼用尽各样的试探后,暂时离开了耶稣。

拿撒勒人厌弃耶稣

14耶稣带着圣灵的能力回到加利利,祂的名声传遍了周围地区。 15祂在各会堂里教导人,大家都称赞祂。

16祂来到自己长大的地方拿撒勒,照常在安息日进会堂,并站起来诵读圣经。 17有人把以赛亚先知书递给祂,祂打开书卷,找到这样一段经文:

18“主的灵在我身上,

因为祂膏立了我,

让我传福音给贫穷的人,

差遣我宣告被掳的人得释放、

瞎眼的人得见光明、

受欺压的人得自由,

19又宣告上帝悦纳人的恩年已经来临。”

20耶稣读完便收好书卷,还给负责的人,然后坐下。会堂里的人都把目光集中在祂身上。

21祂就对他们说:“你们刚才听见的这段经文今天已经应验了。”

22大家都称赞祂,听见祂那些充满恩典的话,都感到惊奇,就说:“这不是约瑟的儿子吗?”

23耶稣对他们说:“你们肯定会把这句俗话用在我身上,说,‘医生啊,治好你自己吧!你在迦百农所行的一切,我们都听说了,也在你家乡行给我们看吧!’ 24可是我实在告诉你们,先知在自己的家乡都是不受欢迎的。 25事实上,在以利亚先知的时代,天干旱无雨达三年半之久,遍地有大饥荒。那时,以色列国有许多寡妇, 26以利亚并没有奉命去帮助她们任何人,只奉命去帮助住在西顿地区撒勒法的一个寡妇。 27以利沙先知的时代,以色列国有许多患麻风病的人,但没有一个人得到医治,反而叙利亚乃缦得到了医治。”

28会堂里的人听了这些话都怒火中烧, 29就起来把耶稣赶出城外,带到悬崖边,要把祂推下去。他们的城就坐落在山上。 30耶稣却从他们中间穿过,离开了那里。

加利利赶鬼医病

31耶稣下到加利利迦百农镇,在安息日教导众人。 32听众对祂的教导感到惊奇,因为祂的话里充满权柄。

33在会堂里有一个被污鬼附身的人高声喊叫: 34“唉!拿撒勒的耶稣啊,我们和你有什么关系?你是来毁灭我们吗?我知道你是谁,你是上帝的圣者!”

35耶稣责备它说:“住口!从他身上出来!”污鬼当场把那人摔倒,然后从他身上离开了,丝毫没有伤害他。

36大家都很惊讶,彼此议论说:“这是怎么回事?祂的话竟然带着权柄和能力,一吩咐污鬼,它们就出来了!”

37耶稣的名声传遍了周围地区。

耶稣医治许多人

38祂离开会堂,到了西门的家。那时,西门的岳母正在发高烧,众人就求耶稣医治她。

39耶稣站在她旁边,斥责热病,热病就退了,她便立刻起来服侍他们。

40到了黄昏,人们把患各种疾病的人带到耶稣面前。耶稣把手按在病人身上,一一治好他们, 41并赶出许多附在人身上的鬼。那些鬼喊叫着:“你是上帝的儿子!”耶稣却斥责它们,不许它们说话,因为它们知道祂是基督。

42黎明时,耶稣退到一处僻静的地方。众人四处找祂,找到后想留住祂,不让祂离开。 43但耶稣对他们说:“我必须把上帝国的福音传到其他的城镇去,因为我是为此而被差来的。” 44于是耶稣继续在加利利4:44 加利利”另有抄本作“犹太”。各会堂里传道。

Asante Twi Contemporary Bible

Luka 4:1-44

Ɔbonsam Sɔ Yesu Hwɛ

1Afei, Yesu a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no firii Asubɔnten Yordan ho maa Honhom no de no kɔɔ Yudea ɛserɛ so. 2Ɛhɔ na ɔbonsam kɔsɔɔ no hwɛɛ adaduanan. Saa nna no mu no, wanni hwee. Na ɛkɔm dee no.

