诗篇 58 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

诗篇 58:1-11

第 58 篇

祈求上帝惩罚恶人

大卫作的诗,交给乐长,调用“休要毁坏”。

1你们做官长的主持公道吗?

你们的审判公正吗?

2不,你们心中图谋不义,

你们在地上行凶作恶。

3恶人生下来就步入歧途,

一出母胎就离开正道,

谎话连篇。

4他们像喷出毒液的毒蛇,

又像耳聋的眼镜蛇,

5任法师的邪术再高超,

也听不见他的咒语。

6上帝啊,求你敲碎他们的牙齿;

耶和华啊,

求你拔掉这些猛狮的利齿。

7愿他们如流水逝去,

愿他们弯弓搭箭时箭头折断。

8愿他们像蜗牛一样溶为烂泥,

又如流产的胎儿不见天日。

9刹那间,

荆棘还没有把锅烧热的工夫,

上帝必除灭他们。

10义人必因恶人遭报而欢欣,

并用恶人的血洗脚。

11这样,人们必说:

“义人终有善报,

确实有一位审判天下的上帝。”

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 58:1-11

Dwom 58

Dawid “miktam” dwom.

1So mo asodifo, ampa ara sɛ, moka asɛm a ɛteɛ ana?

Mubu atɛntrenee wɔ nnipa mu ana?

2Dabi da! Modwene ntɛnkyew wɔ mo koma mu

na mo nsa de akakabensɛm ba asase so.

3Amumɔyɛfo fom kwan fi awo mu;

wɔyɛ mmaratofo fi awotwaa mu na wodi atoro.

4Wɔn ano bɔre te sɛ ɔwɔ de,

ɛte sɛ ɔprammiri a wawɛn nʼaso,

5a ɔnte ntafowayifo dwom,

na ne dwom dɛdɛ no mpo mfa ne ho.

6Ao Onyankopɔn, bubu ɛse a egu wɔn anom,

Awurade, tutu gyata no sebɔmmɔfo no gu!

7Ma wontwa mu nkɔ sɛ sunsuan;

sɛ wɔtwe wɔn agyan a, ma wɔn bɛmma no ano nwu.

8Ma wɔnyɛ sɛ nwaw horɔdɔhorɔdɔ bi a ɔrenan agu wɔ bere a ɔretene no.

Ma wɔnyɛ sɛ ɔba a owu wɔ awoe a onhu owia koraa.

9Ansa na mo nkuku bɛte nsɔe ano yaw,

sɛ ɛyɛ amono anaa awo no, wɔbɛpra amumɔyɛfo akɔ.

10Sɛ wɔtɔ were ma atreneefo a wɔn ani begye,

na wɔbɛhohoro wɔn anan ho wɔ amumɔyɛfo mogya mu.

11Afei nnipa bɛka se, “Ampa ara atreneefo kɔ so nya wɔn akatua;

na ampa ara Onyankopɔn bi wɔ hɔ a obu wiase atɛn.”