歌罗西书 1 – CCB & AKCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

歌罗西书 1:1-29

1我是奉上帝旨意做基督耶稣使徒的保罗2提摩太弟兄写信给歌罗西的圣徒,就是忠于基督的弟兄姊妹。

愿我们的父上帝赐给你们恩典和平安!

感恩与祷告

3-4我们听说了你们对基督耶稣的信心和对众圣徒的爱心,为你们祷告的时候,常常感谢我们主耶稣基督的父上帝。 5你们能有这样的信心和爱心是因为那给你们存在天上的盼望,就是你们从前从福音真道中听到的盼望。 6这福音不但传到了你们那里,也传到了世界各地,并且开花结果,信主的人数不断增长,正如你们当初听了福音,因为明白真理而认识上帝的恩典后的情形。 7这福音是你们从我们亲爱的同工以巴弗那里得知的。他代表我们1:7 我们”有古卷作“你们”。做基督的忠仆, 8并把圣灵赐给你们的爱心告诉了我们。

9因此,从听到你们的消息那天起,我们便不断地为你们祷告,求上帝使你们在一切属灵的智慧和悟性上完全明白祂的旨意, 10以便你们行事为人对得起主,凡事蒙祂喜悦,在一切良善的事上结出果实,对上帝的认识不断增加。 11愿上帝以祂荣耀的权能使你们刚强,无论遇到什么事都能长久忍耐, 12欢喜地感谢天父,因祂使你们有资格跟众圣徒在光明中同享基业。 13祂把我们从黑暗的权势下拯救出来,带进祂爱子的国度里。 14我们借着祂的爱子蒙救赎,罪过得到赦免。

基督超越一切

15基督是那不能看见之上帝的真像,超越1:15 超越”或译“先存于”,希腊文是“长子”,常用来指地位上的优越或时间上的优先。一切受造之物。 16因为万物都是借着祂创造的,天上的、地上的、有形的、无形的、做王的、统治的、执政的、掌权的,一切都是借着祂也是为了祂而创造的。 17祂存在于万物之前,万物都靠祂而维系。 18祂是教会的头,教会是祂的身体;祂是源头,是首先从死里复活的,这样祂可以在一切事上居首位。 19因为上帝乐意让一切的丰盛住在祂里面, 20又借着祂在十字架上所流的血成就了和平,使天地万物借着祂与上帝和好。

21你们从前与上帝隔绝,行事邪恶,心思意念与祂为敌; 22但现在上帝借着基督肉身的死使你们与祂和好了,让你们在祂面前成为圣洁无瑕、无可指责的人。 23只是你们必须恒心持守所信的道,根基稳固,坚定不移,不要失去你们听到福音后所得到的盼望。这福音传给了天下万民。我保罗也做了这福音的使者。

保罗为教会受苦

24现在我因能够为你们受苦而欢喜,并且我是为基督的身体——教会的缘故,在自己身上补满基督未受的苦难。 25我受上帝的委派成为教会的仆人,要把上帝的道完整地传给你们。 26这道是历世历代一直隐藏的奥秘,现在已经向祂的众圣徒显明了。 27上帝要他们知道这奥秘在外族人中有何等丰富的荣耀,这奥秘就是基督在你们里面,使你们有荣耀的盼望。 28我们传扬基督,用各样的智慧劝诫、教导众人,使他们在基督里长大成熟,好把他们带到上帝面前。 29为此,我按着祂在我身上运行的大能尽心竭力,不辞劳苦。

Akuapem Twi Contemporary Bible

Kolosefo 1:1-29

Nkyia

1Saa krataa yi fi Paulo a ɛnam Onyankopɔn pɛ so nti, ɔyɛ Kristo somafo no ne yɛn nua Timoteo nkyɛn,

2De rekɔma ahotefo a wɔwɔ Kolose a wɔyɛ Kristo mu agyidifo no:

Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn nka mo.

Aseda Ne Mpaebɔ

3Bere biara a yɛbɔ mpae ma mo no, yɛda Onyankopɔn a ɔyɛ Awurade Yesu Kristo Agya no ase. 4Efisɛ yɛate mo gyidi a mowɔ wɔ Kristo Yesu mu, ne dɔ a modɔ ahotefo no. 5Da a edi kan a motee Asɛmpa no munyaa mu anidaso a ɛwɔ hɔ ma mo no. Enti mo gyidi ne mo dɔ a mowɔ no gyina mo anidaso a mowɔ a wɔakora no wɔ ɔsoro ama mo no so. 6Efi da a edi kan a motee Onyankopɔn adom na muhuu sɛnea ɛte no, Asɛmpa no de nhyira abrɛ wiase mmaa nyinaa, na trɛw ara na ɛretrɛw sɛnea muhu no wɔ mo mu no. 7Ɛnam Epafra a ɔyɛ yɛn nua somfo a ɔde gyidi yɛ Kristo adwuma ma yɛn no so na muhuu eyi. 8Ɔkaa ɔdɔ a Honhom no de ama mo no kyerɛɛ yɛn.