3Ɔbonsam ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na saa aboɔ yi nnane aduane.”

4Yesu buaa no sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ: ‘Ɛnyɛ aduane nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu.’ ”

5Ɔbonsam de Yesu kɔɔ bepɔ bi so kyerɛɛ no ewiase ahennie nyinaa ɛberɛ tiawa bi mu. 6Na ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, 7“Sɛ wobɛkoto, asom me a, mede ahennie ahodoɔ yi ne emu tumi ne animuonyam nyinaa a wɔde ahyɛ me nsa yi bɛma wo.”

8Yesu buaa no sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ: ‘Som Awurade, wo Onyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.’ ”

9Afei, ɔbonsam de Yesu kɔɔ Yerusalem de no kɔgyinaa asɔredan a ɛwɔ hɔ no atifi pɛɛ na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no ampa ara a, gyaa wo ho firi deɛ wogyina hɔ to fam! 10Ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ,

“ ‘Onyankopɔn bɛsoma nʼabɔfoɔ

abɛbɔ wo ho ban;

11na wɔabɛsɔ wo

na woammɛhwe abotan no so.’ ”

12Yesu buaa no sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ: ‘Nsɔ Awurade, wo Onyankopɔn, nhwɛ.’ ”

13Ɔbonsam wiee sɔhwɛ no nyinaa no, ɔgyaa no hɔ kɔeɛ ansa.

Yesu Asɛnka Ahyɛaseɛ

14Yesu sane baa Galilea a na Honhom Kronkron ahyɛ no ma. Ankyɛre koraa ne din trɛɛ ɔman no mu nyinaa. 15Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ wɔn hyiadan mu maa obiara kamfoo no.

Wɔpo Yesu Wɔ Nasaret

16Yesu baa Nasaret, kuro a ne mmɔfraase wɔtetee no wɔ mu no mu. Na sɛdeɛ ɔtaa yɛ no, ɔkɔɔ hyiadan mu homeda. Ɔsɔre kɔɔ anim sɛ ɔrekɔkenkan Atwerɛsɛm. 17Wɔde Odiyifoɔ Yesaia nwoma hyɛɛ ne nsa na ɔbuee baabi a wɔatwerɛ sɛ,

18“Awurade Honhom wɔ me so,

na wɔayi me sɛ

memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ.

Na menka nkyerɛ wɔn a wɔwɔ nnommum mu sɛ,

wɔbɛnya ahofadie,

na anifirafoɔ ahunu adeɛ ama wɔn a wɔbu wɔn animtiaa nso anya animuonyam.

19Honhom no asoma me sɛ memmɛka sɛ, Awurade adom no aba.”

20Ɔtoo nwoma no mu de maa ɔhwɛfoɔ no na ɔtenaa ase; na obiara a ɔwɔ hyiadan no mu hɔ no hwɛɛ no dinn. 21Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnnɛ na Atwerɛsɛm no aba mu.”

22Na kasa pa ne adom nsɛm a ɔkaeɛ no yɛɛ wɔn a wɔteeɛ nyinaa nwanwa ma wɔbisaa sɛ, “Ɛnyɛ Yosef ba no ni?”

23Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ mode bɛ yi bɛbu me sɛ, ‘Ɔyaresafoɔ, sa wo ho yadeɛ. Deɛ yɛate afa wo ho sɛ woyɛɛ wɔ Kapernaum no, yɛ bi wɔ wo kurom ha.’

24“Nanso, mereka ama moate aseɛ sɛ, Odiyifoɔ biara nni animuonyam wɔ ne kurom. 25Nokorɛ mu, Elia ɛberɛ so no, na mmaa akunafoɔ bebree wɔ Israelman mu. Saa ɛberɛ no osuo antɔ mfeɛ mmiɛnsa ne abosome nsia enti ɛmaa ɛkɔm kɛseɛ baa ɔman no nyinaa mu. 26Nanso, Onyankopɔn ansoma Odiyifoɔ Elia ankɔ obiara nkyɛn sɛ ɔbaa kunafoɔ a na ɔwɔ Sarepta a ɛwɔ Sidon no nkyɛn. 27Bio, saa ɛberɛ no na akwatafoɔ bebree wɔ Israelman mu, nanso Odiyifoɔ Elisa ansa obiara yadeɛ sɛ ɔsahene Naaman a ɔfiri Siriaman mu no nko ara.”

