约书亚记 6 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

约书亚记 6:1-27

耶利哥城塌陷

1耶利哥人害怕以色列人,就把所有的城门都关得紧紧的,无人出入。 2耶和华对约书亚说:“看啊,我已经把耶利哥耶利哥王及其英勇的战士都交在你手中了。 3你所有的军队要每天绕城一圈,连续六天, 4让七个祭司拿着七个羊角号走在约柜前面。到了第七天,你们要绕城七圈,祭司要吹响号角。 5当你们听到号角长鸣时,所有的人都要高声吶喊,城墙就会坍塌,众人便可以直冲上去。” 6的儿子约书亚便召来祭司,对他们说:“你们抬起约柜,派七位祭司拿着七个羊角号走在耶和华的约柜前面。” 7他又对民众说:“你们要前去绕着城墙走,军队要走在耶和华的约柜前面。”

8听完约书亚的吩咐,七个祭司便在耶和华面前拿着羊角号边走边吹,耶和华的约柜就跟在他们后面, 9军队走在吹号的祭司前面,殿后军队跟在约柜后面。祭司一路上吹着号角。 10约书亚吩咐民众:“在我下令叫你们吶喊以前,谁也不许作声,一句话也不许说。” 11这样,约书亚使耶和华的约柜绕城一圈,然后众人各自回营休息。

12第二天,约书亚一早起来,祭司又抬起耶和华的约柜。 13七个祭司拿着七个羊角号走在耶和华的约柜前面,一边走一边吹角。军队走在祭司前面,殿后军队跟在耶和华的约柜后面。 14这一天他们又绕城一圈,然后各自回营。六天都是这样。

15第七天黎明时分,他们起来照样绕城,只是这一天他们绕城走了七次。 16走到第七次,祭司吹响了号角,约书亚吩咐民众说:“吶喊吧!因为耶和华已经将这城交给你们了。 17要把这座城和城里所有的东西毁灭,作为献给耶和华之物。只有妓女喇合和她家中所有的人可以活命,因为她曾把我们派去的探子隐藏起来。 18你们要小心,不可私拿任何应当毁灭的东西,免得你们自取灭亡,并给以色列全营带来灾祸。 19要把所有的金银和铜铁器皿分别出来献给耶和华,放进耶和华的库房里。” 20于是,民众听到号角声时,就高声呐喊,城墙便坍塌了。民众便一拥而上,占领了耶利哥城, 21用刀杀了城里所有的男女老少、牛羊和驴。

22约书亚对那两个探子说:“你们到那个妓女家里,照着你们向她起过的誓,把她和她的家人都带出来。” 23于是,那两个年轻探子便进去,把喇合和她的父母、兄弟及所有的亲人都带出来,安置在以色列人的营外。 24以色列人烧毁全城和城内一切的东西,只把金银和铜铁器皿放在耶和华的库房里。 25约书亚因为妓女喇合把两个探子隐藏起来,就饶了她和她一家人的性命。他们至今仍住在以色列人当中。

26之后,约书亚起誓说:

“重建耶利哥城的人必定在耶和华面前受咒诅,

他立地基的时候必死长子,

建城门的时候必丧幼子。”

27耶和华与约书亚同在,他的声名传遍各地。

Asante Twi Contemporary Bible

Yosua 6:1-27

Wɔfa Yeriko

1Wɔtotoo Yeriko apono mu pampee, ɛfiri sɛ na wɔsuro Israelfoɔ no. Wɔamma obiara ɛkwan ma wankɔ mu anaa wamfiri adi.

2Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Mede Yeriko, ɛhɔ ɔhene ne ɛhɔ akofoɔ nyinaa ahyɛ wo nsa. 3Ma wʼasraadɔm no nyinaa mmɔ nsra ntwa kuropɔn no ho nhyia pɛnkorɔ ɛda biara nna nsia. 4Asɔfoɔ baason a obiara kura nnwennini abɛn bɛdi Adaka no anim. Ɛda a ɛtɔ so nson no, ɛsɛ sɛ mobɔ nsra twa kuropɔn no ho mprɛnson, a asɔfoɔ no rehyɛn nnwennini mmɛn no. 5Sɛ mote sɛ asɔfoɔ no hyɛn mmɛn no dendeenden ma ɛkyɛre a, nnipa no nyinaa mmɔ nnye so. Afei kuropɔn no afasuo nyinaa bɛdwiri agu fam, na nnipa no bɛtumi ato ahyɛ kuropɔn no so.”

6Na Yosua frɛɛ asɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momfa Awurade Apam Adaka no na mo mu baason nni animu a obiara kura nnwennini abɛn.” 7Enti, ɔhyɛɛ nnipa no sɛ, “Mommɔ nsra mfa kuropɔn no ho na wɔn a wɔkurakura akodeɛ no bɛdi Awurade adaka no anim.”

