约翰福音 5 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

约翰福音 5:1-47

耶稣在毕士大池边治病

1这事以后,犹太人的一个节期到了,耶稣便上耶路撒冷2耶路撒冷靠近羊门的地方有一个水池,希伯来话叫毕士大,池边有五条走廊, 3里面躺着瞎眼的、瘸腿的、瘫痪的等许多病人。 4他们都在等候天使来搅动池水。水动时,第一个下去的,无论患什么病都会痊愈。5:4 有些经卷无“他们都在等候天使来搅动池水。水动时,第一个下去的,无论患了什么病都会痊愈。”

5那里有一个人病了三十八年。 6耶稣看他躺着,知道他病了很久,就问他:“你想痊愈吗?”

7那人回答说:“先生,水动的时候,没有人把我放进池子里,我要下去的时候,别人总是先我一步。”

8耶稣对他说:“起来,拿起你的垫子走吧!”

9那人立刻痊愈了,拿起垫子开始行走。那天正好是安息日, 10犹太人便对那人说:“今天是安息日,你不可拿着垫子走路。”

11他说:“那位医好我的叫我拿起垫子走。”

12他们问他:“叫你拿起垫子走的人是谁?”

13那人不知道是谁,因为那里人多,耶稣已经躲开了。

14后来,耶稣在圣殿里遇见他,对他说:“现在你已经完全好了,别再犯罪了,免得你遭遇更不幸的事。”

15那人便去告诉犹太人医好他的是耶稣。 16因为耶稣在安息日给人治病,犹太人开始迫害祂。 17耶稣对他们说:“我父一直在工作,我也一直在工作。”

18犹太人听了,更想杀祂,因祂不但违犯了安息日的规矩,还称上帝为父,把自己看作与上帝平等。

圣子的权柄

19耶稣说:“我实实在在地告诉你们,子凭自己什么都不能做,唯有看见父做什么,子才做什么。无论父做什么,子也照样做。 20父因为爱子,便把自己的一切作为给祂看,而且还要把比这些更大的作为给祂看,叫你们惊奇。 21父如何使死人复活、赐生命给他们,子也照样想赐生命给谁,就赐给谁。 22父不审判人,祂将审判的事全交给子, 23叫人尊敬子如同尊敬父。不尊敬子的,就是不尊敬差子来的父。

24“我实实在在地告诉你们,谁听从我的话,又信差我来的那位,谁就有永生,不被定罪,已经出死入生了。 25我实实在在地告诉你们,时候快到了,现在就是,死人将听见上帝儿子的声音,听见的将存活。 26因为正如父自己是生命的源头,祂也同样让子作生命的源头, 27又把审判的权柄交给祂,因为祂是人子。 28你们不要因此而惊奇,时候一到,一切在坟墓里的死人都要听见上帝儿子的声音, 29他们都要从坟墓里出来。行善的人复活后得永生,作恶的人复活后被定罪。”

见证耶稣

30耶稣继续说:“我凭自己不能做什么,我按父上帝的旨意审判,我的审判是公平的;因为我不是按自己的旨意行,而是按差我来者的旨意行。

31“如果我为自己做见证,我的见证是无效的。 32然而,有别的人给我做见证,我知道他为我做的见证是真实的。 33你们曾派人到约翰那里,他为真理做过见证。 34其实我并不需要人的见证,我之所以提起这些事是为了使你们得救。 35约翰是一盏点亮的明灯,你们情愿暂时享受他的光。 36但是我有比约翰更大的见证,因为父交待我去完成的工作,就是我现在所做的工作,证明我是父差来的。 37差我来的父曾亲自为我做过见证。你们从未听过祂的声音,从未见过祂, 38心里也没有祂的道,因为你们不信祂所差来的那位。 39你们研读圣经,以为从圣经中可以得到永生。其实为我做见证的正是这圣经, 40但你们却不肯到我这里来得生命。

41“我不接受人所给予的荣耀, 42我知道你们没有爱上帝的心。 43我奉我父的名来,你们不接受我;若有人奉自己的名来,你们却接受他。 44你们喜欢互相恭维,却不追求从独一上帝来的荣耀,怎能信我呢? 45不要以为我会在父面前控告你们,其实控告你们的是你们一直信赖的摩西46你们若信摩西,就应该信我,因为他的书里也提到我。 47如果你们连他写的都不信,又怎能信我的话呢?”

