玛拉基书 3 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

玛拉基书 3:1-18

1万军之耶和华说:“我要差遣我的使者为我开路。你们所寻求的主必突然来到祂的殿中。你们所期盼的那位立约的使者快要来了!” 2然而,祂来临的日子,谁能承受得了呢?祂出现的时候,谁能站立得住呢?因为祂像炼金之火,又像漂白衣裳的碱。 3祂要坐下来,像炼净银子的人那样洁净利未的子孙,像熬炼金银一样熬炼他们,使他们凭公义向耶和华献祭。 4这样,犹大耶路撒冷所献的祭物就会蒙耶和华悦纳,如同以往的日子、从前的岁月。

5万军之耶和华说:“我要来到你们当中施行审判,速速作证指控那些行邪术的、通奸的、起假誓的、克扣工人薪水的、欺压寡妇孤儿的、冤枉异乡人的,以及不敬畏我的。

十分之一奉献

6“我耶和华永恒不变,所以你们这些雅各的子孙才没有灭绝。” 7万军之耶和华说:“从你们祖先开始,你们就常常偏离我的律例,不肯遵从。现在你们要转向我,我就转向你们。可是你们竟然说,‘我们怎么转向你呢?’ 8人怎可抢夺上帝的东西呢?可是你们不但抢夺我的东西,还说,‘我们在何事上抢过你的东西呢?’

“你们在十分之一的奉献和其他供物上抢夺我的东西。 9举国上下都是如此,所以你们必受咒诅。” 10万军之耶和华说:“你们要把当纳的十分之一全部送到我的仓库,使我的殿中有粮。你们这样试试,看我会不会为你们打开天上的窗户,把祝福倾倒给你们,直到无处可容。” 11万军之耶和华说:“我必为你们驱除害虫,不许它们毁坏你们地里的出产,你们田间的葡萄必不会未熟先落。” 12万军之耶和华说:“万国必称你们为有福的,因为这地方必成为一片乐土。”

13耶和华说:“你们出言毁谤我,还问,‘我们怎么毁谤你了?’ 14你们说,‘事奉上帝是虚空的。遵从上帝的吩咐,在万军之耶和华面前痛悔有什么益处? 15如今我们称狂傲的人有福,因为作恶的人凡事顺利,他们虽然试探上帝,却仍能逃过灾祸。’”

16那时,敬畏耶和华的彼此交谈,耶和华必留心倾听,祂面前的纪念册上记录着敬畏祂和尊崇祂名的人。 17万军之耶和华说:“到我所定的日子,他们必成为我宝贵的产业,我要怜悯他们,如同父亲怜悯他的孝顺儿子。 18那时,你们将再度看出义人与恶人之间的区别,事奉上帝者和不事奉上帝者之间的不同。

Asante Twi Contemporary Bible

Malaki 3:1-18

1Hwɛ! Mɛsoma me ɔbɔfoɔ a ɔbɛsiesie ɛkwan ama me. Na afei, mpofirim, Awurade a morehwehwɛ no no bɛba nʼasɔredan mu. Na apam no ho ɔbɔfoɔ a mopɛ no no bɛba, sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

2Na hwan na ɔbɛtumi agyina ne da a ɔbɛba no ano? Sɛ opue a, hwan na ɔbɛtumi agyina? Ɔbɛyɛ sɛ ogya dɛreɛ a wɔde nane dadeɛ anaa ntoma sifoɔ samina. 3Ɔbɛtena ase sɛ obi a ɔhoa dwetɛ ho. Ɔbɛte Lewifoɔ no ho na wɔayɛ sɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ. Afei Awurade bɛnya mmarimma a wɔde ayɛyɛdeɛ bɛba wɔ kronkronyɛ mu, 4na afɔrebɔdeɛ a ɛfiri Yuda ne Yerusalem bɛyɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ mfeɛ a atwam no.

