诗篇 105 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

诗篇 105:1-45

第 105 篇

上帝和祂的子民

(平行经文:历代志上16:8-22

1你们要称谢耶和华,呼求祂的名,

在列邦传扬祂的作为。

2要歌颂、赞美祂,

述说祂一切奇妙的作为。

3要以祂的圣名为荣,

愿寻求耶和华的人都欢欣。

4要寻求耶和华和祂的能力,

时常来到祂面前。

5-6祂仆人亚伯拉罕的后裔,

祂所拣选的雅各的子孙啊,

要记住祂所行的神迹奇事和祂口中的判词。

7祂是我们的上帝耶和华,

祂在普天下施行审判。

8祂永远记得祂的约,

历经千代也不忘祂的应许,

9就是祂与亚伯拉罕所立的约,

以撒所起的誓。

10祂把这约定为律例赐给雅各

定为永远的约赐给以色列

11祂说:“我必把迦南赐给你,

作为你的产业。”

12那时他们人丁稀少,

在当地寄居。

13他们在异国他乡流离飘零。

14耶和华不容人压迫他们,

还为他们的缘故责备君王,

15说:“不可难为我膏立的人,

也不可伤害我的先知。”

16祂在那里降下饥荒,

断绝一切食物的供应。

17祂派一个人率先前往,

这人就是被卖为奴隶的约瑟

18他被戴上脚镣,套上枷锁,

19直到后来他的预言应验,

耶和华的话试炼了他。

20埃及王下令释放他,

百姓的首领给他自由,

21派他执掌朝政,

管理国中的一切,

22有权柄管束王的大臣,

将智慧传授王的长老。

23以色列来到埃及

寄居在地。

24耶和华使祂的子民生养众多,

比他们的仇敌还要强盛。

25祂使仇敌憎恨他们,

用诡计虐待他们。

26祂派遣祂的仆人摩西和祂拣选的亚伦

27埃及行神迹,

地行奇事。

28祂降下黑暗,使黑暗笼罩那里;

他们没有违背祂的话。

29祂使埃及的水变成血,

鱼都死去;

30又使国中到处是青蛙,

王宫禁院也不能幸免。

31祂一发命令,

苍蝇蜂拥而至,虱子遍满全境。

32祂使雨变成冰雹,

遍地电光闪闪。

33祂击倒他们的葡萄树和无花果树,

摧毁他们境内的树木。

34祂一发声,

就飞来无数蝗虫和蚂蚱,

35吃尽他们土地上的植物,

吃尽他们田间的出产。

36祂又击杀他们境内所有的长子,

就是他们年轻力壮时生的长子。

37祂带领以色列人携金带银地离开埃及

各支派中无人畏缩。

38埃及人惧怕他们,

乐见他们离去。

39祂铺展云彩为他们遮荫,

晚上用火给他们照明。

40他们祈求,

祂就赐下鹌鹑,降下天粮,

叫他们饱足。

41祂使磐石裂开、涌出水来,

在干旱之地奔流成河。

42因为祂没有忘记祂赐给仆人亚伯拉罕的神圣应许。

43祂带领自己的子民欢然离去,

祂所拣选的百姓欢唱着前行。

44祂把列国的土地赐给他们,

使他们获得别人的劳动成果。

45祂这样做是要使他们持守祂的命令,

遵行祂的律法。

你们要赞美耶和华!

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 105:1-45

Dwom 105

1Da Awurade ase na da ne kɛseyɛ adi.

Ma wiase nyinaa nhu nea wayɛ.

2Monto dwom mma no, monto ayeyi dwom mma no;

monka nʼanwonwade no nyinaa.

3Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu;

momma wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no nnya koma mu anigye.

4Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden no so;

na monhwehwɛ nʼanim bere biara.

5Monkae anwonwade a wayɛ

ne nsɛnkyerɛnne, ne atɛn a obui,

6Abraham mma, Onyankopɔn asomfo,

Yakob mma a wapaw wɔn.

7Ɔyɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn.

Nʼahenni da adi wɔ asase so nyinaa.

8Ɔkae nʼapam daa nyinaa,

asɛm a ɔhyɛ maa awo ntoantoaso apem no,

9apam a ɔne Abraham yɛe no,

ntam a ɔka kyerɛɛ Isak no.

10Ɔhyɛɛ mu den maa Yakob sɛ mmara,

de maa Israel sɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ.