Asante Twi Contemporary Bible

Yohane 5:1-47

Obubuafoɔ Bi Ayaresa

1Yei akyi no, Yudafoɔ afahyɛ bi enti, Yesu sane kɔɔ Yerusalem. 2Na ɔtadeɛ bi wɔ kuro no mu a wɔfrɛ no Betesda a na ɛbɛn kuro no ano ɛpono kɛseɛ bi a wɔfrɛ no Nnwan Ɛpono no. Na wɔabɔ apata ahodoɔ enum atwa ho ahyia. 3Saa apata yi ase na na ayarefoɔ pii sɛ, anifirafoɔ, mpakye ne mmubuafoɔ wɔ retwɛn sɛ Awurade ɔbɔfoɔ firi ɔsoro bɛba abɛhono nsuo no. 4Deɛ ɛteɛ ne sɛ, sɛ ɔbɔfoɔ no hono nsuo no wie a, ɔyarefoɔ a ɔbɛdi ɛkan atɔ nsuo no mu no nya ayaresa. 5Na ɔbarima bi ayare ada ɔtadeɛ no ho mfeɛ aduasa nwɔtwe. 6Yesu hunuu sɛ wayare ada hɔ akyɛre no, ɔbisaa no sɛ, “Wopɛ sɛ wo ho yɛ wo den anaa?”

7Ɔyarefoɔ no buaa no sɛ, “Me wura, sɛ ɔbɔfoɔ no bɛhono nsuo no a, mennya obi a ɔbɛma me so ato mu. Ɛberɛ biara a mɛbɔ me ho mmɔden sɛ merekɔ nsuo no mu no, obi di me ɛkan.”

8Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre! Bobɔ wo kɛtɛ na kɔ efie.” 9Amonom hɔ ara, ɔbarima no ho yɛɛ no den; ɔbobɔɔ ne kɛtɛ, hyɛɛ aseɛ nanteeɛ.

Na saa da no yɛ homeda. 10Yudafoɔ mpanin hunuu ɔbarima no sɛ ɔso ne kɛtɛ no, wɔn bo fuu yie. Wɔbisaa no sɛ, “Wonnim sɛ ɛnnɛ yɛ homeda na ɛtia mmara sɛ wobɛsoa wo kɛtɛ anaa?”

11Ɔbarima yi de ahopopoɔ yii ne ho ano sɛ, “Onipa a ɔsaa me yadeɛ no na ɔka kyerɛɛ me sɛ, mensoa me kɛtɛ na menkɔ.”

12Wɔtee saa no, wɔbisaa no sɛ, “Hwan ne saa onipa yi?”

13Nso na deɛ ne ho yɛɛ no den no nnim Yesu. Afei, nso na Yesu afiri nnipa no mu kɔ.

14Akyire yi, Yesu hyiaa ɔbarima yi wɔ asɔredan mu tuu no fo sɛ, “Afei a wo ho ayɛ wo den yi, hwɛ yie na woankɔyɛ bɔne bio amma biribi a ɛsene kane yadeɛ no amma wo so.” 15Ɔbarima yi firii hɔ kɔka kyerɛɛ Yudafoɔ mpanin no sɛ ɛyɛ Yesu na ɔsaa no yadeɛ no.

Tumi A Ɔba No Wɔ

16Yudafoɔ mpanin yi hyɛɛ aseɛ tanee Yesu ani, ɛfiri sɛ, wabu wɔn homeda mmara no so. 17Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mʼagya yɛ adwuma ɛberɛ biara, enti ɛsɛ sɛ me nso meyɛ adwuma ɛberɛ biara.” 18Saa asɛm a Yesu kaeɛ yi maa Yudafoɔ mpanin no bo fuiɛ, na wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkum no, ɛfiri sɛ, na ɛnyɛ homeda mmara no nko na wabu so, na bio, ɔfrɛ ne ho sɛ Onyankopɔn Ba de kyerɛ sɛ, ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ.

19Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɔba no ntumi mfiri ne pɛ mu nyɛ biribi, na mmom, ɔyɛ deɛ ɔhunu sɛ nʼAgya yɛ no bi. 20Ɛfiri sɛ, Agya no dɔ Ɔba no na biribiara a Agya no yɛ no, ɔma Ɔba no hunu. Na Ɔba no bɛyɛ nnwuma akɛseɛ a ɛsene saa ɔbarima yi ayaresa yi ama mo ho adwiri mo. 21Na sɛdeɛ Agya no nyane awufoɔ no, saa ara nso na Ɔba no nyane awufoɔ a ɔpɛ sɛ ɔnyane wɔn no. 22Afei koraa, mʼAgya mmu obiara atɛn. Ɔde saa atemmuo tumi no ahyɛ Ɔba no nsa, 23sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara bɛdi Ɔba no ni sɛdeɛ wɔdi Agya no ni no. Obiara a ɔnni Ɔba no ni no, nni Agya a ɔsomaa no no nso ni.

