罗马书 14 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

罗马书 14:1-23

体恤弱者

1你们要接纳信心软弱的弟兄姊妹,不要因为看法不同便彼此批评。 2有人相信什么都可以吃,但信心软弱的人只吃素菜。 3吃的人不可轻看不吃的人,不吃的人也不可批评吃的人,因为两者都蒙上帝接纳。 4你是谁,竟然批评别人的仆人?他做得是否合宜,自然有他的主人负责。他必能做得合宜,因为主能使他做得合宜。

5有人认为这日比那日好,有人认为天天都一样,各人应该照着自己的信念拿定主意。 6守日子的人是为主而守,吃的人是为主而吃,因为他感谢上帝;不吃的人是为主不吃,他也同样感谢上帝。 7因为我们没有人为自己活,也没有人为自己死。 8我们活是为主而活,死是为主而死。因此,我们无论生死都是属主的人。 9正是为这个缘故,基督死了,又复活了,好做死人和活人的主。

10那么,你为什么论断弟兄姊妹呢?为什么轻视弟兄姊妹呢?将来我们都要一同站在上帝的审判台前。 11圣经上说:“主说,‘我凭我的永恒起誓,万膝必向我跪拜,万口必称颂上帝。’” 12这样看来,我们各人都要在上帝面前陈明自己一切的事。

不要使人犯罪

13所以,我们不可再互相论断,要留心自己的言行,不要绊倒弟兄姊妹。 14我知道并靠着主耶稣深信,没有什么是不洁净的,但若有人以为某物不洁净,那物对他来说就不洁净。 15如果你吃的东西令弟兄姊妹不安,你就不是凭爱心行事。你不可因为一点食物而损害基督舍命救赎的人。 16所以,不要让你们认为好的事被别人诟病。 17因为上帝的国不是关乎吃什么喝什么,而是关乎公义、平安和圣灵所赐的喜乐。 18以这样的态度事奉基督的人才会得到上帝的喜悦和大家的称赞。

19所以,我们要努力追求和睦,彼此造就。 20不可因食物的问题而破坏上帝的工作。所有的食物固然都是洁净的,但人若因所吃的食物绊倒别人,就有罪了。 21无论是吃肉、喝酒还是做任何别的事,如果会绊倒别人,就应该一概不做。 22你有信心认为可以做的,只要你和上帝知道就可以了。人如果在自己认为可以做的事上问心无愧,就有福了。 23人如果心里疑惑,却仍然吃,就有罪了,因为他不是凭信心吃。凡不凭信心去做的,就是犯罪。

Asante Twi Contemporary Bible

Romafoɔ 14:1-23

Mommmu Atɛn

1Sɛ obi gyidie sua wɔ mo mu a, monnye no; mo ne no nnnye deɛ nʼadwene kyerɛ no no ho akyinnyeɛ. 2Obi gyidie ma ɔtumi di biribiara, nanso obi a ne gyidie sua no di afuomduane nko ara. 3Ɛnsɛ sɛ deɛ ɔdi biribiara no bu deɛ ɔnni biribiara no animtia; saa ara nso na ɛnsɛ sɛ obi a ɔdi afuomduane nko ara no bu deɛ ɔdi biribiara no atɛn; ɛfiri sɛ, Onyankopɔn agye no. 4Wo ne hwan a wobu obi ɔsomfoɔ atɛn? Ɛyɛ ɔno ankasa ne wura na ɔbɛka sɛ wadi nkonim anaasɛ wadi nkoguo. Na ɔbɛdi nkonim, ɛfiri sɛ, Awurade bɛtumi ama wadi nkonim.