11Ɔkae se, “Mede Kanaan asase no bɛma wo

sɛ kyɛfa a ɛbɛyɛ wʼagyapade.”

12Ɔkaa eyi bere a na wɔnnɔɔso,

ahɔhokuw ketewa bi a wɔwɔ Kanaan.

13Wofii aman so kɔɔ aman so;

fii ahemman mu kɔɔ ahemman mu.

14Wamma obi anhyɛ wɔn so;

wɔn nti, ɔkaa ahene anim se:

15“Mommfa mo nsa nka wɔn a masra wɔn ngo;

na monnyɛ mʼadiyifo bɔne bi.”

16Ɔmaa ɔkɔm baa asase no so

na ɔsɛee akwan a wɔfa so nya wɔn aduan nyinaa;

17na ɔsomaa ɔbarima bi dii wɔn anim,

Yosef a wɔtɔn no sɛ akoa no.

18Wɔde mpokyerɛ guu ne nʼanan,

na wɔde dade nkɔnsɔnkɔnsɔn hyɛɛ ne kɔn,

19kosii sɛ nea ɔhyɛɛ ho nkɔm no baa mu,

kosii sɛ Awurade asɛm no daa no adi sɛ ɔyɛ ɔnokwafo.

20Ɔhene no soma ma wokoyii no;

aman no sodifo gyaa no.

21Ɔyɛɛ no ne fi so wura

nea ɔwɔ nyinaa sodifo,

22sɛ ɔnkyerɛ ne mmapɔmma nea ɔpɛ

na ɔnkyerɛ ne mpanyimfo nyansa.

23Na Israel kɔɔ Misraim;

Yakob kɔtenaa Ham asase so sɛ ɔnanani.

24Awurade maa ne nkurɔfo ase dɔe;

ɔyɛɛ wɔn bebree dodo maa wɔn atamfo,

25wɔn a ɔdan wɔn koma sɛ wɔntan ne nkurɔfo

na wɔmpam nʼasomfo ti so.

26Ɔsomaa ne somfo Mose,

ne Aaron a na wayi no no.

27Wɔyɛɛ ne nsɛnkyerɛnne nwonwaso wɔ wɔn mu,

nʼanwonwade wɔ Ham asase so.

28Ɔsomaa sum, na ɔmaa asase duruu sum,

efisɛ na wɔatew nʼasɛm no so atua.

29Ɔmaa wɔn nsu nyinaa dan mogya,

nam so kum mu mpataa.

30Mpɔtorɔ bɛhyɛɛ asase no so ma,

na wɔhyɛn ɔman no sodifo mpia mu.

31Ɔkasae, na nwansena bebree

ne ntontom baa ɔman no mu baabiara.

32Ɔmaa wɔn osu dan mparuwbo

a anyinam nenam mu wɔ ɔman no nyinaa mu;

33Ɔsɛee wɔn bobe ne borɔdɔma nnua

na obubuu ɔman no so nnua pasaa.

34Ɔkasae, na mmoadabi bae,

tɛwtɛw a wontumi nkan wɔn;

35wɔwee ahabammono biara a ɛwɔ wɔn asase no so,

na wodii wɔn mfuw so nnuan.

36Afei okunkum wɔn asase so mmakan nyinaa,

wɔn mmarimayɛ mu aba a edi kan nyinaa.

37Oyii Israel a ɔso dwetɛ ne sikakɔkɔɔ

fii wɔn mmusuakuw mu a obiara ho antɔ kyima.

38Misraim ani gyei, bere a wɔkɔe,

efisɛ na Israelfo ho hu atɔ wɔn so.

39Ɔtrɛw omununkum mu kataa wɔn so,

na ogya maa wɔn hann anadwo.

40Wobisae, na ɔbrɛɛ wɔn mparuwbo

ɔmaa ɔsoro aduan mee wɔn.

41Obuee ɔbotan mu maa nsu fii mu bae;

na ɛsen faa sare no so sɛ asubɔnten.

42Ɔkaee ne bɔ kronkron bi a

ɔhyɛɛ ne somfo Abraham no.

43Oyii ne nkurɔfo maa wɔn ani gyei;

wɔn a wapaw wɔn no dii ahurusi;

44ɔde amanaman no nsase maa wɔn,

na nea ebinom abrɛ anya no bɛyɛɛ wɔn agyapade

45na wɔahwɛ nʼahyɛde

adi ne mmara so.

Munyi Awurade ayɛ.