耶利米书 13 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

耶利米书 13:1-27

腰带的比喻

1耶和华对我说:“你去买一条麻布腰带束在腰间,不可让它沾水。” 2我照耶和华的话买了腰带,束在腰间。 3耶和华又对我说: 4“拿着你买来的腰带去幼发拉底河边,把它藏在那里的石缝中。” 5于是,我照耶和华的吩咐把腰带藏在那里。 6多日后,耶和华对我说:“去幼发拉底河边取回我吩咐你藏的腰带。” 7我就去幼发拉底河边把所藏的腰带挖出来,但腰带已经腐烂,不能用了。

8耶和华对我说: 9“这是耶和华说的,‘我也要这样消灭犹大的骄傲和耶路撒冷的狂妄。 10这邪恶的百姓拒绝听我的话,一意孤行,跟随、供奉、祭拜别的神明,他们将像这腰带一样毫无用处。 11我本想使以色列人和犹大人紧靠着我,就像腰带紧贴在人的腰间,让他们做我的子民,使我声名远扬、得到赞美和尊崇,他们却不肯听从。这是耶和华说的。’

12“因此,你告诉他们,以色列的上帝耶和华说,‘每个瓶子都要盛满酒。’若他们说,‘难道我们不知道每个瓶子都要盛满酒吗?’ 13你就告诉他们,‘耶和华说,我要使坐在大卫宝座上的君王以及祭司、先知、耶路撒冷人和这片土地上所有的居民都酩酊大醉; 14我要使他们彼此撞得粉碎,就算父子也要彼此相撞;我要毁灭他们,决不心慈手软。’”

15耶和华说话了,你们要留心听,

不可傲慢。

16趁着你们的上帝耶和华还未使黑暗来临,

你们还未在漆黑的山上绊倒,

要把荣耀归给祂。

否则,祂必使你们期望的光明变为幽冥和黑暗。

17如果你们因为骄傲而不肯听,

我会暗自哭泣、泪流满面,

因为耶和华的子民将要被掳。

18耶和华让我对君王和太后说:

“从宝座上下来吧,

因为你们头上华美的王冠将要掉落。”

19南部的城邑将被围困,

无人能解围,

犹大人都要被掳,无一幸免。

20耶路撒冷啊,

举目看看那些从北方来的敌人吧,

从前赐给你的佳美羊群——你的百姓如今在哪里呢?

21耶和华让你结交的盟友来统治你,

你还有什么话可说?

难怪你痛苦不堪,

就像分娩的妇人。

22也许你在想:“为什么这些事发生在我身上?”

你的裙子被撕破,你遭受蹂躏,

是因为你罪大恶极。

23古实人能改变他们的肤色吗?

豹子能脱去它们的斑点吗?

你这作恶成性的人怎能行善呢?

24因此,耶和华说:

“我要把你分散到四方,

像旷野的风吹散碎秸一样。

25这是你应得的报应,

是我量给你的,

因为你把我抛诸脑后,

信靠假神。

这是耶和华说的。

26因此,我要把你的裙子掀到你的脸上,

使人见到你的羞耻。

27你在山上和田野间拜偶像,

像无耻的妇人与情郎苟合,

发出淫语浪声。

这些可憎之事,我都看见了。

耶路撒冷啊,你有祸了!

你什么时候才肯自洁呢?”

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 13:1-27

Nwera Abɔsoɔ

1Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛɛ meɛ, “Kɔ na kɔtɔ nwera abɔsoɔ bɔ wʼasene, nanso mma no nka nsuo.” 2Enti, metɔɔ abɔsoɔ sɛdeɛ Awurade kyerɛeɛ no, na mede bɔɔ mʼasene mu.

3Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn ne mprenu so sɛ, 4“Fa abɔsoɔ a, wotɔeɛ a ɛbɔ wʼasene mu no, kɔ Eufrate ho seisei ara na fa kɔsie abotan tokuro no bi mu.” 5Enti, mede kɔsiee Eufrate ho, sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ me no.

6Nna bebree akyi no, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Afei kɔ Eufrate ho na kɔfa abɔsoɔ a meka kyerɛɛ wo sɛ fa kɔsie hɔ no.” 7Enti, mekɔɔ Eufrate ho kɔtuu abɔsoɔ no firii beaeɛ a, na mede asie hɔ no, nanso, na asu atete a ɛho nni mfasoɔ biara.

8Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, 9“Yei ne deɛ Awurade seɛ, ‘Saa ara na mɛsɛe Yuda ahantan ne Yerusalem ahantan kyɛneɛ no. 10Saa amumuyɛfoɔ yi a wɔmpɛ sɛ wɔtie mʼasɛm na wɔdi wɔn akoma den akyi na wɔdi anyame foforɔ akyi som wɔn sɔre wɔn no, wɔbɛyɛ sɛ saa abɔsoɔ yi, na wɔn ho remma mfasoɔ biara! 11Sɛdeɛ abɔsoɔ kyekyere onipa asene mu no saa ara na mede Israel efie ne Yudafie nyinaa bataa me ho sɛ wɔnyɛ me nkurɔfoɔ a wɔbɛma me din so, aka mʼayɛyie na wɔahyɛ me animuonyam, nanso wɔntiee me,’ deɛ Awurade seɛ nie.

Nsã Kotokuo

12“Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ nie, Wɔmfa nsã nhyɛ nsã kotokuo biara ma.’ Na sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ, ‘Yɛnim sɛ ɛsɛ sɛ wɔde nsã hyɛ nsã kotokuo biara ma a,’ 13afei, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade seɛ nie: Mede nsãborɔ bɛhyɛ wɔn a wɔtete asase yi so nyinaa ma, a ahemfo a wɔte Dawid ahennwa so, asɔfoɔ, adiyifoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem nyinaa ka ho. 14Mɛtoto wɔn abobɔ wɔn ho wɔn ho, agyanom ne mmammarima nyinaa, Awurade na ɔseɛ. Meremma ahummɔborɔ anaa ayamyɛ anaa ayamhyehyeɛ nsi ɔsɛe a merebɛsɛe wɔn no ho ɛkwan.’ ”

Nnommumfa Ho Ahunahuna

15Montie na monyɛ aso,

na monnyɛ ahantan,

ɛfiri sɛ, Awurade akasa.

16Monhyɛ Awurade mo Onyankopɔn, animuonyam

ansa na wama esum aduru,

ansa na mo nan asuntisunti

wɔ nkokoɔ a ɛso reduru sum no so.

Mo ani da hann so,

nanso ɔbɛdane no esum kusuu

na wɔasesa ayɛ no esum kabisii.

17Nanso sɛ moantie a,

mɛsu wɔ kɔkoam

ɛsiane mo ahantan nti;

mʼani bɛtetɛ nisuo,

na nisuo adware me,

ɛfiri sɛ, wɔbɛfa Awurade nnwankuo no akɔ nnommum mu.

18Monka nkyerɛ ɔhene ne ɔhemmaa sɛ,

“Momfiri mo ahennwa so nsi fam,

na mo animuonyam ahenkyɛ

bɛfiri mo tiri so.”

19Wɔbɛtoto Negeb nkuropɔn apono mu,

na obiara nni hɔ a ɔbɛbuebue.

Wɔbɛsoa Yudafoɔ akɔ sɛ atukɔfoɔ,

wɔbɛtwa wɔn asuo koraa.

20Mo mpagya mo ani nhwɛ

wɔn a wɔfiri atifi fam reba no.

Nnwankuo a wɔde hyɛɛ mo nsa no,

nnwan a mode wɔn hoahoaa mo ho wɔ he?

21Awurade de wɔn a motetee wɔn sɛ mo apamfoɔ yɛ mo so atitire a

ɛdeɛn na mobɛka?

Na ɛrenyɛ mo yea

sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ anaa?

22Na sɛ wobɛbisa wo ho sɛ,

“Adɛn enti na yei aba me so” a

na ɛfiri wʼamumuyɛ bebrebe no.

Ɛno enti na wɔatete wo fam atadeɛ mu

ayɛ wo onipadua basaa no.

23Etiopiani bɛtumi asesa nʼahosuo anaa?

Na ɔsebɔ nso bɛtumi asesa ne ho nsisimu no?

Saa ara na worentumi nyɛ papa,

wo a bɔneyɛ akokwa wo.

24“Mɛbɔ mo ahwete sɛ ntɛtɛ a

anweatam so mframa rebɔ no.

25Yei ne deɛ mobɛnya,

mo kyɛfa a mahyɛ ama mo,”

Awurade na ɔseɛ,

“ɛfiri sɛ, mo werɛ afiri me

na mo de mo ho ato anyame huhuo so.

26Mɛpagya mo fam ntadeɛ abua mo anim

na wɔahunu mo ahohora.

27Mahunu mo awaresɛeɛ ne mo akɔnnɔ bɔne ne

mo adwamammɔ a momfɛre ho!

Mahunu mo akyiwadeɛ nneyɛeɛ

wɔ nkokoɔ ne ɛserɛ so.

Due Ao Yerusalem!

Mmerɛ bɛn na wo ho bɛte?”