箴言 19 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

箴言 19:1-29

1行为正直的穷人,

胜过诡诈的愚人。

2热诚却无知不足取,

行动急躁难免有错。

3人因愚昧而自毁前程,

他的心却抱怨耶和华。

4财富招来许多朋友,

穷人却遭朋友抛弃。

5作伪证者难免受罚,

撒谎的人罪责难逃。

6大家都讨好慷慨的人,

人人都结交好施赠的。

7穷人被亲人厌弃,

朋友都远远躲避。

他苦苦哀求,也无人理会。

8得到智慧的珍惜生命,

持守悟性的享受福乐。

9作伪证者难免受罚,

撒谎的人自取灭亡。

10愚人奢华宴乐不相宜,

奴隶管辖王子更离谱。

11智者不轻易发怒,

饶恕是他的荣耀。

12君王的震怒像雄狮怒吼,

君王的恩泽如草上甘露。

13愚昧之子是父亲的灾殃,

争闹之妻如雨滴漏不止。

14房屋钱财是祖先的遗产,

贤慧之妻乃耶和华所赐。

15懒惰使人沉睡,

懈怠使人挨饿。

16遵守诫命的保全性命,

藐视诫命的自寻死路。

17善待穷人等于借贷给耶和华,

耶和华必回报他的善行。

18管教孩子宜早不宜晚,

不可任由他走向灭亡。

19脾气暴躁的人必吃苦头。

你若救他,一次肯定不够。

20你要受教听劝,

以便得到智慧。

21人心中有许多计划,

唯耶和华的旨意成就。

22人心爱慕忠诚,

受穷胜过撒谎。

23敬畏耶和华使人得享生命,

安然满足,免遭祸患。

24懒惰人手放在餐盘,

却懒得送食物进嘴。

25责打嘲讽者,愚人学会谨慎;

责备明哲人,他会增长见识。

26苛待父亲的人可鄙,

逼走母亲的人可耻。

27孩子啊,你若不听教诲,

就会偏离知识。

28作伪证者嘲讽公义,

恶人的口吞吃罪恶。

29刑罚对付嘲讽者,

鞭子责打愚人背。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mmebusɛm 19:1-29

1Ohiani a ne nantew ho nni asɛm no

ye sen ɔkwasea a nʼasɛm mfa kwan mu.

2Mmɔdemmɔ a nimdeɛ nka ho no nye,

saa ara na ntɛmpɛ a ɛma obi yera kwan nso nye.

3Onipa agyimisɛm sɛe nʼabrabɔ,

nanso ne koma huru tia Awurade.

4Ahonya frɛfrɛ nnamfonom bebree;

nanso ohiani adamfo gyaw no hɔ.

5Adansekurumni benya nʼakatua,

na nea otwa nkontompo remfa ne ho nni.

6Nnipa pii pɛ adom fi sodifo nkyɛn,

na nea ɔkyɛ ade yɛ obiara adamfo.

7Ohiani abusuafo nyinaa po no,

na saa ara na ne nnamfonom po no!

Mpo ɔhwehwɛ wɔn, pɛ sɛ ɔpa wɔn kyɛw,

nanso onhu wɔn baabiara.

8Nea onya nyansa no dɔ ne kra;

nea ɔpɛ nhumu no nya nkɔso.

9Adansekurumni benya asotwe,

na nea otwa nkontompo no bɛyera.

10Ɛmfata sɛ ɔkwasea bedi taamu,

anaasɛ akoa bedi mmapɔmma so!

11Onipa nyansa ma no ntoboase;

ɛyɛ anuonyam ma obi sɛ obebu nʼani gu mfomso bi so.

12Ɔhene abufuw te sɛ gyata mmubomu,

na nʼadom te sɛ sare so bosu.

13Ɔba kwasea yɛ nʼagya ɔsɛe,

ɔyere tɔkwapɛfo te sɛ ɔdan a ne nwini to ntwa da.

14Afi ne ahonyade yɛ agyapade a efi awofo,

na ɔyere nimdefo fi Awurade.

15Akwadworɔ de nnahɔɔ ba,

na ɔkɔm de ɔkwadwofo.

16Nea odi nkyerɛkyerɛ so no bɔ ne nkwa ho ban,

na nea ogyaagyaa ne ho no bewu.

17Nea ɔyɛ adɔe ma ohiani no yɛ de fɛm Awurade,

na obetua no nea ɔyɛ no so ka.

18Teɛ wo ba, na ɛno mu na anidaso wɔ,

na nyɛ wɔn a wɔde no kɔ owu mu no mu baako.

19Ɛsɛ sɛ onipa a ne koma haw no no nya so asotwe;

sɛ woka ma no a, wobɛyɛ bio.

20Tie afotu na gye nkyerɛkyerɛ to mu,

na awiei no, wubehu nyansa.

21Nhyehyɛe bebree wɔ onipa koma mu,

nanso nea Awurade pɛ no na ɛba mu.

22Nea onipa pɛ ne nokware dɔ;

eye sɛ wobɛyɛ ohiani sen sɛ wobɛyɛ ɔtorofo.

23Awurade suro kɔ nkwa mu;

na onipa de abotɔyam home a ɔhaw bi nni mu.

24Ɔkwadwofo de ne nsa si aduan mu,

na ɛyɛ no anihaw sɛ obeyi akɔ nʼano.

25Twa ɔfɛwdifo mmaa, na atetekwaa bɛfa adwene;

ka nea ɔwɔ nhumu anim, na obenya nimdeɛ.

26Nea ɔbɔ nʼagya korɔn na ɔpam ne na no

yɛ ɔba a ɔde aniwu ne animguase ba.

27Me ba, sɛ wugyae nkyerɛkyerɛ tie a,

wobɛman afi nimdeɛ nsɛm ho.

28Adansekurumni di atɛntrenee ho fɛw;

na omumɔyɛfo ano mene bɔne.

29Wɔasiesie asotwe ama fɛwdifo,

ne mmaabɔ ama nkwaseafo akyi.