9Esiane saa nti, efi bere a yɛtee mo nka no, yɛbɔ mpae ma mo daa. Yɛsrɛɛ Onyankopɔn sɛ omfi ne pɛ mu mma mo nyansa ne ntease a ne Honhom de ma no. 10Ɛba saa a na mubetumi atena ase sɛnea Awurade hwehwɛ na bere biara nso, mobɛyɛ nea ɛsɔ nʼani. Dwuma biara a mubedi no, ɛbɛsow aba pa na mubenyin wɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ mu. 11Yɛrebɔ mpae nso sɛ ne tumi ne nʼahoɔden bɛhyɛ mo ma na moatumi de Awurade mu ahosɛpɛw ne boasetɔ agyina biribiara ano. 12Momfa ahosɛpɛw nna Agya no a ɛnam ne so nti moanya nea wakora so ama nʼahotewfo a wɔwɔ ne hann no mu no bi no ase. 13Ogyee yɛn fii sum tumi ase de yɛn baa ne Dɔba no Ahenni mu dwoodwoo. 14Ne mu na yenya ogye. Ne mu nso na yenya bɔnefakyɛ.

15Kristo yɛ Onyankopɔn a wonhu no no sɛso. Ɔno ne abɔde nyinaa farebae. 16Efisɛ ɛnam ne so na Onyankopɔn bɔɔ biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so, nea wohu ne nea wonhu, honhom mu atumfo, awuranom ne ahemfo. Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ wiase nyinaa na ɔbɔ maa no nso. 17Na ɔwɔ hɔ ansa na wɔrebɔ biribiara, na ne mu na biribiara nya nʼafa pɛpɛɛpɛ. 18Asafo no yɛ ne nipadua, na ɔno na ɔyɛ asafo no ti. Ɔno na nipadua no nkwa fi. Ɔno ne Abakan a wonyan no fii awufo mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔno nko ara bedi ade nyinaa mu kan. 19Efisɛ Onyankopɔn no ani gye sɛ Ɔba no wɔ ne su nyinaa wɔ ne mu. 20Ɛnam ne Ba no so na Onyankopɔn fi ne pɛ mu de wiase nyinaa san bɛhyɛɛ ɔno ankasa ase. Onyankopɔn nam ne Ba no wu a owui wɔ asennua so no de asomdwoe bae, enti ɔde nneɛma a ɛwɔ asase so ne ɔsoro nyinaa ahyɛ nʼase.

21Bere bi a atwam no, esiane sɛ na moyɛ bɔne na modwene bɔne ho nti, na mo ne Onyankopɔn ntam kwan ware a na moyɛ nʼatamfo nso. 22Nanso ɛnam ne Ba no wu so nti Onyankopɔn afa mo nnamfo, sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛyɛ kronkron a bɔne biara nni mo ho wɔ nʼanim. 23Ɛsɛ sɛ mokɔ so ma mo gyidi mu yɛ den. Mommma ho kwan mma mo anidaso a munyaa no da a edi kan a motee Asɛmpa no nhinhim. Saa Asɛmpa a wɔka kyerɛ nnipa nyinaa yi nti na me, Paulo, mebɛyɛɛ ɔsomfo no.

Paulo Brɛ Asafo No Ho

24Ɛyɛ me anigye sɛ merebrɛ mo ho. Menam me honam mu amane a merehu no so retoa Kristo amane a ohuu wɔ ne honam mu maa nʼasafo no so. 25Onyankopɔn a mo yiyedi nti ɔde saa dwuma yi hyɛɛ me nsa no ayɛ me asafo no somfo. Dwumadi no yɛ nʼasɛm no ka, 26a ɛyɛ ahintasɛm a mfe bebree a atwam no, ɔde hintaw adesamma, nanso afei de, wada no adi akyerɛ nʼahotewfo. 27Onyankopɔn nhyehyɛe ne sɛ, ɔbɛda nʼahintasɛm a nnepa ne anuonyam wɔ mu no adi akyerɛ Amanamanmufo nso. Ahintasɛm no ne sɛ: Kristo te mo mu, a ne nkyerɛase ne sɛ, yɛwɔ anidaso sɛ yɛn nsa bɛka Onyankopɔn anuonyam no bi.

28Ɛno nti yɛka Kristo ho asɛm kyerɛ nnipa nyinaa. Yɛnam adwene pa so bɔ obiara kɔkɔ, kyerɛkyerɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara a yɛde no bɛhyɛ Onyankopɔn nsa no bɛyɛ pɛ wɔ Kristo mu. 29Ɛno nti na menam Kristo tumi sononko a ɔde ma me no so yɛ adwumaden.