民数记 35 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

民数记 35:1-34

利未人分到的城邑

1耶利哥对面、约旦河边的摩押平原,耶和华对摩西说: 2“你告诉以色列人,要从分得的产业中把一些城邑及其周围的草场分给利未人。 3城邑供他们居住,草场供他们牧放牛羊等牲畜。 4划分给利未人的草场是从城墙往外延伸四百五十米35:4 四百五十米”七十士译本为“九百一十米”。5要以城为中心,东南西北四郊每边向外量九百米作利未人的草场。 6要分给利未人四十二座城邑,另外再加六座供误杀人者躲避的避难城, 7共四十八座城邑,包括城周围的草场。 8以色列各支派要从自己承受的产业中分一些城邑给利未人,人多的支派多给,人少的支派少给。”

避难城

9耶和华对摩西说: 10“告诉以色列人,‘你们过了约旦河进入迦南以后, 11要选一些城邑作为避难城,供误杀人者逃去避难, 12躲避复仇的人,以免误杀人者未在会众面前受审便被杀死。 13你们要选六座城作为避难城, 14三座在约旦河东岸,三座在迦南15凡误杀人的,无论是以色列人还是寄居的外族人,都可以逃到这些城避难。

16“‘倘若有人用铁器打人致死,他就是故意杀人,必须被处死。 17倘若有人用足以致命的石头打人致死,他就是故意杀人,必须被处死。 18倘若有人用足以致命的木器打人致死,他就是故意杀人,必须被处死。 19报仇的人要亲自处死故意杀人者,一找到他就要处死他。 20倘若有人因怨恨把人推倒致死,或故意扔东西砸人致死, 21或因仇恨徒手伤人致死,他就是故意杀人,必须被处死,报仇的人一找到他就要处死他。

22“‘倘若有人并非怀恨而是偶然推倒人致死,或无意间扔东西砸人致死, 23或因没有看见而扔石头砸人致死,鉴于他与对方并非仇人,只是误杀, 24会众就要照这些律例在误杀人者与复仇者之间做出判决。 25会众要把误杀人者从复仇者手里救出来,让他回到他原先逃往的避难城。他要住在那里,一直住到受圣油膏立的大祭司逝世。 26但倘若误杀人者离开避难城, 27复仇者在城外找到他,将他杀死也不用担血债。 28因为误杀人者必须留在避难城内,等到大祭司逝世之后,才可返回家园。 29这是你们世世代代无论住在哪里都要遵守的律例。

30“‘倘若有人被控谋杀,必须有几个人作证才可以处死他,不可凭一个人的证词处死他。 31犯了死罪的杀人凶手必须偿命,不可让他付赎金免死。 32不可收逃进避难城之人的赎金,让他在大祭司逝世前返回家园。 33这样,你们就不致玷污你们所居住的土地,因为血会玷污土地。除非用凶手的血作抵偿,否则被血玷污的土地无法得到洁净。 34不可玷污你们所居住的土地,因为这是我居住的地方,我耶和华住在以色列人中间。’”

Asante Twi Contemporary Bible

4 Mose 35:1-34

Lewifoɔ Nkuro

1Ɛberɛ a Israelfoɔ bɔɔ atenaseɛ wɔ Yordan ho, Moab tata so a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2“Ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔmfa wɔn agyapadeɛ no mu bi a ɛyɛ nkuro ne ɛho mmoa adidibea mma Lewifoɔ. 3Nkuro no mu na wɔbɛtena na wɔn anantwie, wɔn nnwan ne wɔn mmoa a aka no nso akɔ adidi wɔ adidibea hɔ.

4“Wɔn mmoa adidibea no kɛseɛ bɛfiri kuro no afasuo ho a ne fa biara tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn apem ne ahanum. 5Monsusu anammɔn mpensa mfiri kuro no afasuo no ho wɔ nʼafanan nyinaa. Yei bɛyɛ adidibea kɛseɛ ama nkuro no.

Dwanekɔbea Nkuropɔn

6“Momma Lewifoɔ no dwanekɔbea nkuropɔn nsia, baabi a obi a wafom akum ɔfoforɔ no bɛtumi adwane akɔ. Momfa nkuro aduanan mmienu nka wɔn ho. 7Ne nyinaa bɛyɛ nkuro aduanan nwɔtwe ne ho adidibea. 8Saa nkuro yi bɛfiri Israelfoɔ no agyapadeɛ mu. Mmusuakuo no mu akɛseɛ bɛma Lewifoɔ no nkuro bebree na mmusuakuo nketewa no ama kakraa. Abusuakuo biara bɛma sɛdeɛ nʼagyapadeɛ kɛseɛ teɛ.”

9Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 10“Ka kyerɛ nnipa no sɛ, sɛ wɔduru asase no so a, 11wɔnyi Dwanekɔbea Nkuro a wɔde bɛma obiara a wafom akum onipa na ɔpɛ sɛ ɔdwane kɔ hɔ. 12Saa nkuro yi bɛyɛ dwanekɔbea ama owudifoɔ no afiri owufoɔ no abusuafoɔ a wɔpɛ sɛ wɔtɔ owufoɔ no wuo so awere; na ɛnsɛ sɛ wɔkum owudifoɔ no, gye sɛ wɔadi nʼasɛm abu no kumfɔ. 13Ɛsɛ sɛ wɔsisi Dwanekɔbea Nkuro yi mu mmiɛnsa wɔ Kanaan asase so 14na wɔsisi mmiɛnsa nso wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam. 15Ɛnyɛ Israelfoɔ nko na ɛhɔ bɛyɛ wɔn dwanekɔbea, na mmom, ɛbɛyɛ dwanekɔbea ama ahɔhoɔ ne akwantufoɔ nyinaa.

16“Nanso, sɛ obi de dadeɛ poma sin bi bɔ obi kum no a, wɔfa no sɛ wadi awu, enti ɛsɛ sɛ wɔkum owudifoɔ no. 17Anaasɛ, sɛ wɔde ɛboɔ kɛseɛ bi bɔɔ owufoɔ no a, ɛyɛ awudie enti ɛsɛ sɛ wɔkum owudifoɔ no. 18Saa ara nso na sɛ wɔde dua na wɔde kumm no a, ɛte ara ne no. 19Sɛ ɔweretɔfoɔ no hyia owudifoɔ no baabiara a, ɔwɔ ho kwan sɛ ɔkum no bi. 20Enti, sɛ obi nam ɔtan so to biribi bɔ obi, anaasɛ ɔtetɛ no, 21anaa ɔde abufuo bɔ no kuturuku na onii no wu a, ɔyɛ owudifoɔ enti ɛsɛ sɛ ɔweretɔfoɔ no kum owudifoɔ no.

22“Na sɛ nkwanhyia no mu, sɛ obi anhyɛ da na ɔtoo biribi anaa ɛboɔ bi a wanto no abufuo so, na ɔnnim sɛ ɛbɛbɔ obi 23anaasɛ ɛnyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛha ne ɔtamfoɔ, na sɛ onipa ko no wu a, 24ɛsɛ sɛ wɔdi asɛm no. Wɔbɛhwɛ sɛ ɛyɛ nkwanhyia anaa ɛnyɛ nkwanhyia, anaasɛ ɛsɛ sɛ wɔde saa onipa no hyɛ owufoɔ no weretɔni nsa anaa wɔmmfa no nhyɛ ne sa. 25Sɛ wɔsi gyinaeɛ sɛ ɛyɛ nkwanhyia a, nnipa no bɛgye owudifoɔ no afiri ɔweretɔfoɔ no nsam. Wɔbɛma owudifoɔ no atena Dwanekɔbea Kuro no mu hɔ ara akɔsi sɛ ɔsɔfopanin bɛwu.

26“Sɛ owudifoɔ no firi kuro no mu 27na ɔweretɔni no hyia no na ɔkum no tua ka a, wɔmmfa no sɛ ɛyɛ awudie, 28ɛfiri sɛ, anka ɛsɛ sɛ owudifoɔ no tena kuro no mu kɔsi mmerɛ a ɔsɔfopanin no bɛwu. Ɔsɔfopanin no wuo akyi no, owudifoɔ no tumi kɔ ne kurom.

29“Yei yɛ Israelfoɔ mmara a ɛwɔ hɔ daa firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.

30“Ɛsɛ sɛ wɔkum awudifoɔ nyinaa. Nanso gye sɛ adansefoɔ boro onipa baako di tia no ansa na ɛsɛ sɛ wɔkum no. Sɛ onipa baako di adanseɛ tia no nso a, ɛnsɛ sɛ wɔkum no.

31“Ɛberɛ biara a wɔbɛbua obi kumfɔ no, ɛsɛ sɛ ɔwuo a wɔnnye mpata biara.

32“Odwanefoɔ bi a ɔhyɛ Dwanekɔbea Kuropɔn no mu no nso nni ho ɛkwan sɛ ɔtua sika ma wɔma no ɛkwan kɔ ne kurom ansa na ɔsɔfopanin no awu.

33“Yei na ɛbɛma awerɛhyɛmu sɛ asase a mote so no ho rengu fi, ɛfiri sɛ, awudie gu asase ho fi. Wɔrentumi nyɛ mpatadeɛ foforɔ biara mma awudie gye sɛ wɔkum owudifoɔ no. 34Monngu asase a morekɔtena so no ho fi, ɛfiri sɛ, Me, Awurade mete hɔ bi. Mene Awurade a mete Israelfoɔ mu no.”