耶利米哀歌 4 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

耶利米哀歌 4:1-22

沦陷的耶路撒冷

1黄金竟失去光泽,

纯金竟变色,

宝石竟被弃之街头。

2锡安的宝贝子民本来贵如黄金,

现在竟被视为陶匠制作的瓦器!

3豺狼尚且哺养自己的幼儿,

我的子民却像荒野的鸵鸟一样残忍无情。

4婴儿干渴难忍,舌头紧贴上膛;

孩童乞求食物,却无人给予。

5昔日锦衣玉食、生活奢侈的,

如今却流落街头,

躺卧在粪堆中。

6虽然无人攻击,所多玛却在顷刻之间倾覆。

我子民比所多玛受到的惩罚更重。

7锡安的首领曾比雪纯净,

比奶更白,

身体比红宝石更红润,

相貌美如蓝宝石。

8现在,他们的面目比煤炭还黑,

走在街上无人认得。

他们骨瘦如柴,干如枯木。

9死于刀下的胜过死于饥饿的,

后者因田间缺粮而活活饿死。

10我的百姓遭毁灭时,

慈母亲手煮自己的儿女充饥。

11耶和华大发烈怒,

倾倒祂的怒气,

锡安燃起大火,

焚毁城的根基。

12世上的君王和居民都不相信敌人能闯进耶路撒冷的城门。

13这都是因为她的先知和祭司的罪行。

他们在城中杀害义人。

14他们如盲人在街上游荡,

沾满血污,

无人敢碰他们的衣服。

15人们向他们喊道:

“走开!你们是不洁的!

走开!走开!不要靠近我们。”

于是他们逃亡、流荡,

列国的人说:

“他们不可住在我们这里。”

16耶和华亲自驱散他们,

不再眷顾他们;

人们不再尊重祭司,

也不再敬重长老。

17我们望眼欲穿,

盼望援军的到来,

盼来的国家却无力拯救我们。

18敌人步步紧逼,

使我们不敢上自己的街。

我们的结局近了,

我们的日子到头了,

我们的末日来了!

19追赶我们的人比飞鹰更快,

他们在山上追捕我们,

在旷野伏击我们。

20耶和华膏立的王——我们的生命之气落入他们的陷阱。

我们原希望借他的荫庇立足于列国中。

21乌斯地区的以东人啊,

只管欢喜作乐吧!

因为盛满耶和华愤怒的杯也要传到你们那里。

你们必喝醉,以致赤身露体。

22锡安城啊!你已经受到了应得的刑罚,

耶和华必不再使你流亡。

以东啊,耶和华要惩罚你,

揭露你的罪恶!

Asante Twi Contemporary Bible

Kwadwom 4:1-22

1Sɛdeɛ sikakɔkɔɔ a anka ɛhyerɛn no nie?

Sikakɔkɔɔ amapa no ho abiri!

Wɔatoto aboɔdemmoɔ kronkron apete

wɔ mmɔntene biara so.

2Hwɛ sɛdeɛ Sion mmammarima a wɔdi mu

na anka wɔsom bo sɛ sika kɔkɔɔ no ayɛ,

seesei wɔfa wɔn sɛ dɔteɛ nkukuo,

ɔnwomfoɔ nsa ano adwuma!

3Mpo sakraman yi wɔn nufoɔ

ma wɔn mma enum,

nanso me nkurɔfoɔ ayɛ atirimuɔdenfoɔ

sɛ sohori a ɔwɔ ɛserɛ so.

4Osukɔm enti, akokoaa tɛkrɛma

fam ne dodo mu;

mmɔfra no su pɛ aduane,

nanso obiara mfa mma wɔn.

5Wɔn a na anka wɔdi nnuane pa no

ohia buruburo aka wɔn wɔ mmɔntene so.

Wɔn a wɔde serekye tetee wɔn no

seesei wɔdeda nso nkɔfie so.

6Me nkurɔfoɔ asotwe

so sene Sodom a

wɔtuu wɔn mpofirim no deɛ,

a wɔannya ɔboafoɔ biara no.