24“Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ: Obiara a ɔtie me nsɛm na ɔgye deɛ ɔsomaa me no di no, wɔ nkwa a ɛnni awieeɛ. Wɔremmu no atɛn, ɛfiri sɛ, wafiri owuo mu aba nkwa mu. 25Mereka nokorɛ bio sɛ, ɛberɛ bi reba, na mpo saa ɛberɛ no anya aba a awufoɔ bɛte Onyankopɔn Ba no nne, na wɔn a wɔte ne nne no bɛnya nkwa. 26Sɛdeɛ Agya no yɛ nkwamafoɔ no, saa ara nso na wama ne Ba no tumi ama wayɛ nkwamafoɔ. 27Wama Ɔba no tumi a ɔde bu atɛn, ɛfiri sɛ, ɔno ne Onipa Ba no.

28“Mommma saa asɛm yi nnyɛ mo nwanwa, ɛfiri sɛ, ɛberɛ bi reba a awufoɔ a wɔwɔ wɔn damena mu mpo bɛte me nne, 29na wɔasɔresɔre. Wɔn a wɔayɛ papa no bɛnyane atena nkwa mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no nso, wɔabu wɔn fɔ. 30Merentumi mfiri mʼankasa me tumi mu nyɛ biribiara; asɛm a Onyankopɔn aka akyerɛ me no so na megyina bu atɛn. Ɛno enti, atɛn a mebu no yɛ nokorɛ.

Yesu Ho Adansedie

31“Sɛ me ara medi me ho adanseɛ a, mʼadansedie no nni mu. 32Na obi wɔ hɔ a ɔdi me ho adanseɛ a menim sɛ nʼadanseɛ a ɔdi fa me ho no yɛ nokorɛ.

33“Moasoma nnipa akɔ Yohane nkyɛn na wadi adanseɛ a ɛyɛ nokorɛ. 34Nnipa adansedie ho nhia me ansa na moahunu onipa ko a meyɛ. Na mmom, meka Yohane adanseɛ a ɔdii no kyerɛ mo sɛ deɛ ɛbɛyɛ na Onyankopɔn bɛgye mo nkwa. 35Yohane nsɛm a ɔkaeɛ yɛ kanea a wɔasɔ na ɛhyerɛn, na ɛmaa mo ani gyeeɛ.

36“Me nnwuma a mʼAgya de ama me sɛ menyɛ no di me ho adanseɛ sene Yohane. 37Ɛwom sɛ monhunuu Agya no anim da, na montee ne nne nso da, nanso wadi me ho adanseɛ. 38Na nʼasɛm no nso mommfa nsie mo tirim, ɛfiri sɛ, monnnye me a ɔsomaa me no nni. 39Mosua Atwerɛsɛm no ɛfiri sɛ, mogye di sɛ ɛno na ɛbɛma mo anya nkwa a ɛnni awieeɛ. Nanso, saa Atwerɛsɛm korɔ no ara di me ho adanseɛ! 40Yei nyinaa akyi no, mommpɛ sɛ moba me nkyɛn na moanya nkwa!

41“Merenhwehwɛ nnipa anim animuonyam. 42Menim nnipa ko a moyɛ. Menim sɛ monni Onyankopɔn ho dɔ. 43Mebaa mʼAgya din mu nanso moannye me. Nanso, sɛ obi ba wɔ ɔno ara ne din mu na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ a, ɛno deɛ, mogye no. 44Mopɛ sɛ nnipa kamfo mo mmom sene sɛ Onyankopɔn bɛkamfo mo. Ɛbɛyɛ dɛn na moagye me adi?

45“Ɛnyɛ me na mɛka asɛm bi atia mo Agya no anim, na mmom, ɛyɛ Mose a mode mo ani too ne mmara so sɛ ɛno na monam so bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu no. 46Sɛ mogyee Mose diiɛ a, anka me nso mobɛgye me adi, ɛfiri sɛ, nsɛm a ɔtwerɛeɛ no di me ho adanseɛ. 47Na ɛsiane sɛ moannye nsɛm a ɔtwerɛeɛ no anni no enti, ɛnyɛ nwanwa sɛ monnye me nni.”