耶利米书 45 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

耶利米书 45:1-5

耶和华给巴录的信息

1犹大约西亚的儿子约雅敬执政第四年,尼利亚的儿子巴录耶利米口述的话写在书卷上。耶利米说: 2巴录啊,以色列的上帝耶和华说, 3‘你曾说,我真悲惨!因为耶和华使我痛上加痛,呻吟不止,身心疲惫,不得安宁。’ 4我要告诉你,耶和华说,‘我必在整个大地上拆毁我所建立的,铲除我所栽培的。 5你想为自己谋求大事吗?不要谋求,因为我要给世人降下灾祸。但不论你到哪里,我必使你保住性命。这是耶和华说的。’”

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 45:1-5

Asɛm A Wɔde Ma Baruk

1Eyi ne nsɛm a odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ Neria babarima Baruk wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedi afe a ɛto so anan no mu, bere a na Baruk akyerɛw nsɛm a efi Yeremia anom no agu nhoma mmobɔwee bi mu. 2“Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, ka kyerɛ wo, Baruk: 3Wokae se, ‘Nnome nka me! Awurade de awerɛhow aka me yawdi ho; apinisi ne ɔbrɛ ama mʼahoɔden asa.’  4Awurade kae se, ‘Ka eyi kyerɛ no: Nea Awurade se ni: Mɛsɛe nea makyekyere na matu nea madua no ase wɔ asase no so nyinaa. 5Enti ɛsɛ sɛ wopɛ nneɛma akɛse ma wo ho ana? Nyɛ saa. Efisɛ mede amanehunu bɛba nnipa nyinaa so, Awurade na ose, nanso baabiara a wobɛkɔ no, mɛbɔ wo ho ban.’ ”