28Nnipa a wɔwɔ hyiadan no mu tee ne nsɛm a ɔkaeɛ no, wɔn bo fuu papaapa. 29Wɔde abufuo piapiaa no firii kuro no mu de no kɔɔ bepɔ a wɔn kuro da so no ano sɛ wɔrekɔwɔ nʼatikɔ ama wakɔhwe bepɔ no ase. 30Nanso, ɔfaa wɔn mu kɔɔ ne baabi.

Yesu Tu Honhommɔne

31Yesu kɔɔ Kapernaum a ɛwɔ Galilea. Ɔkyerɛkyerɛɛ nnipa no homeda biara. 32Ɛha nso ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ nkurɔfoɔ no nwanwa ɛfiri sɛ, ɔkasaa wɔ tumi so.

33Na ɔbarima bi wɔ hyiadan no mu hɔ a honhommɔne ahyɛ no ma. Ɔhunuu Yesu no, ɔteaam sɛ, 34“Yesu Nasareni, mmɛha yɛn. Yɛne wo nni hwee yɛ. Woaba sɛ worebɛsɛe yɛn anaa? Menim onipa ko a woyɛ. Wone Onyankopɔn Ba Kronkronni no.”

35Yesu hyɛɛ honhommɔne no sɛ, “Tu firi ne mu kɔ!” Honhommɔne no de ɔbarima no hwee fam na ɛtu firii ne mu kɔeɛ a hwee anyɛ no.

36Nnipa no nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Asɛm bɛn ni. Onipa bɛn ni a ɔde tumi ne ahoɔden tea ahonhommɔne ma wɔtie yi?” 37Deɛ ɔyɛeɛ yi ho asɛm trɛɛ ɔman no mu nyinaa.

Petro Ase Baa Ayaresa

38Yesu firii hyiadan no mu no, ɔkɔɔ Simon efie kɔtoo sɛ huraeɛnini abɔ Simon ase baa. Nnipa a wɔwɔ hɔ no srɛɛ no sɛ ɔnsa no yadeɛ. 39Ɔkɔɔ deɛ ɔda hɔ kɔgyinaa ne nkyɛn, teaa yadeɛ no ma ɛgyaeɛ amonom hɔ ara ma ɔsɔre maa wɔn aduane diiɛ.

40Onwunu dwoeɛ no, wɔde ayarefoɔ pii baa sɛ, Yesu nsa wɔn yadeɛ. Ɔde ne nsa guu wɔn so saa wɔn yadeɛ. 41Ahohommɔne firii nnipa no pii mu firiiɛ a na wɔreteateam sɛ, “Wone Onyankopɔn Ba no.” Nanso, Yesu kaa wɔn anim, hyɛɛ wɔn sɛ wɔmmua wɔn ano, ɛfiri sɛ, na ahonhommɔne no nim sɛ ɔno ne Kristo no.

Yesu Asɛnka Wɔ Yudea

42Adeɛ kyeeɛ no, Yesu tee ne ho kɔɔ ɛserɛ so baabi a ɛhɔ yɛ dinn. Nkurɔfoɔ no kyini hwehwɛɛ no na wɔhunuu no no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn wɔ Kapernaum hɔ. 43Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛsɛ sɛ meka Asɛmpa a ɛfa Onyankopɔn Ahennie ho no mekyerɛ afoforɔ nso, ɛfiri sɛ, ɛno enti na wɔsomaa me.” 44Yesu kyinkyinii Yudeaman no mu kɔɔ hyiadan ahodoɔ mu kɔkyerɛkyerɛeɛ.