耶利米书 18 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

耶利米书 18:1-23

陶器的比喻

1耶和华对耶利米说: 2“你去陶匠家,在那里我有话告诉你。” 3我便到陶匠家,见他正用轮盘做器皿。 4每当他手中的器皿做坏了,他就用那块泥重做,想怎么做就怎么做。 5这时,耶和华对我说: 6以色列人啊,难道我不能像陶匠对待陶泥一样对待你们吗?以色列人啊,你们在我手中就像陶泥在陶匠手中一样。这是耶和华说的。 7当我宣布要铲除、推翻、毁灭哪一邦或哪一国的时候, 8如果他们悔过自新,我必施怜悯,取消我原本要降给他们的灾祸。 9当我宣布要建造、栽培哪一邦或哪一国的时候, 10如果他们做我视为恶的事,不听从我的话,我必改变心意,取消我原本要赐给他们的福气。 11因此,你去告诉犹大人和耶路撒冷的居民,‘耶和华说,我正计划降灾祸惩罚你们。你们要离开罪恶,改邪归正。’ 12他们却说,‘不!我们喜欢随心所欲,为所欲为。’”

13因此耶和华说:

“你们问问列国,

看看谁曾听过这样的事?

少女般的以色列竟做了一件极可怕的事。

14黎巴嫩山岭上的积雪会融化吗?

从远方流来的冰凉溪水会停止吗?

15然而,我的子民却把我抛诸脑后,

向虚无的神明烧香,

偏离古道,在歧途上绊绊跌跌。

16因此,他们的土地必荒凉,

永远遭人嗤笑,

经过此地的人无不惊惧,

摇头叹息。

17我要在敌人面前驱散他们,

就像东风吹散尘土一样。

在他们遭难的时候,

我必以背相向,

不理睬他们。”

18他们说:“来!我们设计对付耶利米吧,反正我们有祭司教导律法,有智者出谋划策,有先知传讲预言。来吧!我们抨击他,不要理会他的话。”

19耶和华啊,求你眷顾我,

听听敌人对我的指控。

20人岂能以恶报善?

他们竟设陷阱谋害我,

求你回想我怎样站在你面前为他们求情,

怎样求你不要向他们发烈怒。

21因此,愿他们丧身刀下,

儿女饿死,

妻子丧夫亡子,

年长的被杀,

年少的死于战场!

22当你使敌军突袭他们时,

愿他们家中传出哭喊声,

因为他们挖陷阱要捕捉我,

设圈套要绊我的脚。

23耶和华啊,你知道他们害我的各种诡计,

求你不要赦免他们的罪过,

不要饶恕他们的恶行。

求你使他们倒在你面前,

求你在烈怒中惩罚他们。

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 18:1-23

Ɔnwomfoɔ No Fie

1Yei ne Awurade asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn. 2“Kɔ ɔnwomfoɔ no efie, na ɛhɔ na mede mʼasɛm no bɛma wo.” 3Ɛno enti, mekɔɔ ɔnwomfoɔ no efie na mehunuu no sɛ, ɔreyɛ adwuma wɔ ne ntwahodeɛ so. 4Nanso kukuo a na ɔde dɔteɛ no reyɛ ho adwuma no sɛeɛ wɔ ne nsa mu; ɛno enti ɔnwomfoɔ no yɛɛ kukuo foforɔ, sɛdeɛ ɛyɛ pa ara ma no.

5Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 6“Ao, Israel fiefoɔ, merentumi nyɛ mo sɛdeɛ ɔnwomfoɔ yi yɛ anaa?” Awurade na ɔseɛ. “Sɛdeɛ dɔteɛ teɛ wɔ ɔnwomfoɔ nsa mu no, saa ara na moteɛ wɔ me nsa mu, Ao Israel fiefoɔ. 7Sɛ ɛberɛ biara meka sɛ ɛsɛ sɛ wɔtutu ɔman bi anaa ahennie bi ase, dwerɛ wɔn, sɛe wɔn a, 8na sɛ ɔman a mebɔɔ no kɔkɔ no sakra firi ne bɔne ho a, mɛsesa mʼadwene na meremfa amanehunu a mesusuiɛ sɛ me de bɛba wɔn so mma bio. 9Na sɛ mmerɛ foforɔ bi meka sɛ, ɛsɛ sɛ wɔkyekyere ɔman anaa ahennie bi gye no si hɔ, 10na sɛ ɔyɛ bɔne wɔ mʼani so na wanyɛ ɔsetie amma me a, ɛnneɛ mesane adwene papa a mepɛɛ sɛ meyɛ noɔ no ho.