5Obi dwene sɛ da bi wɔ hɔ a ɛho hia sene nna a aka no. Saa ara nso na onipa foforɔ nso dwene sɛ nna nyinaa yɛ pɛ. Ɛsɛ sɛ wɔn mu biara si nʼadwene pi. 6Obiara a ɔbɛbu da bi kɛseɛ no yɛ saa de hyɛ Awurade animuonyam; obiara a ɔwe nam no we wɔ Awurade din mu, ɛfiri sɛ ɔda Onyankopɔn ase; saa ara na wɔn a wɔnwe nso yɛ saa wɔ Awurade din mu de da Onyankopɔn ase. 7Yɛn mu biara nte ase mma ne nko ara ho na obiara nwu mma ne nko ara ho; 8sɛ yɛte ase a yɛte ase ma Awurade; na sɛ yɛwu a, yɛwu ma Awurade. Enti, sɛ yɛte ase o, yɛwu o, yɛyɛ Awurade deɛ. 9Na yei enti na Kristo wuiɛ, na ɔsɔreeɛ, na ɔnyaa nkwa sɛ ɔbɛyɛ awufoɔ ne ateasefoɔwura.

10Na wo, afei, adɛn enti na wobu wo nua atɛn? Na wo, adɛn enti na wobu wo nua animtia? Yɛn nyinaa bɛgyina Onyankopɔn anim ama wabu yɛn atɛn. 11Ɛfiri sɛ, Atwerɛsɛm no ka sɛ,

“ ‘Awurade ka sɛ, mete ase yi,

obiara bɛbu nkotodwe wɔ mʼanim;

na obiara bɛpae mu aka sɛ, mene Onyankopɔn.’ ”

12Yɛn mu biara bɛbu ne ho akonta akyerɛ Onyankopɔn.

13Ɛno enti, momma yɛnnyae yɛn ho yɛn ho atemmuo. Mmom, deɛ ɛsɛ sɛ modwene ne sɛ, monnyɛ biribiara a ɛbɛma mo nua akɔ bɔne mu. 14Ahotɔsoɔ a mewɔ wɔ mʼAwurade Yesu mu no ma mehunu sɛ biribiara nni hɔ a ɛho nte. Na sɛ obi gye di sɛ biribiara ho nte a, na saa onipa no na ɛho nte mma no. 15Sɛ biribiara a wodi ha wo nua a, ɛnneɛ na wonte hɔ ɔdɔ mu. Mma aduane a wodi no nsɛe onipa a ne enti Kristo wuiɛ no. 16Mma adeɛ a wobu sɛ ɛyɛ no nnye din bɔne. 17Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn Ahennie no nyɛ adidie ne ɔnom na mmom, ɛyɛ tenenee, asomdwoeɛ ne ahosɛpɛ a ɛwɔ Honhom Kronkron mu. 18Obiara a ɔsom Kristo saa ɛkwan yi so no, Onyankopɔn agye no ato mu, na nnipa bu no.

19Ɛno enti, ɛsɛ sɛ yɛtumi tena asomdwoeɛ mu, na yɛboaboa yɛn ho yɛn ho ma obiara nya gyidie a emu yɛ den. 20Nnyina aduane so nsɛe deɛ Onyankopɔn ayɛ. Aduane biara yɛ aduane, nanso sɛ wodi aduane a ɛde ɔfoforɔ bɛkɔ bɔne mu a, ɛyɛ bɔne. 21Ade tenenee a ɛsɛ sɛ woyɛ ne sɛ, wonwe ɛnam, nnom nsã anaasɛ wonyɛ biribi a ɛbɛto wo nua suntidua.

22Deɛ wogye di wɔ saa asɛm yi ho no, ma ɛnka wo ne Onyankopɔn ntam. Nhyira ne deɛ ɔyɛ nʼapɛdeɛ a ɔnte nka sɛ wɔabu no atɛn. 23Na sɛ ne tirim ntene no deɛ ɔdi ho a, sɛ ɔdi a, Onyankopɔn bu no atɛn, ɛfiri sɛ, deɛ ɔyɛ no mfiri gyidie mu. Biribiara a ɛmfiri gyidie mu no nso yɛ bɔne.