撒母耳记上 24 – CCB & ASCB

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

撒母耳记上 24:1-22

大卫不杀扫罗

1扫罗追击非利士人回来,得知大卫隐·基底的旷野, 2就率领三千以色列精兵去野羊岩附近搜索大卫和他的部下。 3他们来到路旁的一处羊圈,那里有一个山洞,扫罗进去大解。大卫和他的部下就躲在洞的深处。 4大卫的部下对大卫说:“耶和华说过要把你的仇敌交在你手中,任你处置,今天机会来了。”大卫就爬过去,偷偷割了扫罗外袍的一角。 5事后,大卫心里不安, 6他对部下说:“我不该做这样的事,我主是耶和华所膏立的王,我绝不出手伤害他,因为他是耶和华所膏立的。” 7大卫用这些话拦住他的部下,不让他们杀扫罗

扫罗起来离开山洞走了, 8大卫随后也来到洞外,在后面喊扫罗:“我主我王啊!”扫罗回头一看,见大卫俯伏在地,向他下拜。 9大卫扫罗说:“你为什么听信谗言,认为我要谋害你呢? 10你现在亲眼看见了,刚才在山洞里,耶和华把你交在我手中,有人叫我杀你,我却不肯,因为你是耶和华所膏立的王,我不会动手伤害你。 11我父请看,你的这块袍子在我手中。我割下了你的袍角,没有杀你,现在你应该明白我并未图谋背叛你。我没有对不起你,你却要置我于死地。 12愿耶和华在你我之间判定是非,替我申冤,我却不会动手伤害你。 13俗语说,‘恶事出于恶人’,所以我不会动手伤害你。 14以色列王出来要捉拿谁呢?一条死狗吗?一只跳蚤吗? 15愿耶和华做我们的审判官,在你我之间判定是非。愿耶和华鉴察,为我申冤,从你手中拯救我。”

16大卫说完了,扫罗问道:“我儿大卫啊!是你吗?”便放声大哭起来。 17扫罗大卫说:“你比我公义,因为你善待我,我却恶待你。 18你今天使我明白你善待了我,耶和华把我交在你手中,你却没有下手杀我。 19有谁会让自己手中的仇敌平安离去呢?愿耶和华因你今日善待我而赐福你。 20我知道你必做王,以色列国必在你手中得到坚固。 21现在请你凭耶和华向我起誓,你不会杀害我的子孙,灭绝我的后代。” 22大卫便向扫罗起誓。之后,扫罗回家了,大卫和部下也回堡垒去了。

Asante Twi Contemporary Bible

1 Samuel 24:1-22

Dawid Ampɛ Sɛ Ɔkum Saulo

1Saulo ne Filistifoɔ no ko wieeɛ no, wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Dawid hyɛ En-Gedi ɛserɛ so hɔ.” 2Ɛno enti, Saulo yii mmarima mpensa firii Israel mmaa nyinaa, de wɔn kɔɔeɛ sɛ wɔrekɔhwehwɛ Dawid ne ne mmarima wɔ beaeɛ bi a ɛbɛn Wiram Mmirekyie Abotan no.

3Ɔbɛduruu nnwammuo bi ho a ɛhɔ ara nso na ɔbodan bi wɔ no, Saulo wuraa mu sɛ, ɔrekɔgye nʼahome. Na Dawid ne ne mmarima no wɔ saa ɔbodan no mu akyirikyiri.

4Mmarima no kaa sɛ, “Ɛnnɛ ne ɛda a Awurade kaa sɛ, ‘Mede wo ɔtamfoɔ bɛhyɛ wo nsa, na woayɛ no deɛ wopɛ biara’ no”. Na Dawid weawea kɔɔ Saulo ho, kɔtwaa nʼatadeɛ ano.

5Na Dawid adwenem antene no sɛ watwa Saulo atadeɛ ano. 6Ɔka kyerɛɛ ne mmarima no sɛ, “Awurade nim sɛ ɛnsɛ sɛ meyɛ saa. Ɛyɛ musuo sɛ obi mɛtene me nsa wɔ obi a Awurade asra no ngo so; ɛfiri sɛ, Awurade ankasa na wapa no.” 7Ɔnam saa nsɛm yi so kaa ne mmarima no anim, na wamma ho kwan amma wɔankɔ Saulo so. Na Saulo firii ɔbodan no mu kɔɔ ne kwan no.

8Dawid pue baeɛ, teateaam dii nʼakyi sɛ, “Me wura ɔhene!” Saulo twaa nʼani no, Dawid bɔɔ ne mu ase. 9Afei, ɔteaam, bisaa Saulo sɛ, “Adɛn enti na wotie nkurɔfoɔ ano sɛ merepɛ wo aha wo? 10Ɛnnɛ dua yi, wʼankasa wʼani tua sɛ ɛnyɛ nokorɛ. Ɛfiri sɛ, Awurade de wo hyɛɛ me nsa wɔ ɔbodan no mu, na me mmarima no bi ka kyerɛɛ me sɛ, menkum wo, nanso mankum wo. Na mekaa sɛ, ‘Merenyɛ no bɔne biara da, ɛfiri sɛ, ɔyɛ obi a Awurade asra no.’ 11Mʼagya, hwɛ adeɛ a mekura yi. Ɛyɛ wʼatadeɛ sin bi. Metwaeɛ, nanso mankum wo. Yei da no adi pefee sɛ merenha wo, na menyɛɛ wo bɔne biara nso, na mmom, wo na woataataa me so repɛ me akum me. 12Awurade na ɔbɛhwɛ me ne wo ntam asɛm. Ebia, deɛ woayɛ enti, Awurade bɛtwe wʼaso wɔ deɛ wopɛ sɛ woyɛ me no ho, na me deɛ, merenha wo da. 13Ɛbɛ no se, ‘Abɔnefoɔ mu na bɔne firi ba.’ Enti, gye di sɛ, merenha wo.

14“Hwan na Israelhene repɛ no akye no yi? Ɛsɛ sɛ ɔsɛe ne berɛ taataa obi a ne ho nni mfasoɔ sɛ ɔkraman funu anaa edwie? 15Ma Awurade mmu atɛn nkyerɛ yɛn mu deɛ ɔdi bem, na ɔntwe ɛfɔdifoɔ no aso. Ɔno ne me kamafoɔ, na ɔbɛgye me afiri wo tumi ase.”

16Saulo buaa sɛ, “Me babarima Dawid, wo na worekasa yi?” Na ɔhyɛɛ aseɛ suiɛ. 17Ɔtoaa so sɛ, “Wotene sene me. Wode papa atua me bɔne so ka, nanso me deɛ mayɛ wo bɔne. 18Ampa ara woayɛ me papa a ɛboro so, ɛfiri sɛ Awurade de me hyɛɛ wo nsa a, anka wobɛtumi akum me nanso woanku me. 19Sɛ obi nsa ka ne ɔtamfoɔ a, ɔgyaa no ma no kɔ kwa? Awurade nhyira wo wɔ ɛkwan a wode me afa so ɛnnɛ yi ho. 20Afei mahunu sɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara, wɔbɛsi wo ɔhene, na Israel ahemman no bɛdi yie wɔ wo pɛn so. 21Afei, suae Awurade din mu kyerɛ me sɛ, sɛ wobɛdi adeɛ a, worentwa mʼasefoɔ anaa worempepa me din mfiri mʼagya fie.”

22Enti, Dawid suae kyerɛɛ Saulo. Na Saulo sane kɔɔ efie, na Dawid ne ne mmarima kɔɔ wɔn banbɔeɛ mu.