5“Enti mɛtwe abɛn mo, abɛbu atɛn. Mɛyɛ ntɛm adi adanseɛ atia ntafowayifoɔ, awaresɛefoɔ ne atorofoɔ, wɔn a wɔsisi adwumayɛfoɔ wɔ wɔn akatua ho, wɔn a wɔhyɛ akunafoɔ ne nwisiaa so na wɔbu ntɛnkyea tia ahɔhoɔ na wɔnnsuro me,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

Wɔbɔ Onyankopɔn Korɔno

6“Meyɛ Awurade a mennsakyera. Ɛno enti na mo Yakob asefoɔ, wɔnsɛee mo no. 7Ɛfiri mo nananom ɛberɛ so, moatwe mo ho afiri me mmara ho. Moanni so. Monsane mmra me nkyɛn, na me nso mɛba mo nkyɛn,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

“Nanso mobisa sɛ, ‘Ɛkwan bɛn so na yɛmfa nsane mmra?’

8“Onipa bɛtumi abɔ Onyankopɔn korɔno anaa? Nanso, mobɔ me korɔno! Na mobɛbisa sɛ, ‘ɛkwan bɛn so na yɛfa bɔɔ wo korɔno?’

“Wɔ ntotosoɔ dudu ne afɔrebɔdeɛ mu. 9Nnome aba mo so, ɔman mu no nyinaa, ɛfiri sɛ, morebɔ me korɔno. 10Momfa ntotosoɔ dudu no nyinaa mmra adekoradan3.10 Adekoradan: Adekoradan a ɛwɔ kronkron mu kronkron (1 Ah 7.51; 2 Be 31.11-12; Neh 13.12). Ɔsoro mpomma—Ɛkyerɛ asetena mu nhyira bebree. (2 Ah 7.2,19; Nnw 78.23-24). Mɛhwie…nhyira—Nhyira apam a mahyɛ ho bɔ no (5 Mose 28.12; Yes 44.3). no mu, na aduane mmra me fie. Monsɔ me nhwɛ saa ɛkwan yi so, na monhwɛ sɛ meremmue ɔsoro mpomma na merenhwie nhyira bebree ngu mo so a morennya baabi nkora ne nyinaa mpo.” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. 11“Meremma mmoa mmɛsɛe mo mfudeɛ na borɔdɔma aba rente ngu wɔ ɛberɛ a ɛmmereɛ,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. 12“Na aman no nyinaa bɛka sɛ wɔahyira mo, ɛfiri sɛ, mo asase so bɛyɛ anika,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

13“Moaka nsɛm a ɛmfata atia me, nanso mobisa sɛ, ‘Asɛm bɛn na yɛaka atia wo?’ Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

14“Moaka sɛ, ‘Onyankopɔn som yɛ ɔbrɛguo, na yɛdii nʼahyɛdeɛ so na yɛkɔɔ Asafo Awurade anim te sɛ wɔn a wɔredi awerɛhoɔ no, mfasoɔ bɛn na yɛnyaeɛ? 15Afei, wɔfrɛ ɔhantanni no deɛ wɔahyira no. Nokorɛm, nnebɔneyɛfoɔ di yie, na mpo wɔn a wɔne Onyankopɔn di asie no, wɔfa wɔn ho di.’ ”

16Ɛnna wɔn a wɔsuro Awurade no ne wɔn ho wɔn ho kasaeɛ, na Awurade tieeɛ na ɔgyee wɔn so. Wɔn a wɔsuro Awurade na wɔdi ne din ni no, wɔtwerɛɛ wɔn din wɔ nwoma mmobɔeɛ so wɔ nʼanim de yɛɛ nkaeɛ adeɛ.

17“Wɔbɛyɛ me dea,” sɛdeɛ, Asafo Awurade seɛ nie. Ɛda a mɛkeka me ho no, wɔbɛyɛ mʼahodeɛ a ɛsom bo. Mede wɔn ho bɛkyɛ wɔn, sɛdeɛ agya nya ayamhyehyeɛ de ɔba a ɔyɛ ɔsetie ho kyɛ no no. 18Na mobɛhunu nsonsonoeɛ a ɛda ateneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ ntam, ne wɔn a wɔsom Onyankopɔn ne wɔn a wɔnnsom Onyankopɔn no ntam.