诗篇 41 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

诗篇 41:1-13

第 41 篇

病中的祷告

大卫的诗,交给乐长。

1善待穷人的有福了!

耶和华必救他们脱离困境。

2耶和华必保护他们,

救他们的性命,

使他们在地上享福,

不让仇敌恶谋得逞。

3他们生病在床,

耶和华必看顾,

使他们康复。

4我祷告说:“耶和华啊,

求你怜悯我,医治我,

因为我得罪了你。”

5我的仇敌恶狠狠地说:

“他何时才会死,

并且被人遗忘呢?”

6他们来看我时,

心怀恶意,满口谎言,

出去后散布流言。

7所有恨我的人都交头接耳,

设计害我。

8他们说:“他患了恶病,

再也起不来了!”

9连我所信赖、吃我饭的挚友也用脚踢我。

10耶和华啊,

求你怜悯我,叫我痊愈,

我好报复他们。

11我知道你喜悦我,

因为你没有让仇敌胜过我。

12你因我正直而扶持我,

让我永远侍立在你面前。

13从亘古到永远,

以色列的上帝耶和华当受称颂。

阿们!阿们!

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 41:1-13

Dwom 41

Dawid dwom.

1Nhyira ne onipa a mmɔborɔni asɛm ho hia no;

Awurade gye no wɔ amanehunu bere mu.

2Awurade bɛbɔ ne ho ban na wakora ne kra;

obehyira no wɔ asase no so;

ɔrennyaa no mma nʼatamfo apɛde.

3Awurade bɛhwɛ no wɔ ne yare mpa so

na wagye no asi hɔ.

4Mekae se, “Ao Awurade hu me mmɔbɔ;

sa me yare, efisɛ mayɛ bɔne atia wo.”

5Mʼatamfo de adwene bɔne ka fa me ho se:

“Da bɛn na obewu ama ne din ayera?”

6Bere biara a obi ba me nkyɛn no,

ɔka atosɛm, na ne koma hɔre dinsɛe;

ofi adi kɔ a, ɔde kodi nseku.

7Mʼatamfo nyinaa keka asomsɛm fa me ho;

wosusuw bɔne ma me na wɔka se:

8“Ɔyare bɔne bi abɔ no;

ɔrensɔre mfi nea ɔda hɔ bio.”

9Mpo me yɔnko pa ara a mede me ho too no so,

nea me ne no too nsa didii no,

asɔre atia me.

10Nanso wo, Awurade, hu me mmɔbɔ;

ma me so, na mintua wɔn so ka.

11Minim sɛ wʼani sɔ me,

na me tamfo renni me so nkonim.

12Me nokwaredi mu, wukura me mu

na wode me gyina wʼanim afebɔɔ.

13Nhyira nka Awurade, Israel Nyankopɔn,

nnɛ ne daa nyinaa.

Amen! ne Amen!