11“Na afei ka kyerɛ Yudafoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem sɛ, ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: Hwɛ! Mede amanehunu reba mo so, na mereyɛ nhyehyɛeɛ a ɛtia mo. Ɛno enti mo mu biara nnane mfiri nʼakwammɔne so na monsiesie mo akwan ne mo nneyɛɛ.’ 12Nanso wɔbɛbua sɛ, ‘Ɛho nni mfasoɔ. Yɛbɛkɔ so adi yɛn ara yɛn nhyehyɛeɛ so; yɛn mu biara bɛyɛ asoɔden a ɛfiri nʼakoma bɔne mu.’ ”

13Ɛno enti deɛ Awurade seɛ nie,

“Mommisa wɔ amanaman no mu sɛ,

hwan na wate biribi sɛi pɛn?

Ɔbaabunu Israel ayɛ

adeɛ bi a ɛyɛ hu yie.

14Sukyerɛmma a ɛwɔ Lebanon18.14 Lebanon—Ɛyɛ mmepɔ atentene a ɛwɔ atifi fam no mu baako a ne ɔsorokɔ boro anammɔn ɔpedu.

nane firi nsaneɛ mu abotan no so anaa?

Nsuo wiridudu a nʼatifi wɔ akyirikyiri

gyae sene anaa?

15Nanso, me nkurɔfoɔ werɛ afiri me.

Wɔhye nnuhwam ma ahoni huhuo,

a ɛma wɔn suntisunti wɔ wɔn akwan so

ne tete atempɔn so.

Wɔma wɔfa akwan nkyɛn

ne akwan a wɔmmɔeɛ so.

16Wɔn asase bɛda mpan,

na ayɛ adeɛ a wɔbɛbu no animtia daa;

wɔn a wɔtwam hɔ no ho bɛdwiri wɔn

na wɔbɛwosowoso wɔn ti.

17Mɛbɔ wɔn ahwete wɔ wɔn atamfoɔ anim

te sɛ deɛ apueeɛ mframa yɛ no.

Mɛdane mʼakyi akyerɛ wɔn, na ɛnyɛ mʼanim,

wɔ wɔn amanehunu da no.”

18Wɔkaa sɛ, “Mommra mma yɛmfa adwene ntia Yeremia; yɛremma asɔfoɔ no anaa anyansafoɔ no anaa adiyifoɔ no nkyerɛkyerɛ no nyera. Mommra na yɛntu yɛn ano ngu ne so a yɛnntie deɛ ɔbɛka biara.”

19Yɛ aso ma me, Ao, Awurade;

tie deɛ wɔn a wɔpam me tiri so reka!

20Ɛsɛ sɛ wɔde bɔne tua papa so ka anaa?

Nanso wɔatu amena ama me.

Kae sɛ megyinaa wʼanim

na mekasa maa wɔn

sɛdeɛ wobɛyi wʼabufuhyeɛ afiri wɔn so.

21Ɛno enti, ma ɛkɔm nne wɔn mma;

yi wɔn ma akofena.

Ma wɔn yerenom nyɛ abonini ne akunafoɔ;

ma wɔnkunkum wɔn mmarima

na wɔmfa akofena nkunkum wɔn mmeranteɛ wɔ ɔko mu.

22Ma wɔnte osu wɔ wɔn afie mu

ɛberɛ a atamfoɔ atu wɔn so sa mpofirim,

ɛfiri sɛ, wɔatu amena ama me,

na wɔasumsum me nan mfidie.

23Nanso wonim Ao, Awurade,

ɛpɔ a wɔabɔ nyinaa sɛ wɔbɛkum me.

Mfa wɔn nsɛmmɔne nkyɛ wɔn,

na nyi wʼani mfiri wɔn bɔne so.

Ma wɔnni nkoguo wɔ wʼanim;

na wo ne wɔn nni wɔ wʼabofuo mu.