7Na wɔn ahenemma ho twa sene sukyerɛmma,

na wɔhoa sene nufosuo,

na wɔn onipadua no bere na ɛwɔ ahoɔden te sɛ abohemaa,

na wɔte sɛ aboɔdemmoɔ.

8Nanso, seesei deɛ, wɔbiri sene wisiapunu;

na wɔnhunu wɔn yie wɔ mmɔntene so.

Wɔn wedeɛ atwintwam wɔ wɔn nnompe so;

ɛho awo wesee sɛ abaa.

9Wɔn a wɔtotɔ wɔ akofena ano no yɛ koraa

sene wɔn a ɛkɔm kunkumm wɔn;

ɛkɔm tware wɔn, ma wɔwuwu

ɛsiane aduane a ɛnni mfuo so enti.

10Mmaa a wɔwɔ ayamhyehyeɛ

de wɔn nsa anoa wɔn ankasa mma,

ayɛ wɔn aduane

ɛberɛ a wɔsɛee me nkurɔfoɔ no.

11Awurade ada nʼabufuhyeɛ nyinaa adi;

wahwie nʼabufuo a ano yɛ den no.

Ɔsɔɔ ogya ano wɔ Sion

ma ɛhyee ne fapem.

12Asase so ahemfo annye anni,

ewiase mu nnipa nso annye anni

sɛ atamfoɔ bɛtumi ahyɛne

Yerusalem apono mu.

13Nanso ɛsiiɛ, nʼadiyifoɔ no bɔne

ne nʼasɔfoɔ amumuyɛ enti,

wɔn na wɔhwiee teneneefoɔ mogya

guu wɔ kuropɔn no mu.

14Afei wɔkeka wɔ mmɔntene so

te sɛ nnipa a wɔn ani afira.

Mogya a ama wɔn ho agu fi no enti

obiara suro sɛ ɔde ne ho bɛka wɔn ntadeɛ.

15Nnipa teateaam gu wɔn so sɛ, “Momfiri ha nkɔ! Mo ho nnte!

Monkɔ, monkɔ! Mommfa mo ho nka yɛn.”

Sɛ wɔdwane kɔnenam a

amanaman no mu nnipa ka sɛ,

“Wɔrentumi ntena ha bio.”

16Awurade ankasa abɔ wɔn ahwete;

nʼani nni wɔn so bio.

Wɔmmfa anidie mma asɔfoɔ,

na wɔn ani nnsɔ mpanimfoɔ.

17Deɛ ɛka ho bio, yɛn ani anni ammoa yɛn,

yɛpɛɛ sɛ yɛbɛnya mmoa, nanso ɛyɛɛ ɔkwa;

yɛfiri yɛn abantenten so de yɛn ani too

ɔman a wɔrentumi nnye yɛn so.

18Nnipa dii yɛn ntɛntɛ wɔ yɛn anammɔntuo mu,

enti yɛantumi annante yɛn mmɔntene so.

Yɛn awieeɛ bɛneeɛ, na wɔkanee yɛn nna,

ɛfiri sɛ na yɛn awieeɛ aduru so.

19Yɛn ataafoɔ ho yɛ hare

sene akɔdeɛ a wɔwɔ ewiem;

wɔtaa yɛn faa mmepɔ so

na wɔtɛɛ yɛn wɔ ɛserɛ so.

20Deɛ Awurade asra no ngo, yɛn ankasa yɛn nkwa no,

ɔtɔɔ wɔn mfidie mu.

Yɛgye dii sɛ ne nwunu ase

yɛbɛnya nkwa wɔ amanaman no mu.

21Di ahurisie na ma wʼani nnye, Ao Edom Ɔbabaa,

wo a wote Us asase so.

Wɔde kuruwa no bɛma wo nso bi;

wobɛboro na wɔabɔ wo adagya.

22Ao Ɔbabaa Sion, wʼasotwe bɛba awieeɛ;

ɔremma wonkɔ so ntena nnommumfa mu.

Nanso, Ao Ɔbabaa Edom, ɔbɛtua wo bɔne so ka

na wada wʼamumuyɛ adi.