8Yosua kasa kyerɛɛ nnipa no wieeɛ no, asɔfoɔ baason a wɔkura nnwennini mmɛn no hyɛɛ aseɛ bɔɔ nsra wɔ Awurade anim a wɔrehyɛn mmɛn no. Na asɔfoɔ a wɔso Awurade Apam Adaka no dii wɔn akyi. 9Wɔn a wɔkurakura akodeɛ no bi bɔɔ nsra wɔ asɔfoɔ no a wɔrehyɛn mmɛn no anim, na ebi nso bɔɔ nsra wɔ asɔfoɔ a wɔso Adaka no akyi wɔ ɛberɛ a asɔfoɔ no gu so rehyɛn mmɛn no. 10Yosua hyɛɛ sɛ, “Monnteam na monnkasa mpo. Mommma asɛm biara mfiri mo anom, kɔsi sɛ mɛka akyerɛ mo sɛ monteam na moateam.” 11Enti, ɛda no, wɔsoaa Awurade Adaka no twaa kuropɔn no ho prɛko. Na afei obiara sane kɔɔ atenaeɛ hɔ kɔhomee anadwo no.

12Adeɛ kyeeɛ no, Yosua sɔree anɔpahema, na asɔfoɔ no soaa Awurade Adaka no bio. 13Asɔfoɔ baason a wɔkurakura nnwennini mmɛn no bɔɔ nsra wɔ Awurade Adaka no anim wɔ ɛberɛ a wɔrehyɛn wɔn mmɛn. Wɔn a wɔkurakura akodeɛ no bi nso bɔɔ nsra wɔ asɔfoɔ a wɔkurakura mmɛn no anim ne Awurade Adaka no akyi. Saa ɛberɛ no nyinaa na asɔfoɔ no rehyɛne wɔn mmɛn no. 14Ɛda a ɛtɔ so mmienu no, wɔbɔɔ nsra twaa kuropɔn no ho prɛko, na wɔsane kɔɔ atenaeɛ hɔ. Wɔkɔɔ so yɛɛ saa ara nnansia.

15Ɛda a ɛtɔ so nson no, Israelfoɔ no sɔree anɔpahema, bɔɔ nsra twaa kuropɔn no ho hyiaeɛ, sɛdeɛ wɔayɛ dada no. Nanso, saa ɛberɛ yi deɛ, wɔbɔɔ nsra twaa kuropɔn no ho mprɛnson. 16Ne mprɛnson so no, ɛberɛ a asɔfoɔ no hyɛnee wɔn mmɛn dendeenden ma ɛkyɛreeɛ no, Yosua hyɛɛ ɔmanfoɔ no sɛ, “Monteateam! Na Awurade de kuropɔn no ama mo! 17Kuropɔn no ne emu nneɛma no, ɛsɛ sɛ mosɛe ne nyinaa sɛ afɔrebɔdeɛ ma Awurade. Odwamanfoɔ Rahab ne nʼafifoɔ nko na ɛsɛ sɛ wɔgyaa wɔn, ɛfiri sɛ, ɔbɔɔ akwansrafoɔ no ho ban. 18Mommfa nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔsɛe no no mu biara, sɛ mofa a, mo ankasa na wɔbɛsɛe mo korakora na mode ɔhaw bɛbrɛ Israel nyinaa. 19Biribiara a wɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere mfrafraeɛ anaa dadeɛ ayɛ no yɛ kronkron ma Awurade, enti ɛsɛ sɛ wɔde ba nʼadekoradan mu.”

20Ɛberɛ a nnipa no tee mmɛn no nnyegyeeɛ no, wɔteateaam dendeenden sɛdeɛ wɔbɛtumi. Prɛko pɛ Yeriko afasuo no dwiri guu fam maa Israelfoɔ no firi afanan nyinaa to hyɛɛ kuropɔn no so na wɔfaeɛ. 21Wɔsɛee biribiara a ɛwɔ kuropɔn no mu pasaa, mmarima ne mmaa, mmɔfra ne mpanin, anantwie, nnwan, mfunumu ne biribiara.

22Afei, Yosua ka kyerɛɛ akwansrafoɔ baanu no sɛ, “Monni mo bɔhyɛ no so. Monkɔ odwamanfoɔ no fie na monkɔfa no ne nʼabusuafoɔ nyinaa mmra.” 23Mmeranteɛ no kɔfaa Rahab, nʼagya, ne maame, ne nuammarima ne abusuafoɔ a na wɔwɔ ne nkyɛn no nyinaa baeɛ. Wɔde abusuafoɔ no nyinaa kɔsiee baabi a ɔhaw biara nni hɔ na ɛbɛn Israelfoɔ atenaeɛ.

24Afei, Israelfoɔ no hyee kuropɔn no ne emu nneɛma nyinaa. Nneɛma a wɔanhye no yɛ deɛ wɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere mfrafraeɛ anaa dadeɛ ayɛ. Wɔde ne nyinaa kɔsiee Awurade fie adekoradan mu. 25Enti, Yosua amfa ne nsa anka odwamanfoɔ Rahab ne nʼabusuafoɔ a na wɔka ne ho wɔ efie no, ɛfiri sɛ, ɔde akwansrafoɔ a Yosua somaa wɔn Yeriko no sieeɛ. Enti, ɔte Israelfoɔ mu bɛsi ɛnnɛ.

26Saa ɛberɛ no, Yosua kaa saa nnome nsɛm yi: “Awurade nnome mmra obiara a ɔyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛkyekyere Yeriko kuropɔn no bio.

“Ɔde nʼabakan na ɛbɛhyɛ aseɛ,

na ɔde nʼakumaa na ɛbɛsisi ano apono.”

27Na Awurade kaa Yosua ho na ne din hyetaa asase no so nyinaa.